ድርቅ፣ ራብ፣ ሰይፍ
1ስለ ድርቅ ወደ ኤርምያስ የመጣው የእግዚአብሔር ቃል ይህ ነው፤
2“ይሁዳ ታለቅሳለች፤
ከተሞቿም ይማቅቃሉ፤
በምድር ላይ ተቀምጠው ይቈዝማሉ፤
ጩኸትም ከኢየሩሳሌም ወጥቶ ይሰማል።
3መሳፍንት አገልጋዮቻቸውን ውሃ ፍለጋ ይሰዳሉ፤
እነርሱ ወደ ውሃ ጕድጓዶች ይወርዳሉ፤
ነገር ግን ውሃ አያገኙም፤
ዐፍረውና ተስፋ ቈርጠው፣
ራሳቸውን ተከናንበው፣
ባዶ እንስራ ይዘው ይመለሳሉ።
4በምድሪቱ ዝናብ ስለሌለ፣
መሬቱ ተሰነጣጥቋል፤
ገበሬዎችም ዐፍረው፣
ራሳቸውን ተከናንበዋል።
5አንዳች ሣር ባለመኖሩ፣
የሜዳ አጋዘን እንኳ፣
እንደ ወለደች ግልገሏን ጥላ ትሄዳለች።
6የሜዳ አህዮች ባድማ ኰረብቶች ላይ ቆሙ፤
እንደ ቀበሮም አየር ፍለጋ አለከለኩ፤
ግጦሽ ባለመገኘቱ፣
ዐይኖቻቸው ፈዘዙ።”
7እግዚአብሔር ሆይ፤ ከአንተ መኰብለል አብዝተናል፤
በአንተም ላይ ዐምፀናል፤
ኀጢአታችን ቢመሰክርብንም እንኳ፣
ስለ ስምህ ብለህ አንድ ነገር አድርግልን።
8አንተ የእስራኤል ተስፋ፤
በጭንቀት ጊዜ አዳኙ፣
ለምን በምድሪቱ እንደ ባዕድ፣
እንደ ሌት ዐዳሪ መንገደኛ ትሆናለህ?
9ግራ እንደ ተጋባ ሰው፣
ለመታደግም ኀይል እንዳጣ ተዋጊ ትሆናለህ?
እግዚአብሔር ሆይ፤ አንተ በመካከላችን አለህ፤
በስምህም ተጠርተናል፤
እባክህ አትተወን።
10እግዚአብሔር ስለዚህ ሕዝብ እንዲህ ይላል፤
“መቅበዝበዝ እጅግ ይወድዳሉ፤
እግሮቻቸው አይገቱም፤
ስለዚህ እግዚአብሔር በእነርሱ ደስ አይለውም፤
አሁን በደላቸውን ያስባል፤
በኀጢአታቸውም ይቀጣቸዋል።”
11እግዚአብሔርም እንዲህ አለኝ፤ “ለዚህ ሕዝብ በጎነት አትጸልይ፤ 12ቢጾሙም ጩኸታቸውን አልሰማም፤ የሚቃጠል መሥዋዕትና የእህል ቍርባን ቢያቀርቡም አልቀበላቸውም፤ ነገር ግን በሰይፍ፣ በራብና በቸነፈር አጠፋቸዋለሁ።”
13እኔም፣ “ጌታ እግዚአብሔር ሆይ፤ ወዮ! ነቢያቱ ‘ሰይፍ አታዩም፤ ራብም አያገኛችሁም፤ ነገር ግን በዚህ ስፍራ ዘለቄታ ያለው ሰላም እሰጣችኋለሁ’ ይላል ይሏቸዋል” አልሁ።
14እግዚአብሔርም እንዲህ አለኝ፤ “ነቢያቱ በስሜ የሐሰት ትንቢት14፥14 ወይም ራእይ፣ (ከንቱ) ሟርት ይናገራሉ፤ እኔ አልላክኋቸውም፤ አላዘዝኋቸውም፤ አልተናገርኋቸውምም። የሐሰት ራእይ፣ ሟርት፣ ከንቱ ነገርንና የልባቸውን ሽንገላ ይተነብዩላችኋል። 15ስለዚህ በስሜ የሐሰት ትንቢት ስለሚናገሩ ነቢያት እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ እኔ ሳልልካቸው፣ ‘ሰይፍና ራብ በዚች ምድር ላይ አይመጣም’ የሚሉ እነዚህ ነቢያት በሰይፍና በራብ ይጠፋሉ፤ 16ትንቢቱ የተነገረለትም ሕዝብ ከሰይፍና ከራብ የተነሣ በኢየሩሳሌም አደባባዮች ይወድቃል፤ እነርሱንም ሆነ ሚስቶቻቸውን ወይም ወንዶችና ሴቶች ልጆቻቸውን የሚቀብራቸው አይገኝም። ለበደላቸው የሚገባውንም ቅጣት በላያቸው አወርዳለሁ።
17“ይህን ቃል እንዲህ ብለህ ንገራቸው፤
“ ‘ድንግሊቱ ልጄ፣ ሕዝቤ፣
በታላቅ ስብራት፣
በብርቱ ቍስል ተመትታለችና
ዐይኖቼ ቀንና ሌሊት፣ ሳያቋርጡ
እንባ ያፈስሳሉ
18ወደ ገጠር ብወጣ፣
በሰይፍ የተገደሉትን አያለሁ፤
ወደ ከተማ ብገባ፣ በራብ የወደቁትን አያለሁ
ነቢዩም ካህኑም፣
ወደማያውቁት አገር ሸሽተዋል።’ ”
19ይሁዳን ፈጽመህ ጥለኸዋልን?
