ኢሳይያስ 14 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 14:1-32

1እግዚአብሔር ለያዕቆብ ይራራለታል፤

እስራኤልን እንደ ገና ይመርጠዋል፤

በራሳቸውም አገር ያኖራቸዋል።

መጻተኞች አብረዋቸው ይኖራሉ፤

ከያዕቆብም ቤት ጋር ይተባበራሉ።

2አሕዛብም ይወስዷቸዋል፤

ወደ ገዛ ስፍራቸውም ይመልሷቸዋል።

የእስራኤል ቤት አሕዛብን ርስት ያደርጓቸዋል፤

በእግዚአብሔርም ምድር ወንዶችና ሴቶች ባሪያዎች አድርገው ይገዟቸዋል፤

የማረኳቸውን ይማርኳቸዋል፤

የጨቈኗቸውንም ይገዟቸዋል።

3እግዚአብሔር ከሥቃይህ፣ ከመከራህና ከጽኑ ባርነትህ ባሳረፈህ ቀን፣ 4በባቢሎን ንጉሥ ላይ ትሣለቃለህ፤ እንዲህም ትላለህ፤

ጨቋኙ እንዴት አበቃለት!

አስገባሪነቱስ14፥4 የሙት ባሕር ጥቅልል፣ የሰብዓ ሊቃናት ትርጕምና የሱርስቱ ቅጅ ከዚህ ጋር ይስማማል፤ ነገር ግን በማሶሬቱ ቅጅ የቃሉ ትርጕም በትክክል አይታወቅም። እንዴት አከተመ!

5እግዚአብሔር የክፉዎችን ዘንግ፣

የገዦችንም በትረ መንግሥት ሰብሯል፤

6ሕዝቦችን በማያቋርጥ ቍጣ የመታውን፣

ያለ ርኅራኄ እያሳደደ

የቀጠቀጠውን ሰብሯል።

7ምድር ሁሉ ሰላምና ዕረፍት አግኝታለች፤

የደስታም ዝማሬ ታስተጋባለች።

8ጥድና የሊባኖስ ዝግባ እንኳ ደስ ብሏቸው፣

“አንተም ወደቅህ፤

ዕንጨት ቈራጭም

መጥረቢያ አላነሣብንም” አሉ።

9በመጣህ ጊዜ

ሲኦል14፥9 በዚህና በቍጥር 11 እንዲሁም 15 ላይ አንዳንድ ቅጆች፣ መቃብር ይላሉ። ልትቀበልህ ተነሣሥታለች፤

ይቀበሉህም ዘንድ የሙታንን መናፍስት፣

በዓለም ገዥ የነበሩትን ሁሉ ቀስቅሳለች፤

በአሕዛብ ላይ የነገሡትን ነገሥታት

ከዙፋናቸው አውርዳለች።

10እነርሱ ሁሉ ይመልሱልሃል፤

እንዲህም ይሉሃል፤

“አንተም እንደ እኛ ደከምህ፤

እንደ እኛም ሆንህ።”

11ክብርህ፣ ከነበገና ድምፁ

ወደ ሲኦል ወረደ፤

ብሎች ከበታችህ ተነጥፈዋል፤

ትሎችም መደረቢያህ ይሆናሉ።

12አንተ የንጋት ልጅ፣ አጥቢያ ኮከብ ሆይ፤

እንዴት ከሰማይ ወደቅህ!

አንተ ቀድሞ መንግሥታትን ያዋረድህ፣

እንዴት ወደ ምድር ተጣልህ!

13በልብህም እንዲህ አልህ፤

“ወደ ሰማይ ዐርጋለሁ፤

ዙፋኔንም ከእግዚአብሔር ከዋክብት በላይ ከፍ አደርጋለሁ፤

በተራራው መሰብሰቢያ፣

በተቀደሰውም ተራራ14፥13 ወይም ሰሜኑ፤ በዕብራይስጡ፣ ዛፎን ተብሎ መተርጐም ይችላል። ከፍታ ላይ በዙፋኔ

እቀመጣለሁ፤

14ከደመናዎችም ከፍታ በላይ ዐርጋለሁ፤

ራሴንም እንደ ልዑል አደርጋለሁ።”

15ነገር ግን ወደ ሲኦል፣

ወደ ጥልቁም ጕድጓድ ወርደሃል።

16የሚያዩህም አትኵረው እየተመለከቱህ፣

በመገረም ስለ አንተ እንዲህ ይላሉ፤

“ያ ምድርን ያናወጠ፣

መንግሥታትን ያንቀጠቀጠ፣ ይህ ሰው ነውን?

17ዓለምን ምድረ በዳ ያደረገ፤

ከተሞችን ያፈራረሰ፣

ምርኮኞቹንም ወደ አገራቸው እንዳይሄዱ የከለከለ ይህ ነውን?”

