ኢሳይያስ 12 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 12:1-6

የውዳሴ መዝሙር

1በዚያን ቀን እንዲህ ትላለህ፤

እግዚአብሔር ሆይ፤

ቀድሞ ተቈጥተኸኝ ነበር፤

አሁን ግን ከቍጣህ ተመለስህ፤

ደግሞም አጽናንተኸኛልና አወድስሃለሁ።

2እነሆ፣ እግዚአብሔር ድነቴ ነው፤

እታመናለሁ፣ ደግሞም አልፈራም፤

12፥2 እግዚአብሔር በሚለው ስም ፈንታ ተተክቶ የገባ ነው። ጌታ እግዚአብሔር ብርታቴና ዝማሬዬ ነው፤

ድነቴም ሆኗል።”

3ከድነቴ ምንጮች

ውሃ በደስታ ትቀዳላችሁ።

4በዚያን ቀን እንዲህ ትላላችሁ፤

እግዚአብሔርን አመስግኑ፤ ስሙንም ጥሩ፤

ያደረገውንም በአሕዛብ መካከል አስታውቁ፤

ስሙ ከፍ ከፍ ማለቱንም ዐውጁ።

5ለእግዚአብሔር ዘምሩ፤ ታላቅ ሥራ ሠርቷልና፤

ይህም ለዓለም ሁሉ ይታወቅ።

6የጽዮን ሕዝብ ሆይ፤ እልል በሉ፤

በደስታም ዘምሩ፤

በመካከላችሁ ያለው የእስራኤል ቅዱስ ታላቅ ነውና።”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 12:1-6

Ayɛyie Nnwom

1Saa ɛda no, wobɛka sɛ:

“Mɛkamfo wo Ao Awurade!

Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ,

nanso afei wʼabofuo ano adwo.

Na woakyekyere me werɛ.

2Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;

mede me ho bɛto ne so, na merensuro.

Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;

na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”

3Wode anigyeɛ bɛsa nsuo

afiri nkwagyeɛ nsubura mu.

4Saa ɛda no wobɛka sɛ,

“Ɛda Awurade ase, bɔ ne din

Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ,

na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.

5To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree.

Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.

6Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so,

mo a mowɔ Sion,

ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”