ነፍስህስ ጽዮንን ተጸየፈቻትን?
ፈውስ እስከማይገኝልን ድረስ፣
ለምን ክፉኛ መታኸን?
ሰላምን ተስፋ አደረግን፤
ሆኖም በጎ ነገር አላገኘንም፤
የፈውስን ጊዜ ተጠባበቅን፤
ነገር ግን ሽብር ብቻ ሆነ።
20እግዚአብሔር ሆይ፤ ክፋታችንን ዐውቀናልና፤
የአባቶቻችንን በደል ተረድተናልና፤
በርግጥም በአንተ ላይ ኀጢአት ሠርተናል።
21ስለ ስምህ ብለህ አትናቀን፤
የክብርህንም ዙፋን አታዋርድ።
ከእኛ ጋር የገባኸውን ኪዳን ዐስብ፤
አታፍርሰውም።
22ከአሕዛብ ከንቱ ጣዖቶች መካከል ዝናብ ሊያዘንብ የሚችል አለን?
ሰማያትስ በራሳቸው ማካፋት ይችላሉን?
አይ! አይችሉም፣ እግዚአብሔር አምላካችን ሆይ፤
ይህን ሁሉ የምታደርግ አንተ ነህ፣
ስለዚህም ተስፋችን በአንተ ላይ ነው።
Nsuweɛ, Ɛkɔm, Akofena
1Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:
2“Yuda di awerɛhoɔ
ne nkuropɔn hunu amane.
Wɔbɔ asase no ho abubuo,
na wɔsu wɔ Yerusalem.
3Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo;
wɔkɔhwɛ ankorɛ mu
nanso wɔnnya nsuo.
Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu;
wɔkatakata wɔn tiri so
wɔ abotuo ne abasamutuo mu.
4Asase no apaapae
ɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so;
akuafoɔ no bo atu
na wɔkata wɔn tiri so.
5Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so
gya ne ba a wawo no foforɔ
ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ.
6Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so
home sɛ sakraman;
wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea
nanso wɔnhunu bi.”
7Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,
nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi.
Yɛn akyirisane dɔɔso;
na yɛayɛ bɔne atia wo.
8Ao, Israel Anidasoɔ,
yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu,
adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so,
te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ?
9Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,
te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa?
Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade
na wo din da yɛn so;
nnya yɛn mu!
10Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:
“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree;
wɔmma wɔn nan nhome.
Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu;
afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
11Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi. 12Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
13Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”
14Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho. 15Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu. 16Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
17“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia
a ɛtoɔ ntwa da
ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ
anya apirakuro a ɛyɛ hu
na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ.
18Sɛ mekɔ ɔman no mu a,
mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano;
sɛ mekɔ kuropɔn no mu a
mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ.
Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa
kɔ asase a wɔnnim so so.’ ”
19Woapo Yuda kora anaa?
Wokyi Sion anaa?
Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so
na yɛnnya ayaresa?
Yɛn ani daa asomdwoeɛ so,
nanso ade papa biara mmaeɛ,
yɛn ani daa ayaresaberɛ so
nanso ehubɔ na ɛbaeɛ.
20Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu
ne yɛn agyanom afɔdie;
nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo.
21Na wo din enti mmu yɛn animtia;
nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho.
Kae wo ne yɛn apam no
na mmu so.
22Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa?
Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete?
Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn.
Enti wo so na yɛn ani da,
yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ.