ሐዋርያት ሥራ 21 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ሐዋርያት ሥራ 21:1-40

ወደ ኢየሩሳሌም ጕዞ

1ከእነርሱ ከተለየን በኋላ ቀጥታ በመርከብ ወደ ቆስ ተጓዝን፤ በማግስቱም ወደ ሩድ፣ ከዚያም ወደ ጳጥራ አመራን። 2በዚያም ወደ ፊንቄ የሚሄድ መርከብ ስላገኘን፣ ተሳፍረን ጕዟችንን ቀጠልን። 3ቆጵሮስ በታየችን ጊዜ፣ ወደ ግራ ትተናት ዐለፍንና ወደ ሶርያ አመራን፤ መርከባችን ጭነቱን በጢሮስ ማራገፍ ስለ ነበረበት እኛም እዚያው ወረድን። 4ደቀ መዛሙርትንም በዚያ አግኝተን፣ ሰባት ቀን ከእነርሱ ጋር ተቀመጥን። እነርሱም በመንፈስ ሆነው ጳውሎስ ወደ ኢየሩሳሌም እንዳይሄድ ነገሩት። 5የቈይታ ጊዜያችን ባለቀ ጊዜ፣ ትተናቸው ጕዟችንን ቀጠልን፤ ደቀ መዛሙርቱም ሁሉ ከሚስቶቻቸውና ከልጆቻቸው ጋር እስከ ከተማው ውጭ ድረስ ሸኙን፤ በባሕሩም ዳር ተንበርክከን ጸለይን፤ 6ከተሰነባበትንም በኋላ እኛ ወደ መርከቡ ገባን፤ እነርሱም ወደ ቤታቸው ተመለሱ።

7ከጢሮስ ተነሥተን ጕዟችንን በመቀጠል ጴጤሌማይስ ደረስን፤ ከመርከብ ወርደንም ለወንድሞች ሰላምታ ካቀረብን በኋላ፣ አንድ ቀን ከእነርሱ ጋር ቈየን። 8በማግስቱም ከዚያ ተነሥተን ቂሳርያ ደረስን፤ ከሰባቱ ወንጌላውያን አንዱ በሆነው በፊልጶስ ቤትም ዐረፍን። 9እርሱም ትንቢት የሚናገሩ አራት ደናግል ሴቶች ልጆች ነበሩት።

10በዚያም ብዙ ቀን ከተቀመጥን በኋላ አጋቦስ የተባለ ነቢይ ከይሁዳ ወረደ፤ 11ወደ እኛም መጣና የጳውሎስን መታጠቂያ ወሰደ፤ የራሱንም እጅና እግር በማሰር፣ “መንፈስ ቅዱስ፣ ‘በኢየሩሳሌም ያሉ አይሁድ የዚህን መታጠቂያ ባለቤት እንዲህ አድርገው በማሰር ለአሕዛብ አሳልፈው ይሰጡታል’ ይላል” አለ።

12ይህን ስንሰማ እኛና በዚያም የሚኖሩት ጳውሎስ ወደ ኢየሩሳሌም እንዳይሄድ ለመንነው። 13ጳውሎስ ግን፣ “ለምን እንዲህ እያለቀሳችሁ ልቤን ታባቡታላችሁ? እኔ መታሰር ቀርቶ ስለ ጌታ ኢየሱስ ስም በኢየሩሳሌም ለመሞት እንኳ ዝግጁ ነኝ” አላቸው። 14ምክራችንን አልቀበል ስላለን፣ “እንግዲህ የጌታ ፈቃድ ይሁን” ብለን ተውነው።

15ከዚህ በኋላ፣ ተዘጋጅተን ወደ ኢየሩሳሌም ወጣን። 16በቂሳርያ ከነበሩት ደቀ መዛሙርትም አንዳንዶቹ ወደ ምናሶን ቤት ይዘውን መጡ፤ እኛም በዚያው ተቀመጥን። ምናሶን የቆጵሮስ ሰው ሲሆን፣ ከመጀመሪያዎቹ ደቀ መዛሙርት አንዱ ነበረ።

ጳውሎስ ኢየሩሳሌም ደረሰ

17ኢየሩሳሌም በደረስን ጊዜ ወንድሞች በደስታ ተቀበሉን። 18በማግስቱም ጳውሎስና ሌሎቻችንም ያዕቆብን ለማየት ሄድን፤ ሽማግሌዎችም ሁሉ በዚያ ነበሩ። 19ጳውሎስም ሰላምታ ካቀረበላቸው በኋላ፣ እግዚአብሔር በእርሱ አገልግሎት አማካይነት በአሕዛብ መካከል ያደረገውን ሁሉ በዝርዝር አስረዳቸው።

20እነርሱም ይህን ሲሰሙ፣ እግዚአብሔርን አመሰገኑ፤ ጳውሎስንም እንዲህ አሉት፤ “ወንድም ሆይ፤ በብዙ ሺሕ የሚቈጠሩ አይሁድ እንዳመኑ ተመልከት፤ ሁሉም ደግሞ ለሙሴ ሕግ የሚቀኑ ናቸው። 21በአሕዛብ መካከል የሚኖሩ አይሁድ ሁሉ ሙሴን እንዲተዉና ልጆቻቸውን እንዳይገርዙ፣ በቈየው ልማዳችን መሠረት እንዳይኖሩ እንደምታስተምር ስለ አንተ ተነግሯቸዋል። 22መምጣትህን መስማታቸው የማይቀር ነውና እንግዲህ ምን እናድርግ? 23ስለዚህ የምንልህን አድርግ። ስእለት ያለባቸው አራት ሰዎች በእኛ ዘንድ አሉ፤ 24እነዚህን ሰዎች ይዘህ ከእነርሱ ጋር የመንጻቱን ሥርዐት ፈጽም፤ ራሳቸውንም እንዲላጩ የሚጠየቀውን ገንዘቡን ክፈልላቸው፤ በዚህም ስለ አንተ የተነገራቸው ሰዎች ሁሉ የሰሙት እውነት እንዳልሆነና አንተ ራስህ ሕጉን ጠብቀህ የምትኖር መሆንህን ያውቃሉ። 25ከአሕዛብ ወገን ያመኑትን በተመለከተ ግን ለጣዖት የተሠዋ ምግብ፣ ደምና ታንቆ የሞተ ከብት እንዳይበሉ፣ ደግሞም ከዝሙት ርኩሰት ራሳቸውን እንዲጠብቁ ወስነን ጽፈንላቸዋል።”

26ጳውሎስም በማግስቱም ሰዎቹን ይዞ ሄደ፤ አብሯቸውም የመንጻቱን ሥርዐት ፈጸመ። ከዚያም የመንጻቱ ሥርዐት መቼ እንደሚያበቃና የእያንዳንዳቸውም መሥዋዕት መቼ እንደሚቀርብ ለማስታወቅ ወደ ቤተ መቅደስ ገባ።

ጳውሎስ ተያዘ

27ሰባቱ ቀንም ሊፈጸም ሲቃረብ፣ ከእስያ አውራጃ የመጡት አይሁድ ጳውሎስን በቤተ መቅደስ ባዩት ጊዜ፣ ሕዝቡን ሁሉ አነሣሥተው ያዙት፤ 28እንዲህም እያሉ ጮኹ፤ “የእስራኤል ሰዎች ሆይ፤ ርዱን! ሕዝባችንንና ሕጋችንን እንዲሁም ይህን ስፍራ በማጥላላት በደረሰበት ስፍራ የሚገኙትን ሰዎች ሁሉ የሚያስተምረው ሰው ይህ ነው፤ ከዚህም በላይ ግሪኮችን ወደ ቤተ መቅደስ እያስገባ ይህን የተቀደሰ ስፍራ የሚያረክሰው እርሱ ነው።” 29ይህንም ያሉት ቀደም ሲል፣ የኤፌሶኑን ሰው ጥሮፊሞስን ከጳውሎስ ጋር በከተማው ውስጥ ስላዩት፣ ጳውሎስ እርሱንም ወደ ቤተ መቅደስ ይዞ የገባ ስለ መሰላቸው ነበር።

30ከተማው በሙሉ ታወከ፤ ሕዝቡም ከየአቅጣጫው እየተሯሯጡ መጡ፤ ጳውሎስንም ይዘው እየጐተቱት ከቤተ መቅደሱ ግቢ አወጡት፤ በሮቹም ወዲያውኑ ተዘጉ። 31ሊገድሉት ሲፈልጉም የኢየሩሳሌም ከተማ ፍጹም ታወከች፤ ወሬውም ለሮማ ጦር አዛዥ ደረሰው። 32እርሱም ወዲያው አንዳንድ የጦር መኰንኖችንና ወታደሮችን ይዞ እየሮጠ ወደ እነርሱ ወረደ፤ እነርሱም መኰንኖቹንና ወታደሮቹን ባዩ ጊዜ ጳውሎስን መደብደብ ተዉ።

