ሚክያስ 2 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ሚክያስ 2:1-13

የእግዚአብሔርና የሰው ዕቅድ

1ክፉ ለመሥራት ለሚያቅዱ፣

በመኝታቸው ሳሉ ተንኰል ለሚያውጠነጥኑ ወዮላቸው!

ሲነጋ በማለዳ ይፈጽሙታል፤

የሚያደርጉበት ኀይል በእጃቸው ነውና።

2ዕርሻ ይመኛሉ፤ ይይዙታልም፤

ቤት ይመኛሉ፤ ይወስዱታልም፤

የሰውን ቤት፣

የባልንጀራን ርስት አታልለው ይወስዳሉ።

3ስለዚህ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤

“እነሆ፤ በዚያ ሕዝብ ላይ ጥፋት ላመጣ ዐቅጃለሁ፤

ከዚህም ለማምለጥ አትችሉም።

ከእንግዲህ በትዕቢት አትመላለሱም፤

የመከራ ጊዜ ይሆናልና።

4በዚያ ቀን ሰዎች ይሣለቁባችኋል፤

በሐዘን እንጕርጕሮ እንዲህ እያሉ ያፌዙባችኋል፤

‘እኛ ፈጽሞ ጠፍተናል፤

የወገኔ ርስት ተከፋፍሏል።

ከእኔ ነጥቆ ወስዶ፣

ዕርሻዎቻችንን ላሸነፉን አከፋፈለ።’ ”

5ስለዚህ በእግዚአብሔር ጉባኤ ውስጥ፣

መሬት በዕጣ የሚያካፍል ማንም አይኖርም።

ሐሰተኞች ነቢያት

6ነቢያቶቻቸው፣ “ትንቢት አትናገርብን፤

ስለ እነዚህ ነገሮች ትንቢት አትናገር፤

ውርደት አይደርስብንም” ይላሉ።

7የያዕቆብ ቤት ሆይ፤ እንዲህ ሊባል ይገባልን?

የእግዚአብሔር መንፈስ የማይታገሥ ነውን?

እንዲህ ያሉ ነገሮችንስ ያደርጋልን?”

“መንገዱ ቀና ለሆነ፣

ቃሌ መልካም አያደርግምን?

8በመጨረሻ በሕዝቤ ላይ ጠላት ሆናችሁ

ተነሣችሁ፤

የጦርነት ሐሳብ ሳይኖራቸው፣

በሰላም ከሚያልፉ ሰዎች ላይ

ማለፊያ መጐናጸፊያ ገፈፋችሁ።

9ከሚወድዱት ቤታቸው፣

የሕዝቤን ሴቶች አስወጣችኋቸው፤

ክብሬን ከልጆቻቸው

ለዘላለም ወሰዳችሁ።

10ተነሡና ከዚያ ሂዱ፤

ይህ ማረፊያ ቦታችሁ አይደለምና፤

ምክንያቱም ረክሷል፤

ክፉኛም ተበላሽቷል።

11ሐሰተኛና አታላይ ሰው መጥቶ፣

‘ስለ ብዙ የወይን ጠጅና ስለሚያሰክር መጠጥ ትንቢት እነግራችኋለሁ’ ቢል፣

ለዚህ ሕዝብ ተቀባይነት ያለው ነቢይ ይሆናል።

የትድግና ተስፋ

12“ያዕቆብ ሆይ፤ በርግጥ ሁላችሁንም እሰበስባለሁ፤

የእስራኤልንም ትሩፍ በአንድነት አመጣለሁ፤

በጕረኖ ውስጥ እንዳሉ በጎች በመሰማሪያ ላይ እንዳለ መንጋ በአንድነት

እሰበስባቸዋለሁ፤

ቦታውም በሕዝብ ይሞላል።

13የሚሰብረው ወጥቶ በፊታቸው ይሄዳል፤

እነርሱም በሩን በመስበር ወጥተው ይሄዳሉ።

እግዚአብሔር እየመራቸው፣

ንጉሣቸው ቀድሟቸው ይሄዳል።”

Asante Twi Contemporary Bible

Mika 2:1-13

Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ

1Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene,

wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so!

Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no

ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

2Wɔn ani bere mfuo na wɔgye.

Na afie nso wɔfa.

Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie,

na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.

3Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho

na worentumi nnyi wo ho mfiri mu.

Worentumi nnante ahantan so bio,

ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.

4Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo.

Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi

bɛdi mo ho fɛ sɛ:

‘wɔasɛe yɛn koraa;

wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu.

Ɔgye firi me nsa mu!

Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”

5Enti morennya obi wɔ

Awurade asafo mu

a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

Atorɔ Adiyifoɔ

6“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka.

“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;

animguaseɛ rento yɛn.”

7Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa.

Awurade Honhom nni boasetɔ?

Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa?

“Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene

no yie anaa?

8Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre

te sɛ asraafoɔ.

Moworɔ ntadeɛ pa firi

wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho,

ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.

9Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu

firi wɔn afie fɛfɛ mu.

Mogye me nhyira

firi wɔn mma nsam afebɔɔ.

10Sɔre, firi ha kɔ!

Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome,

ɛfiri sɛ ɛho agu fi,

Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.

11Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ,

‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’

ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.

Ɔgyeɛ Ho Bɔhyɛ

12“Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob;

nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu.

Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu,

te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea;

nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.

13Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim

wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ.

Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim,

Awurade bɛyɛ wɔn ti.”