ሐዋርያት ሥራ 12 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ሐዋርያት ሥራ 12:1-25

ጴጥሮስ ከእስር ቤት በታምር ወጣ

1በዚያ ዘመን ንጉሡ ሄሮድስ አንዳንድ የቤተ ክርስቲያን አባላትን እያሳደደ ያስጨንቅ ነበር፤ 2የዮሐንስንም ወንድም ያዕቆብን በሰይፍ አስገደለ። 3ይህ አድራጎቱ አይሁድን ደስ እንዳሰኛቸው ባየ ጊዜ፣ ጴጥሮስን ደግሞ አስያዘው፤ ይህም የሆነው በቂጣ በዓል ሰሞን ነበር። 4ጴጥሮስን ወህኒ ቤት ካስገባው በኋላ፣ አራት አራት ወታደሮች እየሆኑ እንዲጠብቁት በአራት ፈረቃ ለተመደቡ ወታደሮች አስረከበው፤ ይህን ያደረገውም የፋሲካ በዓል ካለፈ በኋላ ሕዝብ ፊት አውጥቶ ሊያስፈርድበት አስቦ ነው።

5ጴጥሮስም በዚህ መሠረት እስር ቤት ተጣለ፤ ቤተ ክርስቲያኒቱ ግን ስለ እርሱ አጥብቃ ወደ እግዚአብሔር ትጸልይ ነበር።

6ሄሮድስም ጴጥሮስን ሕዝቡ ፊት ሊያቀርበው አስቦ ሳለ፣ ጴጥሮስ በዚያው ሌሊት በሁለት ሰንሰለት ታስሮ፣ ከሁለት ወታደሮች መካከል ተኝቶ ነበር፤ የወህኒ ቤት ጠባቂዎችም እስር ቤቱ በር ላይ ቆመው ነበር። 7የጌታ መልአክም ድንገት ታየ፤ በክፍሉም ውስጥ ብርሃን በራ፤ መልአኩም የጴጥሮስን ጐን መታ አድርጎ ቀሰቀሰውና፣ “ቶሎ ተነሣ!” አለው፤ በዚህ ጊዜ ሰንሰለቶቹ ከእጆቹ ወደቁ።

8መልአኩም፣ “ልብስህን ልበስ፤ ጫማህንም አድርግ” አለው። ጴጥሮስም እንደ ታዘዘው አደረገ። መልአኩም ቀጥሎ፣ “መደረቢያህን ከላይ ጣል አድርገህ ተከተለኝ” አለው። 9ጴጥሮስም ተከትሎት ከእስር ቤት ወጣ፤ ነገር ግን ራእይ የሚያይ መሰለው እንጂ መልአኩ የሚያደርገው ነገር በእውን መሆኑን አላወቀም ነበር። 10የመጀመሪያውንና ሁለተኛውን ዘብ ዐልፈው ወደ ከተማዪቱ በሚወስደው መንገድ ላይ ወዳለው የብረት መዝጊያ ዘንድ ደረሱ። መዝጊያውም ራሱ ዐውቆ ተከፈተላቸው፤ እነርሱም ወጥተው ሄዱ፤ አንዲት ስላች መንገድ እንዳለፉም ወዲያው መልአኩ ተለየው።

11ጴጥሮስም ሲረጋጋ፣ “ጌታ መልአኩን ልኮ ከሄሮድስ እጅና አይሁድ ካሰቡብኝ ሁሉ እንዳወጣኝ አሁን ያለ ጥርጥር ዐወቅሁ” አለ።

12ይህን ከተረዳ በኋላም፣ ብዙ ሰዎች ተሰብስበው በአንድነት ወደሚጸልዩበት፣ ማርቆስ ወደተባለው ወደ ዮሐንስ እናት ወደ ማርያም ቤት ሄደ። 13እዚያ ደርሶ የውጭውን በር ባንኳኳ ጊዜ፣ ሮዳ የተባለች አንዲት የቤት ሠራተኛ ማን እንደ ሆነ ለማጣራት ወደ በሩ ሄደች። 14የጴጥሮስ ድምፅ መሆኑንም ባወቀች ጊዜ፣ በጣም ከመደሰቷ የተነሣ በሩን ሳትከፍት ሮጣ በመመለስ፣ ጴጥሮስ በሩ ላይ ቆሞ እንደሚገኝ ተናገረች።

