ምሳሌ 3 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

ምሳሌ 3:1-35

ከጥበብ የሚገኝ ተጨማሪ በረከት

1ልጄ ሆይ፤ ትምህርቴን አትርሳ፤

ትእዛዞቼን በልብህ ጠብቅ፤

2ቀኖችን ይጨምሩልሃል፤ ዓመቶችንም ያረዝሙልሃል፤

ሕይወት፣ ሀብትንና ሰላምን ያበዙልሃል።

3ፍቅርና ታማኝነት ከቶ አይለዩህ፤

በዐንገትህ ዙሪያ እሰራቸው፤

በልብህም ጽላት ላይ ጻፋቸው።

4በዚያን ጊዜ ሞገስንና መልካም ስምን፣

በእግዚአብሔርና በሰው ዘንድ ታገኛለህ።

5በፍጹም ልብህ በእግዚአብሔር ታመን፤

በራስህ ማስተዋል አትደገፍ፤

6በመንገድህ ሁሉ እርሱን ዕወቅ፤

እርሱም ጐዳናህን ቀና ያደርገዋል።3፥6 ወይም ጐዳናህን ያቀናልሃል

7በራስህ አስተያየት ጠቢብ ነኝ አትበል፤

እግዚአብሔርን ፍራ፤ ከክፉም ራቅ።

8ይህም ለሰውነትህ ጤንነትን፣

ለዐጥንትህም ልምላሜን ያመጣልሃል።

9እግዚአብሔርን በሀብትህ፣

ከምርትህ ሁሉ በኵራት አክብረው፤

10ይህን ብታደርግ፣ ጎተራህ ሞልቶ ይትረፈረፋል፤

መጥመቂያህም በአዲስ የወይን ጠጅ ቲፍ ብሎ ይሞላል።

11ልጄ ሆይ፤ የእግዚአብሔርን ተግሣጽ አትናቅ፤

በዘለፋውም አትመረር፤

12አባት ደስ የሚሰኝበትን ልጁን እንደሚቀጣ3፥12 ወይም እንደሚገሥጽ ሁሉ፣

እግዚአብሔርም የሚወድደውን ይገሥጻልና።

13ጥበብን የሚያገኛት፣

ማስተዋልንም ገንዘቡ የሚያደርጋት ሰው ቡሩክ ነው፤

14እርሷ ከብር ይልቅ ትርፍ የምታመጣ፣

ከወርቅም ይልቅ ጥቅም የምታስገኝ ናትና።

15ከቀይ ዕንይበልጥ ውድ ናት፤

አንተ ከምትመኘውም ሁሉ የሚስተካከላት የለም።

16በቀኝ እጇ ረዥም ዕድሜ አለ፤

በግራ እጇም ሀብትና ክብር ይዛለች።

17መንገዷ ደስ የሚያሰኝ ነው፤

ጐዳናዋም ሁሉ ሰላም ነው።

18ለሚያቅፏት የሕይወት ዛፍ ናት፤

የሚይዟትም ይባረካሉ።

19እግዚአብሔር በጥበብ ምድርን መሠረተ፤

በማስተዋል ሰማያትን በየስፍራቸው አጸና፤

20በዕውቀቱ ቀላያት ተከፈሉ፤

ደመናትም ጠልን አንጠበጠቡ።

21ልጄ ሆይ፤ ትክክለኛ ፍርድንና አስተውሎ መለየትን ጠብቅ፤

እነዚህ ከእይታህ አይራቁ፤

22ለነፍስህ ሕይወት፣

ለዐንገትህም ጌጥ ይሆናሉ።

23ከዚያም መንገድህን በሰላም ትሄዳለህ፤

እግርህም አይሰናከልም፤

24ስትተኛ አትፈራም፤

ትተኛለህ እንቅልፍህም ጣፋጭ ይሆናል።

25ድንገተኛን መከራ፣

በክፉዎች ላይ የሚደርሰውንም ጥፋት አትፍራ፤

26እግዚአብሔር መታመኛህ ይሆናልና፤

እግርህንም በወጥመድ ከመያዝ ይጠብቃል።

27ማድረግ እየቻልህ

ለሚገባቸው መልካም ነገር ከማድረግ አትቈጠብ።

28አሁን በእጅህ እያለ፣

ጎረቤትህን፣ “ቈይተህ ተመለስ፤ ነገ እሰጥሃለሁ” አትበለው።

29አንተን ተማምኖ በአጠገብህ በተቀመጠ፣

በጎረቤትህ ላይ ክፉ አትምከርበት።

30ምንም ጕዳት ሳያደርስብህ፣

ያለ ምክንያት ሰውን አትክሰስ።

31በክፉ ሰው አትቅና፤

የትኛውንም መንገዱን አትምረጥ፤

32እግዚአብሔር ጠማማን ሁሉ ይጸየፋልና፤

ለቅን ሰው ግን ምስጢሩን ይገልጥለታል።

33የእግዚአብሔር ርግማን በክፉዎች ቤት ላይ ነው፤

የጻድቃንን ቤት ግን ይባርካል።

34እርሱ በዕቡያን ፌዘኞች ላይ ያፌዛል፤

ለትሑታን ግን ሞገስን ይሰጣል።

35ጠቢባን ክብርን ይወርሳሉ፤

ሞኞችን ግን ለውርደት ያጋልጣቸዋል።

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 3:1-35

Nyansa De Yiyedi Ba

1Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ,

kora me mmara wɔ wo koma mu,

2na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree

na ɛde yiyedi abrɛ wo.

3Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn

fa yan wo kɔn mu

kyerɛw gu wo koma pon so.

4Na wubenya adom ne din pa

wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

5Fa wo koma nyinaa to Awurade so,

na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;

6hu no wʼakwan nyinaa mu,

na ɔbɛteɛ wʼakwan.

7Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo;

suro Awurade na kyi bɔne.

8Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua,

na ayɛ aduan ama wo nnompe.

9Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam,

ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa;

10na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,

na nsa foforo abu afa wʼahina so.

11Me ba, sɛ Awurade teɛ wo so a, tie no yiye,

na mmu nʼanimka so,

12Efisɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.

13Nhyira nka onipa a ohu nyansa,

onipa a onya ntease,

14efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ,

na nea efi mu ba sen sikakɔkɔɔ.

15Ne bo yɛ den sen bota;

na worentumi mfa wʼapɛde biara ntoto no ho.

16Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;

ahonyade ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

17Nʼakwan yɛ ahomeka,

na nʼanammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoe.

18Ɔyɛ nkwadua ma wɔn a woso ne mu;

wɔn a wokura no mu no benya nhyira.

19Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,

na ntease mu na ɔde ɔsoro tim hɔ.

20Efi ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebun mu,

na omununkum nso tɔɔ obosu.

21Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie,

na mma emfi wʼani so;

22ɛbɛyɛ nkwa ama wo,

nnwinne a ɛma wo kɔn anuonyam wie pɛyɛ.

23Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,

na wo nan renhintiw;

24sɛ woda a worensuro;

sɛ woda a wʼani bekum.

25Nsuro mpofirim amanehunu

anaa ɔsɛe a ɛba amumɔyɛfo so,

26efisɛ Awurade bɛwɔ wʼafa

na ɔbɛkora wo nan afi afiri mu.

27Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,

bere a tumi wɔ wo nsam.

28Nka nkyerɛ wo yɔnko se:

“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”

wɔ bere a wowɔ no saa bere no.

29Mpam ɔhaw mma wo yɔnko

bere a ɔne wo te yiye.

30Mmɔ obi sobo kwa

bere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara ɛ.

31Mma wʼani mmere basabasayɛfo,

na mfa nʼakwan no mu biara,

32efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo

na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu.

33Awurade nnome wɔ omumɔyɛfo fi so,

na ohyira ɔtreneeni fi.

34Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw,

na ɔdom ahobrɛasefo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no.

35Anyansafo benya anuonyam adi,

nanso nkwaseafo de, ɔma wɔn anim gu ase.