ኤርምያስ 12 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኤርምያስ 12:1-17

የኤርምያስ ማጕረምረም

1እግዚአብሔር ሆይ፤ ጕዳዬን በፊትህ ሳቀርብ፣

አንተ ጻድቅ መሆንህን እያወቅሁ ነው።

የክፉዎች መንገድ ለምን ይሰምራል?

የከዳተኞችስ ኑሮ ለምን ይሳካል?

2አንተ ተክለሃቸዋል፤ ሥርም ሰደዋል፤

አድገዋል፤ ፍሬም አፍርተዋል።

ሁልጊዜ አንተ በአፋቸው ላይ አለህ፤

ከልባቸው ግን ሩቅ ነህ።

3ነገር ግን እግዚአብሔር ሆይ፤ አንተ እኔን ታውቀኛለህ፤ ታየኛለህ፤

ስለ አንተም ያለኝን ሐሳብ ትመረምራለህ።

እንደሚታረዱ በጎች ንዳቸው፤

ለዕርድም ቀን ለይተህ አቈያቸው፤

4ምድሪቱ በዝናብ ዕጦት የምትጐዳው፣12፥4 ወይም ምድሪቱ የምታዝነው

የሜዳውም ሣር ሁሉ በድርቅ የሚመታው እስከ መቼ ነው?

ከነዋሪዎቿ ክፋት የተነሣ፣

እንስሳትና አዕዋፍ ጠፍተዋል፤

ደግሞም ሕዝቡ፣

“በእኛ ላይ የሚሆነውን አያይም” ብለዋል።

የእግዚአብሔር ምላሽ

5“ከእግረኞች ጋር ሮጠህ፣

እነርሱ ካደከሙህ፣

ከፈረሰኞች ጋር እንዴት ልትወዳደር ትችላለህ?

በሰላም አገር ከተሰናከልህ፣12፥5 ወይም በሰላም ምድር ከታመንህ

በዮርዳኖስ ደን ውስጥ እንዴት ልትሆን ነው?

6ወንድሞችህና የገዛ ቤተ ሰብህ፣

እነርሱ እንኳ አሢረውብሃል፣

በአንተም ላይ ይጮኻሉ፤

በመልካም ቢናገሩህም እንኳ

አትመናቸው።

7“ቤቴን እተዋለሁ፤

ርስቴን እጥላለሁ፤

የምወድዳትን እርሷን፣

አሳልፌ በጠላቶቿ እጅ እሰጣታለሁ።

8ርስቴ፣ በዱር እንዳለ አንበሳ

ተነሥታብኛለች፤

በእኔም ላይ ጮኻብኛለች፤

ስለዚህ ጠላኋት።

9ርስቴ ሌሎች አሞሮች ሊበሏት እንደ ከበቧት፣

እንደ ዝንጕርጕር አሞራ አልሆነችምን?

ሂዱ፤ የዱር አራዊትን ሁሉ ሰብስቡ፤

እንዲቀራመቷትም አምጧቸው።

10ብዙ እረኞች የወይን ቦታዬን ያጠፋሉ፤

ይዞታዬንም ይረግጣሉ፤

ደስ የምሰኝበትንም ማሳ፣

ጭር ያለ በረሓ ያደርጉታል።

11በፊቴ ባድማ፣

ደረቅና ወና ይሆናል፤

መላዪቱም ምድር ጠፍ ትሆናለች፤

ስለ እርሷ የሚገድደው የለምና።

12በምድረ በዳ ባሉት ወና ኰረብቶች ላይ፣

አጥፊዎች ይሰማራሉ፤

የእግዚአብሔር ሰይፍ ከምድር ጫፍ እስከ ምድር ጫፍ፣

አንዳች ሳያስቀር ይበላል፤

የሚተርፍም የለም።

13ስንዴን ይዘራሉ፤ እሾኽን ያጭዳሉ፤

ይደክማሉ፤ የሚያገኙት ግን የለም።

ከእግዚአብሔርም ጽኑ ቍጣ የተነሣ፣

በመኸራችሁ ውጤት ታፍራላችሁ።”

14እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ “ለሕዝቤ ለእስራኤል የሰጠሁትን ርስት የሚይዙትን ክፉ ጎረቤቶቼን ሁሉ ከምድራቸው እነቅላቸዋለሁ፤ የይሁዳንም ቤት ከመካከላቸው እነቅላለሁ፤ 15ከነቀልኋቸው በኋላ ግን መልሼ እምራቸዋለሁ፤ እያንዳንዳቸውንም ወደ ገዛ አገራቸውና ወደ ገዛ ርስታቸው መልሼ አመጣቸዋለሁ። 16የሕዝቤን መንገድ በትጋት ቢማሩና ሕዝቤን በበኣል እንዲምል እንዳስተማሩት ሁሉ፣ ‘ሕያው እግዚአብሔርን’ ብለው በስሜ ቢምሉ፣ በዚያን ጊዜ በሕዝቤ መካከል ይመሠረታሉ፤ 17የማይሰማኝን ሕዝብ ግን ፈጽሜ እነቅለዋለሁ፤ አጠፋዋለሁም” ይላል እግዚአብሔር

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 12:1-17

Yeremia Anwiinwii

1Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a

mehunu sɛ wobu atɛntenenee.

Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho:

Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie?

Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn?

2Woadua wɔn, na wɔagye nhini;

wɔnyinyini na wɔso aba.

Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara

nanso wɔn akoma mmɛn wo.

3Nanso, wonim me, Ao Awurade;

wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ.

Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn!

Yi wɔn si nkyɛn ma okum da!

4Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn?

Prama so ɛserɛ no mpo adwan.

Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumuyɛfoɔ enti

mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu.

Na nnipa no da so ka sɛ,

“Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so.”

Onyankopɔn Mmuaeɛ

5“Sɛ wo ne mmarima tu mmirika

na sɛ wɔma wo abrɛ a,

ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan?

Sɛ wosunti wɔ asase petee so a,

ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?

6Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ,

wɔn mpo ayi wo ama;

wɔteam denden tia wo.

Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a,

mfa wo ho nto wɔn so.

7“Magya me nkurɔfoɔ,

mato mʼagyapadeɛ agu;

mede deɛ medɔ noɔ no

bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa.

8Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ

gyata a ɔwɔ kwaeɛm.

Ɔbobɔ mu gu me so;

ɛno enti metane no.

9Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a

nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa,

nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no.

Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano.

Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn.

10Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo,

na wɔatiatia me mfuo so;

wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no

ayɛ no asase wesee a ada mpan.

11Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a

awo wesee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim;

asase no nyinaa bɛda mpan

ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ soɔ.

12Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no,

asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree,

Awurade akofena bɛkunkum wɔn

afiri asase ano de akɔsi ano nohoa;

obiara remfa ne ho nni.

13Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ;

wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee.

Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho.

Awurade abufuhyeɛ nti.”

14Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu. 15Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so. 16Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu. 17Nanso, sɛ ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ɔseɛ.