ዘዳግም 22 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

ዘዳግም 22:1-30

1የወንድምህ በሬ ወይም በግ ጠፍቶ ሲባዝን ብታየው፣ ወደ እርሱ መልሰህ አምጣለት እንጂ ዝም ብለህ አትለፈው፤ 2ወንድምህ በአቅራቢያህ ባይኖር፣ ወይም የማን መሆኑን የማታውቅ ከሆነ፣ ባለቤቱ ፈልጎት እስኪመጣ ድረስ፣ ወደ ቤትህ ወስደህ ከአንተ ዘንድ አቈየው፤ ከዚያም መልሰህ ስጠው። 3የወንድምህን አህያ ወይም ልብስ ወይም የጠፋበትን ማናቸውንም ነገር ስታገኝ እንደዚሁ አድርግ፤ በቸልታ አትለፈው።

4የወንድምህ አህያ ወይም በሬ መንገድ ላይ ወድቆ ብታየው፣ በእግሩ እንዲቆምለት ርዳው እንጂ ዐልፈኸው አትሂድ።

5ሴት የወንድ ልብስ አትልበስ፤ ወንድም የሴት ልብስ አይልበስ፤ እንዲህ የሚያደርገውን ሁሉ አምላክህ እግዚአብሔር (ኤሎሂም ያህዌ) ይጸየፈዋልና።

6በመንገድ ስታልፍ፣ አንዲት ወፍ ጫጩቶቿን ወይም ዕንቁላሎቿን የታቀፈችበትን ጐጆ በዛፍ ወይም በመሬት ላይ ብታገኝ፣ እናቲቱን ከነጫጩቶቿ አትውሰድ፤ 7ጫጩቶቿን መውሰድ ትችላለህ፤ እናቲቱን ግን መልካም እንዲሆንልህና ዕድሜህም እንዲረዝም ልቀቃት፤

8አዲስ ቤት በምትሠራበት ጊዜ፣ ከጣራው ላይ ሰው ወድቆ በቤትህ ላይ የደም በደል እንዳታመጣ፣ በጣራው ዙሪያ መከታ አብጅለት።

9በወይን ተክል ቦታህ ውስጥ ሁለት ዐይነት ዘር አትዝራ፤ ይህን ካደረግህ፣ የዘራኸው ሰብል ብቻ ሳይሆን፣ የወይን ፍሬህም ይጠፋል።

10በሬና አህያ በአንድ ላይ ጠምደህ አትረስ።

11ሱፍና በፍታ አንድ ላይ ተፈትሎ የተሠራ ልብስ አትልበስ።

12በምትለብሰው ልብስ ላይ በአራቱ ማእዘኖች ዘርፍ አድርግ።

ጋብቻን በንጽሕና ስለ መጠበቅ

13አንድ ወንድ ሚስት አግብቶ አብሯት ከተኛ በኋላ ቢጠላት፣ 14ስሟንም በማጥፋት፣ “ይህችን ሴት አገባኋት፤ ዳሩ ግን በደረስሁባት ጊዜ ድንግልናዋን አላገኘሁም” ቢል፣ 15የልጂቱ አባትና እናት ድንግልናዋን የሚያረጋግጥ ማስረጃ ይዘው በከተማዪቱ በር ወዳሉት አለቆች ይምጡ። 16የልጂቱም አባት ለአለቆቹ እንዲህ ይበል፤ “ልጄን ለዚህ ሰው ዳርሁለት፤ እርሱ ግን ጠላት፤ 17ስሟንም በማጥፋት፣ ‘ልጅህን ከነድንግልናዋ አላገኘኋትም’ ብሎኛል፤ ነገር ግን የልጄ ድንግልና ማረጋገጫ ይኸውላችሁ፤” ከዚያም ወላጆቿ የደሙን ሸማ በከተማዪቱ አለቆች ፊት ይዘርጉት። 18ከዚያም በኋላ አለቆቹ ሰውየውን ይዘው ይቅጡት፤ 19ይህ ሰው የአንዲት እስራኤላዊት ድንግል ስም አጥፍቷልና አንድ መቶ ሰቅል22፥19 ወደ አንድ ኪሎ ግራም ነው። ብር ያስከፍሉት፤ ገንዘቡንም ለልጂቱ አባት ይስጡት፤ ሴቲቱም ሚስቱ ሆና ትኖራለች፤ በሕይወት ዘመኑ ሁሉ ሊፈታት አይችልም።

