ምሳሌ 22 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ምሳሌ 22:1-29

1መልካም ስም ከብዙ ብልጽግና ይመረጣል፤

መከበርም ከብርና ከወርቅ ይበልጣል።

2ባለጠጋና ድኻ የሚጋሩት ነገር፣

እግዚአብሔር የሁላቸውም ፈጣሪ መሆኑ ነው።

3አስተዋይ ሰው አደጋ ሲያይ መጠጊያ ይሻል፤

ብስለት የጐደለው ግን በዚያው ይቀጥላል፤ መከራም ያገኘዋል።

4ትሕትናና እግዚአብሔርን መፍራት፣

ሀብትን፣ ክብርንና ሕይወትን ያስገኛል።

5በክፉዎች መንገድ ላይ እሾኽና ወጥመድ አለ፤

ነፍሱን የሚጠብቅ ግን ከእነዚህ ይርቃል።

6ልጅን የሚሄድበትን መንገድ አስተምረው፤22፥6 ወይም አስጀምረው

በሚሸመግልበት ጊዜ ከዚያ ፈቀቅ አይልም።

7ባለጠጋ ድኻን ይገዛል፤

ተበዳሪም የአበዳሪ ባሪያ ነው።

8ክፋትን የሚዘራ መከራን ያጭዳል፤

የቍጣውም በትር ይጠፋል።

9ቸር ሰው ራሱ ይባረካል፤

ምግቡን ከድኾች ጋር ይካፈላልና።

10ፌዘኛን አስወጣው፤ ጠብ ይወገዳል፤

ጥልና ስድብም ያከትማል።

11የልብ ንጽሕናን ለሚወድድና ንግግሩም ሞገስ ላለው ሰው፣

ንጉሥ ወዳጁ ይሆናል።

12የእግዚአብሔር ዐይኖች ዕውቀትን ይጠብቃሉ፤

የማይታመኑትን ሰዎች ቃል ግን እርሱ ከንቱ ያደርጋል።

13ሰነፍ፣ “አንበሳ ውጭ አለ፤

መንገድ ላይ እገደላለሁ” ይላል።

14የአመንዝራ ሴት አፍ ጥልቅ ጕድጓድ ነው፤

እግዚአብሔር የተቈጣውም ይገባበታል።

15ሞኝነት በሕፃን ልብ ታስሯል፤

የተግሣጽ በትር ግን ከእርሱ ያርቅለታል።

16ሀብቱን ለማካበት ድኻን የሚበድል፣

ለባለጠጋም ስጦታ የሚያቀርብ፣ ሁለቱም ይደኸያሉ።

የጠቢባን ምክር

17የጠቢባንን ቃል ልብ ብለህ ስማ፤

ልብህም ወደ ትምህርቴ ያዘንብል፤

18በልብህ ስትጠብቃቸው፣

ሁሉም በከንፈሮችህ ላይ የተዘጋጁ ሲሆኑ ደስ ይላልና።

19ስለዚህ እምነትህ በእግዚአብሔር ላይ እንዲሆን፣

ዛሬ አንተን ራስህን አስተምርሃለሁ።

20የምክርና የዕውቀት ቃል የሆኑ፣

መልካም ትምህርቶችን22፥20 ወይም ሠላሳ ትምህርቶችን አልጻፍሁልህምን?

21ለላከህ ተገቢውን መልስ ትሰጥ ዘንድ፣

እውነተኛና የታመኑ ቃሎችን እንዳስተምርህ አይደለምን?

22ድኾች በመሆናቸው ብቻ ድኾችን አትበዝብዛቸው፤

ችግረኛውንም በአደባባይ አታንገላታው፤

23እግዚአብሔር ይፋረድላቸዋልና፤

የሚቀሟቸውንም ይቀማቸዋል።

24ከግልፍተኛ ጋር ወዳጅ አትሁን፤

በቀላሉ ቱግ ከሚልም ሰው ጋር አትወዳጅ፤

25አለዚያ መንገዱን ትማራለህ፤

ራስህም ትጠመድበታለህ።

26በዋስትና ቃል እጅ አትምታ፤

ለብድር ተያዥ አትሁን፤

27የምትከፍለው ካጣህ፣

የምትተኛበት ዐልጋ ከሥርህ ይወሰድብሃል።

28የቀድሞ አባቶችህ ያስቀመጡትን፣

የጥንቱን የወሰን ምልክት አታፋልስ።

29በሙያው ሥልጡን የሆነውን ሰው አይተሃልን?

በነገሥታት ዘንድ ባለሟል ይሆናል፤

አልባሌ ሰዎችን አያገለግልም።

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 22:1-29

1Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe;

sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.

2Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako,

Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.

3Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho,

nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane.

4Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro

ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.

5Nkasɛɛ ne mfidie wɔ amumuyɛfoɔ akwan so,

nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.

6Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,

na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.

7Adefoɔ di ahiafoɔ so,

na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.

8Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhaw

na wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa.

9Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira

ɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.

10Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ;

ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa.

11Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam

bɛnya ɔhene afa no adamfo.

12Awurade ani wɛn nimdeɛ,

na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm.

13Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!”

anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.”

14Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku;

deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.

15Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho,

nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.

16Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya

anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.

Anyansasɛm

17Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;

fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

18ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu,

na ne nyinaa ada wʼano.

19Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so,

merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.

20Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo,

deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

21a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho,

sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?

22Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti,

na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ,

23ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn

na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.

24Mfa obi a ne bo ha no adamfo,

na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,

25anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan

na woakɔtɔ afidie mu.

26Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu,

anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;

27na sɛ wonni deɛ wɔde tua a

wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.

28Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ;

deɛ wo nananom de sisii hɔ no.

29Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa?

Ahemfo anim na ɔbɛsom,

na ɔrensom wɔ mpapahwekwaa anim.