ኤርምያስና ጳስኮር
1በእግዚአብሔር ቤተ መቅደስ ውስጥ አለቃ የነበረው፣ የኢሜር ልጅ ካህኑ ጳስኮር እነዚህን ነገሮች ኤርምያስ እንደ ተነበየ በሰማ ጊዜ፣ 2ነቢዩ ኤርምያስን መታው፤ በእግዚአብሔርም ቤተ መቅደስ በላይኛው የብንያም በር በእግር ግንድ ጠረቀው። 3በማግስቱም ጳስኮር ኤርምያስን ከተጠረቀበት ግንድ አወጣው፤ ኤርምያስም እንዲህ አለው፤ “እግዚአብሔር ከእንግዲህ ማጎርሚሳቢብ20፥3 ማጎርሚሳቢብ ማለት ዙሪያ-ገባው ሽብር ማለት ነው። ብሎ ይጠራሃል እንጂ ጳስኮር አይልህም፤ 4እግዚአብሔር እንዲህ ይላልና፤ ‘አንተንና ባልንጀሮችህን ሁሉ ለሽብር እዳርጋለሁ፤ የገዛ ዐይንህ እያየ በጠላቶቻቸው ሰይፍ ይወድቃሉ። ይሁዳን ሁሉ ለባቢሎን ንጉሥ አሳልፌ እሰጣለሁ፤ እርሱም ወደ ባቢሎን ያፈልሳቸዋል፤ በሰይፍም ይገድላቸዋል። 5የዚህችን ከተማ ሀብት ሁሉ፣ ጥሪቷን፣ የይሁዳን ነገሥታት ውድ ዕቃና ንብረት ሁሉ ለጠላቶቻቸው አሳልፌ እሰጣለሁ፤ እነርሱም ዘርፈው ወደ ባቢሎን ይዘውት ይሄዳሉ። 6ጳስኮር ሆይ፤ አንተና በቤትህ የሚኖሩት ሁሉ ወደ ባቢሎን ትጋዛላችሁ። አንተና በሐሰት ትንቢት የተነበይህላቸው ባልንጆሮችህ በዚያ ትሞታላችሁ፤ በዚያም ትቀበራላችሁ።’ ”
የኤርምያስ ማጕረምረም
7እግዚአብሔር ሆይ፤ አታለልኸኝ፤20፥7 ወይም ሐሳቤን አስለወጥኸኝ እኔም ተታለልሁ፤
አንተ ከእኔ እጅግ በረታህ፤ አሸነፍህም፤
ቀኑን ሙሉ ማላገጫ ሆንሁ፤
ሁሉም ተዘባበቱብኝ።
8በተናገርሁ ቍጥር እጮኻለሁ፤
“ሁከትና ጥፋት!” ብዬ ዐውጃለሁ፤
ስለዚህ የእግዚአብሔር ቃል፣
ቀኑን ሙሉ ስድብና ነቀፋ አስከተለብኝ።
9ነገር ግን፣ “ከእንግዲህ የእርሱን ስም አላነሣም፤
በስሙም አልናገርም” ብል፣
ቃሉ በልቤ እንደ እሳት፣
በዐጥንቴም ውስጥ እንደ ረመጥ ሆነብኝ፤
ዐፍኜ መያዝ አቃተኝ፤
ጨርሶ መቋቋም አልቻልሁም።
10“በየቦታው ሽብር አለ፤
አውግዙት፤ እናውግዘው፤”
ብለው ብዙ ሲያንሾካሽኩ ሰማሁ፤
መውደቄን በመጠባበቅ፣
ባልንጀሮቼ የነበሩ ሁሉ፣
“ይታለል ይሆናል፣
ከዚያም እናሸንፈዋለን፤
እንበቀለዋለንም” ይላሉ።
11ነገር ግን እግዚአብሔር እንደ ኀያል ተዋጊ ከእኔ ጋር ነው፤
ስለዚህ አሳዳጆቼ ይሰናከላሉ እንጂ አያሸንፉም፤
ክፉኛ ይዋረዳሉ እንጂ አይሳካላቸውም፤
ውርደታቸውም ከቶ አይረሳም።
12ጻድቁን የምትፈትን ልብንና አእምሮን የምትመረምር፣
የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር ሆይ፤
ጕዳዬን ለአንተ አሳልፌ ሰጥቻለሁና
ስትበቀላቸው ለማየት አብቃኝ።
13ለእግዚአብሔር ዘምሩ፤
ለእግዚአብሔር ምስጋናን አቅርቡ፤
የችግረኛውን ነፍስ፣
ከክፉዎች እጅ ታድጓልና።
14የተወለድሁባት ዕለት የተረገመች ትሁን፤
እናቴ እኔን የወለደችባት ቀን አትባረክ።
15“ወንድ ልጅ ተወልዶልሃል” ብሎ፣
ለአባቴ የምሥራች የነገረ፣
ደስ ያሰኘውም ሰው የተረገመ ይሁን።
16ያ ሰው እግዚአብሔር ሳይራራ፣
እንደ ገለበጣቸው ከተሞች ይሁን፤
በማለዳ ዋይታን፣
በቀትርም የጦርነትን ውካታ ይስማ፤
17እናቴ መቃብር ትሆነኝ ዘንድ፣
ማሕፀንም ሰፊ የዘላለም ማደሪያዬ እንዲሆን፣
ከማሕፀንም ሳልወጣ አልገደለኝምና።
18ችግርና ሐዘንን ለማየት፣
ዘመኔንም በውርደት ለመፈጸም፣
ለምን ከማሕፀን ወጣሁ?
Yeremia Ne Pashur
1Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, 2ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ. 3Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. 4Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn. 5Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia. 6Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’ ”
Yeremia Anwiinwii
7Ao, Awurade, woadaadaa me;
na mapene so ama woadaadaa.
Wɔtwee me da mu nyinaa;
na obiara sere me.
8Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam
pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ.
Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa
abrɛ me da mu nyinaa.
9Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din
anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,
nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu,
ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu.
Mede ahyɛ me mu abrɛ
nokorɛm, merentumi.
10Mete asomusɛm bebree sɛ,
“Ehu wɔ baabiara!
Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”
Me nnamfonom nyinaa
retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ,
“Ebia wɔbɛdaadaa no;
na yɛatumi
atɔ ne so were.”
11Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima;
enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina.
Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa;
wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da.
12Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ
na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu,
ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo.
13Monto dwom mma Awurade!
Monyi Awurade ayɛ!
Ɔgye ohiani nkwa firi
amumuyɛfoɔ nsam.
14Nnome nka da a wɔwoo me!
Nhyira mpare ɛda a me maame woo me.
15Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ,
deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ,
“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
16Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a
Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no.
Ma ɔnte osu anɔpa,
ne ɔko owigyinaeɛ.
17Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu
amma me maame anyɛ damena amma me.
18Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛ
bɛhunuu ɔhaw ne awerɛhoɔ
na mede aniwuo rebɛwie me nkwa nna yi?