20ሆኖም ክሱ እውነት ሆኖ ሴቲቱ ድንግል ለመሆኗ ምንም ማረጋገጫ ማቅረብ ካልተቻለ፣ 21ገና በአባቷ ቤት ሳለች በማመንዘር በእስራኤል ውስጥ ወራዳ ተግባር ፈጽማለችና ወደ አባቷ ቤት ደጃፍ ያምጧት፤ እዚያም የከተማዋ ሰዎች እስክትሞት ድረስ በድንጋይ ይውገሯት። ክፉውን ከመካከልህ ማስወገድ አለብህ።

22አንድ ሰው፣ ከሌላ ሰው ሚስት ጋር ተኝቶ ቢገኝ፣ አብሯት የተኛው ሰውና ሴቲቱ ሁለቱም ይገደሉ፤ ክፉውን ከእስራኤል ማስወገድ አለብህ።

23አንድ ሰው የታጨች ድንግል በከተማ ውስጥ አግኝቶ ከእርሷ ጋር ቢተኛ፣ 24ልጃገረዲቱ በከተማ ውስጥ እያለች አስጥሉኝ ብላ ስላልጮኸች፣ ሰውየውም የሌላን ሰው ሚስት አስገድዶ ስለ ደፈረ፣ ሁለቱንም ወደ ከተማ ደጃፍ ወስዳችሁ እስኪሞቱ ድረስ በድንጋይ ውገሯቸው። ክፉውን ከመካከልህ ማስወገድ አለብህ።

25ነገር ግን አንድ ሰው የታጨችውን ልጃገረድ ከከተማ ውጭ አግኝቶ በማስገደድ ቢደፍራት፣ ይህን ድርጊት የፈጸመው ሰው ብቻ ይገደል። 26በልጃገረዲቱ ላይ ግን ምንም አታድርጉባት፤ ለሞት የሚያበቃ ኀጢአት ምንም አልሠራችም፤ ይህ ዐይነቱ ጕዳይ፣ አደጋ ጥሎ ባልንጀራውን ከሚገድል ሰው አድራጎት ጋር የሚመሳሰል ነው። 27ምክንያቱም ሰውየው የታጨችውን ልጃገረድ ከከተማ ውጭ ስላገኛትና ብትጮኽም እንኳ ለርዳታ የደረሰላት ማንም ሰው ስላልነበር ነው።

28አንድ ሰው ያልታጨች ልጃገረድ አግኝቶ በማስገደድ ቢደርስባትና ቢጋለጡ፣ 29ሰውየው ለልጅቷ አባት አምሳ ሰቅል22፥29 ወደ 0.6 ኪሎ ግራም ነው። ብር ይክፈል፤ ልጃገረዲቱን አስገድዶ ደፍሯታልና፣ እርሷን ማግባት አለበት፤ በሕይወት ዘመኑ ሁሉ ሊፈታት አይችልም።

30አንድ ሰው የአባቱን ሚስት ማግባት የለበትም፤ የአባቱንም መኝታ አያርክስ።

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 22:1-30

1Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi nantwi anaa ne guan nam basabasa a, mmu wʼani ngu so; mmom kyere no kɔma ne wura. 2Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wunnim no a, fa no kɔ wo fi kosi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na wode nʼaboa ma no. 3Sɛ wuhu wo nua bi afurum anaa ne ntama anaa ne biribi a ayera a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so.

4Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi afurum anaa ne nantwi bi atew ahwe wɔ ɔkwan mu a, mmu wʼani ngu so. Kɔboa ne wura no na ɔmma aboa no so nnyina hɔ.

5Ɛnsɛ sɛ ɔbea hyɛ mmarima atade, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmea atade, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, kyi obiara a ɔyɛ eyi.

