ኢሳይያስ 55 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 55:1-13

ጥሪ ለተጠሙ

1እናንት የተጠማችሁ ሁሉ ኑ፤

እናንት ገንዘብ የሌላችሁ፣

ወደ ውሆች ኑ፤

ኑና ግዙ፤ ብሉም፤

ኑና ያለ ገንዘብ፣ ያለ ዋጋ፣

የወይን ጠጅና ወተት ግዙ።

2ገንዘባችሁን እንጀራ ባልሆነ ነገር ላይ ለምን ታጠፋላችሁ?

በማያጠግብስ ነገር ላይ ለምን ጕልበታችሁን ትጨርሳላችሁ?

ስሙ፤ እኔን ስሙኝ፤ መልካም የሆነውንም ብሉ፤

ነፍሳችሁም በጥሩ ምግብ ትደሰታለች።

3ጆሯችሁን ከፍታችሁ ወደ እኔ ቅረቡ፤

ነፍሳችሁም እንድትኖር አድምጡኝ።

ለዳዊት በገባሁት በጽኑ ፍቅሬ፣

ከእናንተም ጋር የዘላለም ኪዳን አደርጋለሁ።

4እነሆ፤ እርሱን ለሕዝቦች ምስክር፣

መሪ፣ የጦር አዝማችም አድርጌዋለሁ።

5እነሆ፤ የማታውቃቸውን መንግሥታት ትጠራለህ፤

የማያወቁህ መንግሥታት በፍጥነት ወደ አንተ ይመጣሉ፤

ምክንያቱም እግዚአብሔር አምላክህ፣

የእስራኤል ቅዱስ፣

በክብሩ ከፍ ከፍ አድርጎሃል።

6እግዚአብሔር በሚገኝበት ጊዜ ፈልጉት፤

ቀርቦም ሳለ ጥሩት።

7ክፉ ሰው መንገዱን፣

በደለኛም ሐሳቡን ይተው።

ወደ እግዚአብሔር ይመለስ፤ እርሱም ምሕረት ያደርግለታል፤

ወደ አምላካችን ይመለስ፤ ይቅርታው ብዙ ነውና።

8“ሐሳቤ እንደ ሐሳባችሁ፣

መንገዴ እንደ መንገዳችሁ አይደለምና”

ይላል እግዚአብሔር

9“ሰማያት ከምድር ከፍ እንደሚሉ፣

መንገዴ ከመንገዳችሁ፣

ሐሳቤም ከሐሳባችሁ እንዲሁ ከፍ ያለ ነው።

10ዝናምና በረዶ ከሰማይ ወርዶ፣

ምድርን በማራስ፣

እንድታበቅልና እንድታፈራ

ለዘሪው ዘር፣

ለበላተኛም እንጀራ እንድትሰጥ ሳያደርግ፣

ወደ ላይ እንደማይመለስ ሁሉ፣

11ከአፌ የሚወጣውም ቃሌ፣

በከንቱ ወደ እኔ አይመለስም፤

ነገር ግን የምሻውን ያከናውናል፤

የተላከበትንም ዐላማ ይፈጽማል።

12በደስታ ትወጣላችሁ፤

በሰላምም ትሸኛላችሁ፤

ተራሮችና ኰረብቶች፣

በፊታችሁ በእልልታ ይዘምራሉ፤

የሜዳ ዛፎች ሁሉ፣

ያጨበጭባሉ።

13በእሾኽ ፈንታ የጥድ ዛፍ፣

በኵርንችት ፈንታ ባርሰነት ይበቅላል።

ይህም የእግዚአብሔር መታሰቢያ፣

ሊጠፋ የማይችል፣

የዘላለም ምልክት ይሆናል።”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 55:1-13

Osukɔm Ho Ɔfrɛ

1“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,

mommra nsuo no ho;

na mo a monni sika,

mommra mmɛtɔ na monni!

Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo

a monntua hwee.

2Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho

ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho?

Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ,

na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.

3Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;

montie me, na mo kra anya nkwa.

Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,

me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.

4Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no,

wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.

5Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn,

na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,

Awurade, mo Onyankopɔn enti,

Israel Ɔkronkronni no,

ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.”

6Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no.

Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.

7Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho

na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho.

Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ,

ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.

8“Na mʼadwene nnyɛ mo adwene,

na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

9“Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no,

saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan,

na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene.

10Osuo ne sukyerɛmma

tɔ firi soro gu fam,

na ɛnsane nkɔ hɔ bio

gye sɛ afɔ asase

ama afifideɛ ɛgu nhwiren,

sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie.

11Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ:

Ɛrensane mma me nkyɛn kwa.

Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ

na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.

12Mode ahosɛpɛ bɛpue

na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu;

mmepɔ ne nkokoɔ

bɛto nnwom wɔ mo anim,

na mfuo so nnua nyinaa

bɛbɔ wɔn nsam.

13Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri,

na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri.

Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam,

ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ,

a ɛrentwam da.”