ኢዮብ 15 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

ኢዮብ 15:1-35

ኤልፋዝ

1ቴማናዊው ኤልፋዝ እንዲህ ሲል መለሰ፤

2“ጠቢብ ሰው በከንቱ ንግግር መልስ ይሰጣልን?

ወይስ በምሥራቅ ነፋስ ሆዱን ይሞላል?

3በማይረባ ቃል፣

ፍሬ ቢስ በሆነም ንግግር ይከራከራልን?

4አንተ ግን እግዚአብሔርን መፍራት ታጣጥላለህ፤

አምልኮተ እግዚአብሔርን ትከለክላለህ።

5ኀጢአትህ አፍህን ታስተምረዋለች፤

የተንኰለኞችንም አነጋገር መርጠህ ትይዛለህ።

6የሚፈርድብህ አንደበትህ እንጂ እኔ አይደለሁም፣

የሚመሰክርብህም እኔ ሳልሆን የገዛ ከንፈርህ ነው።

7“ለመሆኑ ከሰው ሁሉ ቀድመህ የተወለድህ አንተ ነህን?

ወይስ ከኰረብቶች በፊት ተገኝተሃል?

8በእግዚአብሔር የመማክርት ጉባኤ ላይ ነበርህን?

ጥበብስ የተሰጠው ለአንተ ብቻ ነው?

9እኛ የማናውቀው አንተ ግን የምታውቀው ምን ነገር አለ?

እኛስ የሌለን አንተ ያለህ ማስተዋል የቱ ነው?

10በዕድሜ ከአባትህ የሚበልጡ፣

የሸበቱ ሽማግሌዎች ከእኛ ጋር አሉ።

11የእግዚአብሔር ማጽናናት፣

በርጋታ የተነገረህ ቃል አነሰህን?

12ልብህ ለምን ይሸፍታል?

ዐይንህንስ ምን ያጕረጠርጠዋል?

13በእግዚአብሔር ላይ እንድትቈጣ፣

እንደዚህ ያለ ቃል ከአፍህ እንዲወጣ ያደረገህ ምንድን ነው?

14“ንጹሕ ይሆን ዘንድ ሰው ምንድን ነው?

ጻድቅስ ይሆን ዘንድ፣ ከሴት የተወለደ ምንድን ነው?

15እነሆ፤ እግዚአብሔር በቅዱሳኑ እንኳ አይታመንም፤

ሰማያትም በእርሱ ፊት ንጹሓን አይደሉም።

16ታዲያ፣ ክፋትን እንደ ውሃ የሚጠጣ፣

አስጸያፊና ርኩስ ሰውማ እንዴት ይታመን!

