ኤርምያስ 26 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኤርምያስ 26:1-24

በኤርምያስ ላይ የግድያ ዛቻ

1በይሁዳ ንጉሥ፣ በኢዮስያስ ልጅ፣ በኢዮአቄም ዘመነ መንግሥት መጀመሪያ ላይ ይህ ቃል ከእግዚአብሔር ዘንድ መጣ፤ 2እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ በእግዚአብሔር ቤት አደባባይ ቆመህ፣ ለማምለክ ወደ እግዚአብሔር ቤት ከይሁዳ ከተሞች ለሚመጣው ሕዝብ ሁሉ ተናገር፤ አንዲትም ቃል ሳታስቀር የማዝዝህን ሁሉ ንገራቸው። 3ምናልባትም ሰምተው እያንዳንዳቸው ከክፉ መንገዳቸው ይመለሱ ይሆናል፤ እኔም ስላደረጉት ክፋት ላመጣባቸው ያሰብሁትን ቅጣት እተዋለሁ። 4እንዲህም በላቸው፤ ‘እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ ባትሰሙኝና የሰጠኋችሁን ሕጌን ባትጠብቁ፣ 5ልትሰሟቸው ይገባ የነበረውን ወደ እናንተ ደጋግሜ የላክኋቸውን የአገልጋዮቼን የነቢያትን ቃል ባትሰሙ፣ 6ይህን ቤት እንደ ሴሎ አደርጋለሁ፤ ይህችንም ከተማ በምድር ሕዝብ ሁሉ ፊት የተረገመች አደርጋታለሁ።’ ”

7ኤርምያስ ይህን ቃል በእግዚአብሔር ቤት ሲናገር፣ ካህናቱና ነቢያቱ፣ ሕዝቡም ሁሉ ሰሙ። 8ነገር ግን ኤርምያስ እግዚአብሔር ለሕዝቡ ሁሉ እንዲናገር ያዘዘውን ሁሉ ተናግሮ በጨረሰ ጊዜ፣ ካህናቱ፣ ነቢያቱና ሕዝቡም ሁሉ ይዘውት እንዲህ አሉ፤ “አንተ መገደል አለብህ! 9ይህ ቤት እንደ ሴሎ ይሆናል፤ ይህችም ከተማ ባድማና ወና ትሆናለች ብለህ በእግዚአብሔር ስም ለምን ትንቢት ትናገራለህ?” ሕዝቡም ሁሉ በእግዚአብሔር ቤት ውስጥ ተሰብስበው ኤርምያስን ከበቡት።

10የይሁዳም ባለሥልጣኖች ስለ እነዚህ ነገሮች በሰሙ ጊዜ፣ ከቤተ መንግሥት ወደ እግዚአብሔር ቤት ወጡ፤ በእግዚአብሔር ቤት፣ አዲሱ በር በተባለው መግቢያ ተቀመጡ። 11ካህናቱና ነቢያቱም ለባለሥልጣኖቹና ለሕዝቡ ሁሉ፣ “በጆሯችሁ እንደ ሰማችሁት ይህ ሰው በዚህች ከተማ ላይ ትንቢት ስለ ተናገረ ሞት ይገባዋል” አሉ።

12ኤርምያስም፣ ለባለሥልጣኖቹና ለሕዝቡ ሁሉ እንዲህ አለ፤ “የሰማችሁትን ሁሉ በዚህ ቤትና በዚህች ከተማ ላይ ትንቢት እንድናገር እግዚአብሔር ልኮኛል። 13አሁንም መንገዳችሁንና ሥራችሁን አስተካክሉ፣ አምላካችሁን እግዚአብሔርን ታዘዙ። እግዚአብሔርም በእናንተ ላይ ለማምጣት የተናገረውን ክፉ ነገር ይተዋል። 14ስለ እኔ ከሆነ ግን እነሆ፤ በእጃችሁ ነኝ፤ መልካምና ተገቢ መስሎ የሚታያችሁን ሁሉ አድርጉብኝ። 15ነገር ግን የሰማችሁትን ይህን ሁሉ ቃል በጆሯችሁ እንድናገር እግዚአብሔር በርግጥ ስለ ላከኝ ብትገድሉኝ፣ የንጹሕ ሰው ደም በማፍሰሳችሁ እናንተ ራሳችሁንና ይህችን ከተማ፣ በውስጧም የሚኖረውን በደለኛ እንዳታደርጉ ተጠንቀቁ።”

16ባለሥልጣኖቹና ሕዝቡም ሁሉ ለካህናትና ለነቢያት፣ “ይህ ሰው በአምላካችን በእግዚአብሔር ስም ተናግሯልና ሊገደል አይገባውም” አሉ።

