ኢዮብ 13 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

ኢዮብ 13:1-28

1“ይህን ሁሉ ዐይኔ አይቷል፤

ጆሮዬም ሰምቶ አስተውያለሁ፤

2እናንተ የምታውቁትን፣ እኔም ዐውቃለሁ፤

ከእናንተ የማንስ አይደለሁም።

3ነገር ግን ሁሉን ከሚችል አምላክ ጋር መነጋገር እፈልጋለሁ፤

ከእግዚአብሔርም ጋር መዋቀሥ እሻለሁ።

4እናንተ ግን፣ በሐሰት የምትለብጡ ናችሁ፤

ሁላችሁ የማትረቡ ሐኪሞች ሆናችኋል።

5ምነው ዝም ብትሉ!

ያ ከጥበብ ይቈጠርላችሁ ነበር።

6እንግዲህ ክርክሬን ስሙ፤

የከንፈሬንም አቤቱታ አድምጡ።

7ለእግዚአብሔር ብላችሁ በክፋት ትናገራላችሁን?

ስለ እርሱስ በማታለል ታወራላችሁን?

8ለእርሱ ታደላላችሁን?

ለእግዚአብሔር ጥብቅና ልትቆሙ ነውን?

9እርሱ ቢመረምራችሁ መልካም ነገር ይገኝባችኋልን?

ሰውን እንደምታታልሉ፣ ልታታልሉት ትችላላችሁን?

10በስውር አድልዎ ብታደርጉ፣

በርግጥ እርሱ ይገሥጻችኋል።

11ግርማው አያስደነግጣችሁምን?

ክብሩስ አያስፈራችሁምን?

12ምሳሌዎቻችሁ የዐመድ ምሳሌዎች ናቸው፣

መከላከያችሁም የጭቃ ምሽግ ነው።

13“ዝም በሉ፤ እኔ ልናገር፤

የመጣው ይምጣብኝ።

14ሥጋዬን በጥርሴ፣

ሕይወቴንም በእጄ ለምን እይዛለሁ?

15ቢገድለኝም እንኳ በእርሱ ተስፋ አደርጋለሁ፤

ስለ መንገዴም ፊት ለፊት እከራከረዋለሁ።13፥15 ወይም በርግጥ እርሱ ይገድለኛል፤ ተስፋ የለኝም፤ ይሁን እንጂ

16ኀጢአተኛ በእርሱ ፊት መቅረብ ስለማይችል፣

ይህ ድፍረቴ ለመዳኔ ይሆናል።

17ቃሌን በጥንቃቄ አድምጡ፤

እኔ የምለውንም ጆሯችሁ በሚገባ ይስማ፤

18እንግዲህ ጕዳዬን ይዤ ቀርቤአለሁ፤

እንደሚፈርድልኝም ዐውቃለሁ።

19ሊከስሰኝ የሚችል አለ?

ካለም፣ ዝም ብዬ ሞቴን እጠብቃለሁ።

20“አምላክ ሆይ እነዚህን ሁለት ነገሮች ብቻ ስጠኝ፣

ያን ጊዜ ከፊትህ አልሰወርም፤

21እጅህን ከእኔ ላይ አንሣ፤

በግርማህም አታስፈራራኝ፤

22ከዚያ በኋላ ጥራኝ፤ እኔም እመልስልሃለሁ፤

ወይም እኔ ልናገር፤ አንተ መልስልኝ።

23በደሌና ኀጢአቴ ምን ያህል ነው?

መተላለፌንና ኀጢአቴን አስታውቀኝ።

24ፊትህን ለምን ትሰውራለህ?

እንደ ጠላትህስ ለምን ትቈጥረኛለህ?

25ነፋስ ያረገፈውን ቅጠል ታስጨንቃለህን?

የደረቀውንስ እብቅ ታሳድዳለህን?

26መራራ ነገር ትጽፍብኛለህ፤

የወጣትነቴንም ኀጢአት ታወርሰኛለህ።

27እግሬን በእግር ግንድ ታጣብቃለህ፤

ውስጥ እግሬም ላይ ምልክት አድርገህ፣

ዱካዬን አጥብቀህ ትከታተላለህ።

28“እንደ በሰበሰ ግንድ፣

ብል እንደ በላው ልብስ፣ ሕይወት እያደር ማለቅ ነው።

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 13:1-28

1“Mʼani ahu eyinom nyinaa,

mʼaso ate, na ate ase.

2Nea wunim no, me nso minim;

wonyɛ abomfiaa mma me.

3Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo no

na mekyerɛkyerɛ mʼasɛm mu kyerɛ Onyankopɔn.

4Mode atoro mmom na asra me ho;

mo nyinaa moyɛ ayaresafo a munsi hwee!

5Sɛ mobɛyɛ komm koraa a

ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!

6Afei muntie mʼano asɛm;

muntie mʼanoyi.

7Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana?

Mobɛka nnaadaasɛm ama no ana?

8Mobɛkyea mo aso ama no?

Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no ana?

9Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana?

Mubetumi adaadaa no sɛnea modaadaa nnipa no ana?

10Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a,

sɛnea ɛte biara, ɔbɛka mo anim

11Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana?

Ne ho suro ntɔ mo so ana?

12Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ;

mo anoyi yɛ dɔte twann anoyi.

13“Monyɛ komm mma menkasa;

na nea ɛbɛyɛ me biara mmra me so.

14Adɛn nti na mede me ho to amane mu

na mede me nkwa to me nsam?

15Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda;

ampa ara medi mʼakwan ho adanse wɔ nʼanim.

16Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye,

efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!

17Muntie me nsɛm yi yiye;

monyɛ aso mma nea meka.

18Afei a masiesie me nkurobɔ yi,

minim sɛ medi bem.

19Obi betumi abɔ me kwaadu ana?

Sɛ ɛte saa de a, anka mɛyɛ komm na mawu.

20“Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me,

na afei meremfa me ho nhintaw wo:

21Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri,

na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.

22Ɛno de, samena me na mɛba,

anaa ma menkasa na bua me.

23Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ?

Kyerɛ me me mfomso ne me bɔne.

24Adɛn nti na wode wʼanim asie me

na wudwen sɛ meyɛ wo tamfo?

25Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana?

Wobɛtaa ntɛtɛ a awo ana?

26Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me,

na woka me mmabunmmere mu bɔne nyinaa gu me so.

27Wode nkyehama gu mʼanan;

wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiye

na wode agyiraehyɛde ayeyɛ mʼanammɔn mu.

28“Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw,

te sɛ atade a nwewee adi.