17“አድምጠኝ፤ በግልጽ አስረዳሃለሁ፤

ያየሁትንም እነግርሃለሁ፤

18ጠቢባን ከአባቶቻቸው የተቀበሉትን፤

ሳይሸሽጉ የተናገሩትን አስረዳሃለሁ፤

19ምድሪቱ ለአባቶቻቸው ተሰጠች፤

በመካከላቸውም ባዕድ አልተቀመጠም፤

20ክፉ ሰው ዕድሜውን ሙሉ፣

ጨካኙም በተመደበለት ዘመን ሁሉ ይሠቃያል።

21የሚያስደነግጥ ድምፅ በጆሮው ላይ ይጮኻል፤

በሰላም ጊዜ ቀማኞች አደጋ ያደርሱበታል።

22ከጨለማ ወጥቶ ማምለጥ ይፈራል፤

ለሰይፍም የተመደበ ነው።

23የአሞራ እራት15፥23 ወይም ለአሞራ እራት ለመፈለግ ለመሆን ይቅበዘበዛል፤

የጨለማ ቀን መቅረቡን ያውቃል።

24ጭንቀትና ሐዘን ያስፈራሩታል፤

ለማጥቃት እንደ ተዘጋጀ ንጉሥም ያይሉበታል፤

25እጁን በእግዚአብሔር ላይ አንሥቷልና፤

ሁሉን የሚችለውን አምላክም ደፍሯል፤

26ወፍራምና ጠንካራ ጋሻ አንግቦ፣

ሊቋቋመው ወጥቷል።

27“ፊቱ በስብ ቢሸፈን፣

ሽንጡ በሥጋ ቢደነድንም፣

28መኖሪያው በፈራረሱ ከተሞች፣

የፍርስራሽ ክምር ለመሆን በተቃረቡ፣

ሰው በማይኖርባቸው ወና ቤቶች ውስጥ ይሆናል።

29ከእንግዲህ ባለጠጋ አይሆንም፤ ሀብቱም አይቈይም፤

ይዞታውም በምድር ላይ አይሰፋም።

30ከጨለማ አያመልጥም፤

ቅርንጫፎቹን ነበልባል ያደርቃቸዋል፤

በእግዚአብሔርም እስትንፋስ ይወሰዳል።

31በአጸፋው አንዳች አያገኝምና፤

ከንቱን ነገር በመታመን ራሱን አያታልል።

32ጊዜው ሳይደርስ ይጠወልጋል፤

ቅርንጫፉም አይለመልምም።

33ፍሬው በጮርቃነት እንደ ተለቀመበት የወይን ተክል፣

አበባውም እንደ ረገፈበት የወይራ ዛፍ ይሆናል።

34የዐመፀኞች ጉባኤ ትመክናለች፤

የጉቦ ሱሰኞችም ድንኳን በእሳት ትበላለች።

35መከራን ይፀንሳሉ፤ ክፋትንም ይወልዳሉ፤

በሆዳቸውም ተንኰል ይጠነስሳሉ።”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 15:1-35

Elifas Mmuae A Ɛto So Abien

1Na Temanni Elifas buae se,

2“Enti onyansafo de nsɛm a aba biara nni mu beyi nʼano

anaasɛ ɔde apuei mframa a emu yɛ hyew bɛhyɛ nʼafuru ma?

3Ɔde nsɛm huhuw begye akyinnye,

aka nsɛm a mfaso biara nni so ana?

4Wototo onyamesuro ase mmom

na wusiw Onyankopɔn som ho kwan.

5Wo bɔne kyerɛ wʼano nea ɔnka;

na woafa anitew tɛkrɛma.

6Wʼankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me de;

wʼankasa wʼano di adanse tia wo.

7“Wone onipa a wɔwoo wo dii kan ana?

Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkoko ana?

8Wutie Onyankopɔn afotu ana?

Wo nko ara na wunim nyansa ana?

9Dɛn na wunim a, yennim?

Nhumu bɛn na wowɔ a yenni?

10Nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn afa

wɔn a wɔanyinyin sen wʼagya mpo.

11Onyankopɔn awerɛkyekye

ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo ana?

12Adɛn nti na wo koma atwe wo akɔ

adɛn nti na wʼani asɔ gya,

13na woadan wʼabufuw agu Onyankopɔn so

na woma saa nsɛm yi pue fi wʼano?

14“Ɔdesani ne hena a obetumi ayɛ pɛ,

anaasɛ nea ɔbea awo no bɛn na obetumi ayɛ ɔtreneeni?

15Onyankopɔn nni ahotoso wɔ nʼakronkronfo mu

ɔsorosoro mpo nyɛ kronkron wɔ nʼani so,

16na me ne onipa debɔneyɛfo ne omumɔyɛfo a

ɔnom bɔne sɛ nsu.

17“Tie me, na mɛkyerɛ wo mu;

ma menka nea mahu nkyerɛ wo,

18nea anyansafo apae mu aka,

a wɔamfa biribiara a wonya fii wɔn agyanom hɔ no ansie

19(wɔn nko ara na wɔde asase no maa wɔn

bere a ananafo biara nni wɔn mu):

20Omumɔyɛfo kɔ ahohia mu, ne nkwanna nyinaa,

na basabasayɛni nso, ne mfe a wɔahyehyɛ ama no nyinaa.

21Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;

na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma no a, akorɔmfo tow hyɛ ne so.

22Ɔpa abaw sɛ obeguan afi sum mu;

wɔabɔ no ato hɔ ama afoa.

23Okyinkyin hwehwɛ aduan;

onim sɛ sum da no abɛn.

24Ɔhaw ne ahoyeraw yi no hu;

ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,

25efisɛ ɔteɛteɛ ne nsa kyerɛ Onyankopɔn

na ɔma ne ho so tia Otumfo,

26wɔde nkatabo a mu piw na ɛyɛ den

kɔ ne so a, onsuro obiara.

27“Ɛwɔ mu sɛ srade ama nʼafono atotɔ

na nʼasen mu nam abubu agu so de,

28nanso ɔbɛtena nkurow a agu so

na watena afi a obi nte mu,

afi a ɛrebubu mu.

29Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina,

na nʼagyapade so bɛtew na ayera wɔ asase so.

30Ɔrenguan sum no;

ogyaframa bɛhyew ne mman,

na Onyankopɔn anom ahomegu bɛsoa no akɔ.

31Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to nneɛma huhuw so de daadaa ne ho,

efisɛ ɔrennya hwee mfi mu.

32Ansa na ne da bedu no, wobetua no ka a bi nka,

na ne mman renyɛ frɔmfrɔm.

33Ɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔaporow so aba a ennyin ɛ,

te sɛ ngodua a ne nhwiren reporow gu fam.

34Na abɔnefo fekuw a wonnim Onyankopɔn no rensow aba,

na ogya bɛhyew wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntamadan.

35Wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne;

wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”