17ከአገሩ ሽማግሌዎችም አንዳንዶቹ ተነሥተው ለተሰበሰበው ሕዝብ ሁሉ እንዲህ አሉ፤ 18“ሞሬታዊው ሚክያስ በይሁዳ ንጉሥ በሕዝቅያስ ዘመን፣ ለይሁዳም ሕዝብ ሁሉ እንዲህ ሲል ትንቢት ተናግሮ ነበር፤ ‘የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤

“ ‘ጽዮን እንደ ዕርሻ ትታረሳለች፤

ኢየሩሳሌም የፍርስራሽ ክምር ትሆናለች፤

የቤተ መቅደሱም ተራራ፣ ዳዋ የወረሰው ኰረብታ ይሆናል።’26፥18 ሚክ 3፥12

19“ታዲያ፣ የይሁዳ ንጉሥ ሕዝቅያስም ሆነ የይሁዳ ሕዝብ ሁሉ ገደሉትን? ሕዝቅያስ እግዚአብሔርን ፈርቶ ምሕረት አልለመነምን? እግዚአብሔርስ በእነርሱ ላይ ለማምጣት ያሰበውን ቅጣት አልተወምን? በራሳችን ላይ እኮ ታላቅ ጥፋት እያመጣን ነው።”

20ደግሞም የቂርያትይዓሪም ሰው፣ የሸማያ ልጅ ኦርዮ፣ በእግዚአብሔር ስም ትንቢት የተናገረ ሌላው ሰው ነበር፤ እርሱም እንደ ኤርምያስ በዚህች ከተማና በዚህ ምድር ላይ ትንቢት ተናግሮ ነበር። 21ንጉሥ ኢዮአቄም፣ የጦር አለቆቹና ባለሥልጣኖቹ ሁሉ ይህን በሰሙ ጊዜ፣ ንጉሡ ሊገድለው ፈለገ፤ ኦርዮም ይህን ሰምቶ በፍርሀት ወደ ግብፅ ሸሸ። 22ይሁን እንጂ ንጉሥ ኢዮአቄም የዓክቦርን ልጅ ኤልናታንንና ከእርሱም ጋር ሌሎችን ሰዎች ወደ ግብፅ ላካቸው፤ 23እነርሱም ኦርዮን ከግብፅ አምጥተው፣ ወደ ንጉሥ ኢዮአቄም ወሰዱት፤ እርሱም በሰይፍ ገደለው፤ ሬሳውንም ተራ ሰዎች በሚቀበሩበት ስፍራ ጣለው።

24ነገር ግን የሳፋን ልጅ አኪቃም ከኤርምያስ ጐን ስለ ቆመ፣ ኤርምያስ ይገደል ዘንድ ለሕዝቡ ዐልፎ አልተሰጠም።

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 26:1-24

Owuo Hunahuna Yeremia

1Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ: 2“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Gyina Awurade efie mu abannwa hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wɔfiri Yuda nkuro mu bɛsom wɔ Awurade efie mu nyinaa. Ka deɛ mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nnyi asɛm biara mfiri mu. 3Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio. 4Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, 5na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfoɔ adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn ɛberɛ biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo monntiee wɔn), 6ɛnneɛ, mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnomedeɛ wɔ asase so aman nyinaa mu.’ ”

7Asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade efie hɔ. 8Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfoɔ no, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa to hyɛɛ no so kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo wu! 9Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu sɛ, efie yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena so anaa?” Na nnipa no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Awurade efie hɔ.

10Ɛberɛ a Yuda adwumafoɔ tee saa nsɛm yi no, wɔfirii ahemfie hɔ foro kɔɔ Awurade efie kɔtenaa efie no Ɛpono Foforɔ no ano. 11Ɛna asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”

12Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfoɔ ne nnipa no nyinaa anim sɛ, “Awurade somaa me sɛ, memmɛnhyɛ nkɔm ntia efie yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ moate no nyinaa. 13Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. 14Me deɛ, mewɔ mo nsam; mobɛtumi ayɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so. 15Nanso monkae sɛ, sɛ mokum me a, moahwie mogya a ɛdi bem agu, na ɛso afɔdie bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu so; na nokorɛm Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nnwu mo asom.”

16Na adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn din mu.”

17Na asase no so mpanimfoɔ no mu bi sɔreeɛ na wɔka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ, 18“Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so. Ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ, ‘Yei na Asafo Awurade seɛ:

“ ‘Wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo.

Na Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ

na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.’

19Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kumm no anaa? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ ɔbɛyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfiri wɔn so anaa? Yɛreyɛ de amanehunu kɛseɛ aba yɛn ankasa so!”

20(Semaia babarima Uria a ɔfiri Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforɔ a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm korɔ yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛdeɛ Yeremia yɛeɛ no. 21Ɛberɛ a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanimfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ ɔkum no, nanso Uria teeɛ no, ɔde ehu dwane kɔɔ Misraim. 22Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23Wɔde Uria firi Misraim baeɛ, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde akofena kumm no na wɔtoo ne funu twenee kwasafo asieeɛ.)

24Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔammfa no amma ɛdɔm no sɛ wɔnkum no.