6Sɛ wokɔto anomaa berebuw wɔ ɔkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam, na sɛ anomaa no na butuw ne ba no so anaa obutuw nkesua so a, mfa anomaa no na ne ne ba no nkɔ. 7Wutumi fa ne ba no nanso hwɛ sɛ wobɛma ne na no akɔ, sɛnea ebesi wo yiye na wo nkwanna aware.

8Sɛ wusi ɔdan foforo a, yɛ ban fa wo dan no nkuruso no ho na obi amfi hɔ antew anhwe amma woamfa mogyahwiegu ho afɔdi amma wo ne wo dan no so.

9Nnua nnɔbae foforo biara wɔ bobe ntam wɔ wo bobeturo mu. Sɛ woyɛ saa a, na wo nnɔbae no ne bobeturo no so aba nyinaa ho agu fi.

10Nsa nantwi ne afurum mmɔ mu mfuntum afuw.

11Mfura ntama a wɔde kuntu ne sirikyi afra anwen.

12Yɛ ntama a wufura no ano anan no nyinaa mpɛsɛ.

Nneyɛe A Ɛmfata Wɔ Aware Mu

13Sɛ ɔbarima ware ɔbea na ɔne no da na akyiri no ɔmpɛ no bio, 14na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no din bɔne se, “Mewaree no no, manhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun,” 15a, ɔbea no agya ne ne na wɔ ho kwan sɛ wɔde adansede a ɛkyerɛ sɛ wɔn babea no yɛ ɔbabun bɛkyerɛ kurow no mpanyimfo wɔ kurow no pon. 16Ɛsɛ sɛ ɔbea no agya ka kyerɛ wɔn se, “Mede me babea maa ɔbarima yi aware nanso ose ɔmpɛ no bio. 17Wagu nʼanim ase aka se, ‘Manhu sɛ wo babea no yɛ ɔbabun.’ Nanso adansede a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun no ni.” Afei, wɔbɛtrɛw ntama no mu wɔ kurow no mpanyimfo anim, 18na mpanyimfo no bɛfrɛ ɔbarima no atwe nʼaso. 19Wɔbɛbɔ no ka kilogram baako sɛ wagu Israel ɔbabun no anim ase. Wobetua sika no ama ɔbea no agya. Afei, ɔbabea no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio.

20Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ nokware na wɔannya adansede a ɛfa ne babunyɛ no ho ankyerɛ a, 21wɔde ɔbea no bɛba nʼagya fi abɔntenpon ano na kurom hɔ mmarima asiw no abo akum no. Ɔnam aguamammɔ so ayɛ animguase ade wɔ Israel, bere a ɔne nʼawofo te. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu.

22Sɛ wohu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforo bi yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no nyinaa. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase wɔ Israel.

23Sɛ ɔbarima bi hyia ababaa a ɔyɛ ɔbabun a ɔne obi ahyehyɛ aware na ɔbarima no ne ababaa no da na sɛ saa asɛm no sii wɔ kurow no mu a, 24ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kurow no apon ano kosiw wɔn abo kum wɔn. Ababaa no di fɔ, efisɛ na ɔwɔ kurom nanso wanteɛteɛ mu ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, efisɛ wafa obi yere. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu.

25Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbea a obi ne no ahyehyɛ aware wɔ wuram, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔyɛɛ saa no nkutoo. 26Monnyɛ ababaa no hwee, efisɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛma ɔfata owu. Saa asɛm yi te sɛ obi a watow ahyɛ ne yɔnko so akum no, 27efisɛ ɔbarima no hyiaa ɔbea no wɔ wuram, na asiwa no teɛteɛɛ mu de, nanso wannya ogyefo biara.

28Sɛ wɔkyere ɔbarima bi sɛ wahyɛ ababaa bi a obi ne no nhyehyɛe aware, ne no ada a, 29ɛsɛ sɛ otua dwetɛ kilogram abien ne fa ma ababaa no agya. Na ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaa no, efisɛ wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no aware da.

30Ɔbarima biara nni ho kwan sɛ ɔne nʼagya yere da; ɛnsɛ sɛ ogu nʼagya mpa ho fi.