18የአሕዛብ ነገሥታት ሁሉ በክብር አንቀላፍተዋል፤

በየመቃብራቸው ዐርፈዋል።

19አንተ ግን እንደማይፈለግ ቅርንጫፍ፣

ከመቃብር ወጥተህ ተጥለሃል፤

በሰይፍ በተወጉት፣

ወደ ጥልቁ ድንጋዮች በወረዱት፣

በተገደሉትም ተሸፍነሃል፤

እንደ ተረገጠም ሬሳ ሆነሃል።

20ከእነርሱ ጋር በመቃብር አትሆንም፤

ምድርህን አጥፍተሃልና፤

ሕዝብህንም ፈጅተሃልና።

የክፉ አድራጊዎች ዘር

ፈጽሞ አይታወስም።

21ተነሥተው ምድርን እንዳይወርሱ፣

ዓለምንም በከተሞቻቸው እንዳይሞሉ፣

ስለ አባቶቻቸው ኀጢአት፣

ወንድ ልጆቹ የሚታረዱበትን ስፍራ አዘጋጁ።

22“በእነርሱ ላይ እነሣለሁ”

ይላል የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር

“ስሟንና ትሩፋኖቿን፣

ዘሯንና ትውልዷን ከባቢሎን እቈርጣለሁ”

ይላል እግዚአብሔር

23“የጃርት መኖሪያ፣

ረግረጋማ ቦታ አደርጋታለሁ፤

በጥፋትም መጥረጊያ እጠርጋታለሁ”

ይላል የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር

በአሦር ላይ የተነገረ ትንቢት

24የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ብሎ ምሏል፤

“እንደ ዐቀድሁት በርግጥ ይከናወናል፤

እንደ አሰብሁትም ይሆናል።

25አሦርን በምድሬ ላይ አደቅቃለሁ፤

በተራራዬም ላይ እረግጠዋለሁ፤

ቀንበሩ ከሕዝቤ ላይ ይነሣል፤

ሸክሙም ከትከሻቸው ላይ ይወርዳል።”

26ለምድር ሁሉ የታሰበው ዕቅድ ይህ ነው፤

በአሕዛብም ሁሉ ላይ የተዘረጋው እጅ ይኸው ነው።

27የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ አስቧል፤

ማንስ ያግደዋል?

እጁም ተዘርግቷል?

ማንስ ይመልሰዋል?

በፍልስጥኤማውያን ላይ የተነገረ ትንቢት

28ንጉሡ አካዝ በሞተበት ዓመት እንዲህ የሚል ንግር መጣ፤

29“እናንት ፍልስጥኤማውያን ሆይ፤

የመታችሁ በትር ስለ ተሰበረ ሁላችሁ ደስ አይበላችሁ፤

ከእባቡ ሥር እፉኝት ይወጣልና፤

ፍሬውም ተወርዋሪ መርዘኛ እባብ ይሆናል።

30ከድኻም ድኻ የሆኑት መሰማሪያ ያገኛሉ፤

ችግረኞችም ተዝናንተው ይተኛሉ፤

ሥርህን ግን በራብ እገድላለሁ፤

ትሩፋንህንም እፈጃለሁ።

31“በር ሆይ፤ ዋይ በል! ከተማ ሆይ፤ ጩኽ!

ፍልስጥኤማውያን ሆይ፤ ሁላችሁም በፍርሀት ቅለጡ!

ጢስ ከሰሜን መጥቶብሃል፤

ከሰልፉ ተነጥሎ የሚቀር የለምና።

32ከዚያ ሕዝብ ለሚመጡ መልእክተኞች ምን መልስ ይሰጣል?

መልሱ፣ ‘እግዚአብሔር ጽዮንን መሥርቷል፤

መከራን የተቀበለው ሕዝብም፣

በእርሷ ውስጥ መጠጊያን አግኝቷል’ የሚል ነው።”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 14:1-32

1Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ;

ɔbɛsane afa Israel

na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so.

Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho

na wɔne Yakob efie aka abɔ mu.

2Amanaman bɛfa wɔn

de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ.

Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea

sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.

Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum

na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.

3Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no, 4mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ:

hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ!

Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!

5Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu,

sodifoɔ ahempoma no,

6deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn

toatoaa so hwehwee fam,

na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu

de brɛɛ amanaman no ase.

7Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu;

na wɔto dwom.

8Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro

nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ,

“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,

duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.”

9Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho

abɛhyia wo kwan;

ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom

sɛ wɔmmɛma wo akwaaba,

wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase,

ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so,

wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.

10Wɔn nyinaa bɛgye so,

wɔbɛka akyerɛ wo sɛ,

“Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn;

woayɛ sɛ yɛn ara.”

11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,

ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;

wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo

na asonsono akata wo so.

12Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,

Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!

Wɔato wo abɛhwe asase so,

wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!

13Wokaa no wʼakoma mu sɛ,

“Mɛforo akɔ soro;

mɛma mʼahennwa so

asi Onyankopɔn nsoromma atifi;

mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,

deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.

14Mɛforo atra omununkum atifi;

mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”

15Nanso wɔde wo abɛto damena mu,

amena donkudonku ase tɔnn.

16Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa,

wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ,

“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase

na ɔmaa ahennie ho popooeɛ,

17ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam,

deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ

na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”

18Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara

wɔ ne da mu.

19Nanso wɔapam wo afiri wo da mu

te sɛ duban a wɔapoɔ;

wɔde wɔn a atotɔ akata wo so,

wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano,

wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu,

te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ.

20Wɔrensie wo nka wɔn ho,

ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase

na wakunkum wo nkurɔfoɔ.

Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no

wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.

21Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima

wɔ wɔn agyanom bɔne nti;

ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so

na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.

22“Mɛsɔre atia wɔn,”

Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

“Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ,

ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,”

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

23“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ

ne ɔwora;

mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,”

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Asiria

24Asafo Awurade aka ntam sɛ,

“Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,

na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.

25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;

mɛtiatia ne so me mmepɔ so.

Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so,

na nʼadesoa nso afiri wɔn so.”

26Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa;

yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.

27Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan?

Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Filistifoɔ

28Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no:

29Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ,

sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;

saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba,

na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.

30Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea,

na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu.

Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase;

ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.

31Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn!

Monnwane, mo Filistifoɔ!

Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba,

na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.

32Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛma

saa ɔman no ananmusifoɔ?

Awurade de Sion atim hɔ.

Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.”