33የጦር አዛዡም ቀርቦ ያዘው፤ በሁለት ሰንሰለትም እንዲታሰር ትእዛዝ ሰጠ፤ ከዚያም ማን መሆኑንና ምን እንዳደረገ ጠየቀ። 34ሕዝቡም ከፊሉ አንድ ነገር ሲናገር፣ ከፊሉ ደግሞ ሌላ ይናገር ነበር፤ ከጫጫታው የተነሣም አዛዡ ምንም ነገር ሊሰማ አልቻለም፤ ስለዚህ ጳውሎስ ወደ ጦር ሰፈር እንዲወሰድ አዘዘ። 35ከሕዝቡ ሁካታ የተነሣ፣ ጳውሎስ ወደ መውጫው ደረጃ ሲደርስ ወታደሮቹ ይሸከሙት ዘንድ ግድ ሆነባቸው። 36ከኋላ የተከተለውም ሕዝብ፣ “አስወግደው!” እያለ ይጮኽ ነበር።

ጳውሎስ ለሕዝቡ ተናገረ

37ወታደሮቹ ወደ ጦር ሰፈር ይዘውት ሊሄዱ ሲሉ፣ ጳውሎስ ጦር አዛዡን፣ “አንድ ነገር እንድነግርህ ፍቀድልኝ?” አለው።

አዛዡም እንዲህ አለው፤ “የግሪክ ቋንቋ ታውቃለህ? 38አንተ ከዚህ ቀደም ዐመፅ አስነሥተህ፣ አራት ሺሕ ነፍሰ ገዳዮችን ወደ በረሓ ያሸፈትኸው ግብፃዊ አይደለህምን?”

39ጳውሎስም፣ “እኔስ በኪልቅያ ያለችው የታዋቂዋ የጠርሴስ ከተማ ነዋሪ የሆንሁ አይሁዳዊ ነኝ፤ ለሕዝቡ ንግግር እንዳደርግ ፍቀድልኝ” አለው።

40ጳውሎስም የጦር አዛዡን ካስፈቀደ በኋላ፣ በደረጃው ላይ ቆሞ ሕዝቡን በእጁ ጠቀሰ፤ ሁሉም ጸጥ ባሉ ጊዜ፣ በዕብራይስጥ21፥40 ወይም አራማይክ፤ እንዲሁም 22፥2 ቋንቋ እንዲህ አለ፤

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 21:1-40

Paulo Kɔ Yerusalem

1Yɛne Efeso asafo mpanimfoɔ no dii ntetemu no, yɛsii mu nam nsuo ani tee kɔɔ Ko. Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Rodo na yɛfirii hɔ kɔɔ Patara. 2Yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔeɛ. 3Yɛduruu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yɛtwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yɛsii fam wɔ Tiro, ɛfiri sɛ, na ɛhɔ na wɔrekɔyi ɛhyɛn no mu nneɛma. 4Yɛhunuu asuafoɔ bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnawɔtwe. Asuafoɔ no nam Honhom Kronkron adiyie so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 5Nanso, ɛberɛ duruu sɛ ɛsɛ sɛ yɛfiri hɔ no, yɛgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. Asuafoɔ no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kɔgyaa yɛn kwan kɔduruu mpoano. Yɛduruu hɔ no, yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. 6Afei, yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wieeɛ no, yɛkɔtenaa ɛhyɛn no mu maa wɔn nso sane kɔɔ efie.

7Yɛfiri Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantuo no so faa nsuo ani kɔduruu Ptolemai. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔkyeaa asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro. 8Adeɛ kyeeɛ no, yɛfirii hɔ kɔɔ Kaesarea. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔɔ ɔsɛmpakafoɔ Filipo a na ɔka mmarima baason a wɔyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fie kɔtenaa ne nkyɛn. 9Na Filipo wɔ mma mmaabunu baanan bi a na wɔhyɛ nkɔm.

10Yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifoɔ bi a wɔfrɛ no Agabo firi Yudea baa hɔ. 11Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛdeɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no na wɔde no ahyɛ amanamanmufoɔ no nsa ni!’ ”

12Yɛtee saa asɛm yi no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Osu a moresu de hyɛ me awerɛhoɔ yi ase ne sɛn? Me de masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na mesuro, na sɛ ɛtwa sɛ mewu mema Awurade Yesu a, mɛwu.” 14Yɛkaeɛ kaeɛ a wampene no, yɛgyae kaa sɛ, “Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.”

15Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho firii hɔ kɔɔ Yerusalem. 16Kaesarea asuafoɔ no bi ne yɛn kɔeɛ. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ɔfiri Kipro a ɔgyee Yesu Kristo diiɛ akyɛre no fie.

Paulo Kɔsra Yakobo

17Yɛduruu Yerusalem no, asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyee yɛn fɛw so. 18Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔkyeaa Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanimfoɔ. 19Nkyea no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu no kyerɛɛ wɔn.

20Wɔtiee Paulo amanneɛbɔ no wieeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, wʼankasa wodi adanseɛ sɛ Yudafoɔ mpempem na na wɔabɛyɛ asuafoɔ a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. 21Saa nnipa yi ate sɛ wotia Mose mmara no ne Yudafoɔ amanneɛ; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔte amanamanmufoɔ no mu sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia na wɔnnni yɛn amanneɛ nso so. 22Deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti, afei yɛbɛyɛ no ɛdeɛn? 23Yɛ deɛ yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔresiesie wɔn ho ama amanneɛ ho bɔhyɛ. 24Wo ne wɔn nkɔ na monkɔdwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwitwa wɔn tirinwi. Yei bɛma obiara ahunu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wʼankasa mpo, wodi Mose mmara no so. 25Amanamanmufoɔ a wɔabɛyɛ asuafoɔ no de, yɛatwerɛ akɔma wɔn akyerɛ gyinaeɛ a yɛasi sɛ, wɔnnni aduane biara a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom; wɔnnni mogya; wɔnnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na ɔwuiɛ; na afei nso, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho.”

26Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne mmarima no kɔdwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wɔbɛwie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn mmaako mmaako.

Wɔkyere Paulo

27Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia hunuu Paulo wɔ asɔredan mu hɔ, hwanyanee nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa maa wɔkyeree Paulo. 28Wɔteateaam sɛ, “Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Yei ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfoɔ, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde amanamanmufoɔ bi aba ha de agu Kronkronbea ha ho fi.” 29Deɛ ɛma wɔkaa saa asɛm yi ne sɛ, na wɔahunu Paulo ne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ, enti na wɔsusu sɛ Paulo de no akɔ asɔredan mu hɔ.

30Wɔtee saa asɛm yi no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi, kɔkyeree Paulo, twee no firii asɔredan no mu hɔ. Ɛhɔ ara, wɔtotoo asɔredan no apono no nyinaa mu. 31Ɛberɛ a ɛdɔm no pɛɛ sɛ wɔkum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafoɔ apem so safohene no sɛ, basabasa asi Yerusalem. 32Amonom hɔ ara, ɔsafohene no ne asraafoɔ mpanin bi ne asraafoɔ bi de ahoɔherɛ kɔɔ baabi a dɔm no ahyia no. Ɛberɛ a nnipa no hunuu no ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ.

33Ɔsafohene no kɔsɔɔ Paulo mu, kyerɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no. Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?” 34Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkorɔ; ebinom ka sei a, na afoforɔ nso aka sei. Saa basabasa yi amma ɔsafohene no antumi anhunu asɛm pɔtee a asi. Ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. 35Wɔde Paulo duruu atwedeɛ no ano no, ɛdɔm no bɔ toaa no enti asraafoɔ no tam no kɔeɛ. 36Ɛdɔm no tu dii wɔn akyi teateaam sɛ, “Monkum no!”

Paulo Yi Ne Ho Ano

37Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ, “Mesrɛ wo, mɛtumi maka asɛm bi makyerɛ wo anaa?”

Ɔsafohene no nso bisaa no sɛ, “Enti, wote Hela kasa? 38Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ɔhyɛɛ basabasayɛ ase dii mmarima awudifoɔ mpemnan anim kɔɔ ɛserɛ so no?”

39Paulo buaa no sɛ, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kuro a agye din no mu onipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho ɛkwan na me ne nnipa no nkasa.”

40Ɔsafohene no maa Paulo ɛkwan ma ɔgyinaa atwedeɛ no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu sɛ: