1“ሰው ሚስቱን ቢፈታ፣
እርሷም ሄዳ ሌላ ሰው ብታገባ፣
ወደ እርሷ ይመለሳልን?
ምድሪቱስ ፈጽማ አትረክስምን?
አንቺ ግን ከብዙ ወዳጆችሽ ጋር አመንዝረሻል፤
ታዲያ አሁን ወደ እኔ መመለስ ትፈልጊያለሽን?”
ይላል እግዚአብሔር።
2“እስቲ ቀና ብለሽ ጭር ያሉትን ኰረብቶች ተመልከቺ፣
በርኩሰት ያልተጋደምሽበት ቦታ ይገኛልን?
በበረሓ እንደ ተቀመጠ ዘላን ዐረብ፣
በየመንገዱ ዳር ተቀምጠሽ ወዳጆችሽን ጠበቅሽ።
በዝሙትሽና በክፋትሽ፣
ምድሪቱን አረከስሽ።
3ስለዚህ ካፊያ ተከለከለ፤
ኋለኛው ዝናብም ጠፋ።
አንቺ ግን አሁንም የጋለሞታ ገጽታ አለብሽ፤
ዐይንሽን በዕፍረት አልሰብር ብለሻል።
4አሁንም ወደ እኔ ተጣርተሽ፣
‘አባቴ፣ የልጅነት ወዳጄ፣
5ሁልጊዜ ትቈጣለህን?
ቍጣህስ ለዘላለም ነውን?’ አላልሽኝም?
የምትናገሪው እንዲህ ነው፤
ይሁን እንጂ የቻልሽውን ክፋት ሁሉ ታደርጊያለሽ።”
ከዳተኛዋ እስራኤል
6እግዚአብሔር በንጉሥ ኢዮስያስ ዘመን እንዲህ አለኝ፤ “ከዳተኛዪቱ እስራኤል ያደረገችውን አየህን? ከፍ ወዳለው ኰረብታ ሁሉ ወጥታ፣ ወደ ለመለመው ዛፍ ሥር ሁሉ ሄዳ በዚያ አመነዘረች። 7ይህን ሁሉ ካደረገች በኋላ፣ ወደ እኔ ትመለሳለች ብዬ ነበር፤ ሆኖም አልተመለሰችም፤ ከሓዲዋ እኅቷ ይሁዳም ይህን አየች። 8ለከዳተኛዪቱ እስራኤል ስለ ምንዝርናዋ ሁሉ የፍች ወረቀቷን ሰጥቼ አባረርኋት። ከሓዲዋ እኅቷ ይሁዳም ይህን አይታ እንዳልፈራች አየሁ፤ ወጥታም አመነዘረች። 9በቅሌቷም ምድሪቱን አረከሰች፤ ከድንጋይና ከግንድ ጋር አመነዘረች፤ 10ይህም ሁሉ ሆኖ ከሓዲዋ እኅቷ ይሁዳ ወደ እኔ የተመለሰችው በማስመሰል እንጂ በሙሉ ልቧ አልነበረም” ይላል እግዚአብሔር።
11እግዚአብሔር እንዲህ አለኝ፤ “ከከሓዲዋ ይሁዳ ይልቅ ከዳተኛዪቱ እስራኤል ጻድቅ ሆና ተገኘች። 12ሂድና ይህን መልእክት ወደ ሰሜን እንዲህ ብለህ ተናገር፤
“ ‘ከዳተኛዪቱ እስራኤል ሆይ፤ ተመለሽ’ ይላል እግዚአብሔር፤
‘እኔ መሓሪ ስለሆንሁ፣
ከእንግዲህ በቍጣ ዐይን አላይሽም’
ይላል እግዚአብሔር። ‘ለዘላለም አልቈጣም።
13በአምላክሽ በእግዚአብሔር ላይ በማመፅሽ፣
ክብርሽንም ለእንግዶች አማልክት፣
በየለምለሙ ዛፍ ሥር አሳልፈሽ በመስጠት፣
ለእኔ ባለመታዘዝሽ፣
በደለኛ መሆንሽን ይህን አንድ ነገር ብቻ እመኚ’ ”
ይላል እግዚአብሔር።
14“ከዳተኛ ልጆች ሆይ፤ እኔ ባለቤታችሁ ነኝና ተመለሱ” ይላል እግዚአብሔር፤ “ከአንድ ከተማ አንድ፣ ከአንድ ነገድ ሁለት መርጫችሁ ወደ ጽዮን አመጣችኋለሁ። 15እንደ ልቤም የሆኑ፣ በዕውቀትና በማስተዋል የሚመሯችሁን እረኞች እሰጣችኋለሁ። 16ቍጥራችሁ በምድሪቱ እጅግ በሚበዛበት ጊዜም” ይላል እግዚአብሔር፤ “በዚያ ዘመን፣ ‘የእግዚአብሔር የኪዳኑ ታቦት’ ብለው ከእንግዲህ አይጠሩም፤ ትዝ አይላቸውም፤ አያስታውሱትምም፤ አይጠፋም፤ ሌላም አይሠራም። 17በዚያ ጊዜ ኢየሩሳሌምን፣ ‘የእግዚአብሔር ዙፋን’ ብለው ይጠሯታል፤ መንግሥታትም ሁሉ የእግዚአብሔርን ስም ለማክበር በኢየሩሳሌም ይሰበሰባሉ፤ የክፉ ልባቸውንም እልኸኝነት ከእንግዲህ አይከተሉም። 18በዚያን ዘመን የይሁዳ ቤትና የእስራኤል ቤት በአንድነት ሆነው ከሰሜን ምድር ለአባቶቻቸው ርስት አድርጌ ወደ ሰጠኋቸው ምድር ይመጣሉ።
19“እኔም፣
“ ‘የተመረጠችውን ምድር፣
የትኛውም ሕዝብ ያላገኘውን የተዋበች ርስት ልሰጥሽ፣
እንደ ወንዶች ልጆቼ ምንኛ በደስታ ልቍጠርሽ’ አልሁ፤
‘አባቴ’ ብለሽ የምትጠሪኝ፣
እኔንም ከመከተል ዘወር የማትዪ መስሎኝ ነበር።
20የእስራኤል ቤት ሆይ፤ ለባሏ ታማኝ እንዳልሆነች ሚስት፣
ስታታልሉኝ ኖራችኋል፤”
ይላል እግዚአብሔር።
21እግዚአብሔር አምላካቸውን በመርሳት፣
መንገዳቸውን አጣመዋልና፣
የእስራኤል ሕዝብ ጩኸት፣
አሳዛኝ ልቅሶ ባድማ ከሆኑት ኰረብታዎች ተሰማ።
22“እናንት ከዳተኞች ልጆች ተመለሱ፤
ከዳተኝነታችሁን እፈውሳለሁ።
“አንተ እግዚአብሔር አምላካችን ነህና፤
አዎን፤ ወደ አንተ እንመጣለን።
23በርግጥ በኰረብቶች ላይ፣
እንዲሁም በተራሮች ላይ፣ ሆ! ብለን መውጣታችን መታለል ነው፤
በርግጥ የእስራኤል መዳን፣
በአምላካችን በእግዚአብሔር ነው።
24ከለጋ ዕድሜያችን ጀምሮ፣
የአባቶቻችንን የድካም ፍሬዎች፣
በጎቻቸውንና ከብቶቻቸውን፣
ወንዶችና ሴቶች ልጆቻቸውን፣ ነውረኛ ጣዖቶች በሏቸው።
25እንግዲህ ዕፍረታችንን ተከናንበን እንተኛ፤
ውርደታችንም ይሸፍነን፤
እኛም አባቶቻችንም፣
እግዚአብሔር አምላካችንን በድለናልና፤
ከልጅነታችን ጀምሮ እስከ ዛሬ ድረስ፣
አምላካችንን እግዚአብሔርን አልታዘዝንም።”
1“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere
na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a,
ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa?
Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa?
Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman,
na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
2“Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so.
Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa?
Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ,
wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so.
Woagu asase no ho fi
wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ.
3Enti wɔatwe obosuo asan,
na osutɔberɛ nsuo antɔ.
Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee;
wʼani nwu hwee.
4Nanso, woka kyerɛ me sɛ:
‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,
5wobo bɛfu biribiara anaa?
Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?’
Sei na wokasa,
nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi.”
Israel A Ɔnni Nokorɛ
6Ɔhene Yosia adedie berɛ so no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Woahunu deɛ Israel a ɔnni nokorɛ no ayɛ? Wakɔ nkokoɔ nyinaa so ne dua adendan nyinaa ase akɔsɛe awadeɛ wɔ hɔ. 7Mesusuu sɛ, anka wayɛ yeinom nyinaa akyi no, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wamma, na ne nuabaa Yuda a ɔno nso nka nokorɛ no hunuiɛ. 8Memaa Israel a ɔnni nokorɛ no awaregyaeɛ nwoma na mepamoo no ɛsiane nʼawaresɛe abrabɔ. Nanso mehunuu sɛ ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ awaresɛeɛ bra. 9Esiane sɛ Israel adwamammɔ anyɛ no asɛm hia enti, ɔde efi kaa asase no na ɔne aboɔ ne nnua bɔɔ adwaman. 10Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
11Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni. 12Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ,
‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,
ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ,
‘Me bo renfu afebɔɔ.
13Gye wo afɔdie to mu,
woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn,
woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame
wɔ dua biara a adendan ase,
na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
14“Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion. 15Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan. 16Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ɔseɛ, “nnipa renka bio sɛ, ‘Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso. 17Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio. 18Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so.
19“Mʼankasa mekaa sɛ,
‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma
na mama mo asase a ɛyɛ,
agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’
Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’
na monnane mo ho mfiri mʼakyi.
20Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no,
saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
21Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so,
ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ,
ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan
na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn.
22“Monsane mmra, ɔyera mma;
mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.”
“Aane, yɛbɛba wo nkyɛn,
ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn.
23Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ
ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa;
nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu
na Israel nkwagyeɛ wɔ.
24Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi
yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,
wɔn nnwankuo ne anantwie,
wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.
25Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam
na yɛn ahohora nkata yɛn so.
Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn,
yɛn ne yɛn agyanom;
ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ
yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn.”