15ሰዎቹም፣ “አብደሻል እንዴ!” አሏት፤ እርሷ ግን ይህንኑ ደጋግማ በነገረቻቸው ጊዜ፣ “እንግዲያውስ የእርሱ መልአክ ነው” አሉ።

16ጴጥሮስ ግን በር ማንኳኳቱን ቀጠለ፤ እነርሱም በሩን ከፍተው ባዩት ጊዜ ተገረሙ። 17እርሱም ዝም እንዲሉ በእጁ ጠቅሶ፣ ጌታ ከእስር ቤት እንዴት እንዳወጣው አስረዳቸው፣ “ስለ ሁኔታው ለያዕቆብና ለወንድሞች ንገሯቸው” አላቸው፤ ከዚያም ወደ ሌላ ስፍራ ሄደ።

18በማግስቱም ጧት ወታደሮቹ፣ “ጴጥሮስ የት ገባ?” እያሉ በመካከላቸው ትልቅ ትርምስ ተፈጠረ። 19ሄሮድስም ጴጥሮስን አስፈልጎ ባጣው ጊዜ፣ ዘብ ጠባቂዎቹን በጥብቅ ከመረመረ በኋላ እንዲገደሉ አዘዘ።

የሄሮድስ አሟሟት

ከዚያም ሄሮድስ ከይሁዳ ወደ ቂሳርያ ወርዶ እዚያ ተቀመጠ። 20እርሱም ከጢሮስና ከሲዶና ሰዎች ጋር ጥለኛ ነበር፤ አገራቸው ምግብ የሚያገኘው ከንጉሡ ግዛት ስለ ነበር፣ የንጉሡን ባለሟል የብላስጦስን ድጋፍ ካገኙ በኋላ፣ አንድ ላይ ሆነው ከንጉሡ ጋር ለመታረቅ ጠየቁ።

21በቀጠሮውም ቀን ሄሮድስ ልብሰ መንግሥቱን ለብሶ በዙፋኑ ላይ ተቀመጠ፤ ለሕዝቡም ንግግር አደረገ። 22ሕዝቡም፣ “ይህስ የአምላክ ድምፅ እንጂ የሰው አይደለም” ብለው ጮኹ። 23ሄሮድስም ለእግዚአብሔር ክብር ስላልሰጠ የጌታ መልአክ ወዲያው መታው፤ በትልም ተበልቶ ሞተ።

24የእግዚአብሔር ቃል ግን እያደገና እየሰፋ ሄደ።

25በርናባስና ሳውልም ተልእኳቸውን ፈጽመው ከኢየሩሳሌም12፥25 አንዳንድ ቅጆች ወደ ኢየሩሳሌም ይላሉ። ተመለሱ፤ ማርቆስ የተባለውን ዮሐንስንም ከእነርሱ ጋር ይዘውት መጡ።

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 12:1-25

Wɔtaa Asomafoɔ No

1Saa ɛberɛ yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi hyɛɛ aseɛ yɛɛ wɔn ayayadeɛ. 2Ɔde akofena kumm Yohane nua Yakobo. 3Ɔhunuu sɛ Yudafoɔ no ani gye deɛ ɔyɛeɛ no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. 4Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafoɔ baanan na wɔwɛn no ɛberɛ biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ, Twam Afahyɛ no akyi, ɔbɛdi nʼasɛm wɔ ɔman no anim.

5Ɛberɛ a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpaeɛ denden, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.

Ɔbɔfoɔ Yi Petro Firi Afiase

6Anadwo a adeɛ rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agugu no asesa asraafoɔ baanu a wɔwɛn no no. Na asraafoɔ baanu nso rewɛn afiase ɛpono no ano. 7Amonom hɔ ara, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afiase hɔ maa ɛhɔ hyerɛneeɛ. Ɔbɔfoɔ no wosoo Petro, nyanee no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre ntɛm!” Ɛhɔ ara, nkɔnsɔnkɔnsɔn no tete firii Petro nsa.

8Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Hyɛ wʼatadeɛ ne wo mpaboa. Petro wieeɛ no, ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ no sɛ, Fira wo ntoma na di mʼakyi.” 9Petro dii nʼakyi firii adi. Wɔrekɔ no, na ɛyɛ no sɛ adaeɛso anaa anisoadehunu, ɛfiri sɛ, na ɔnnye nni sɛ ɛyɛ asɛm pa ara. 10Wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi ɛkan no ne wɔn a wɔtɔ so mmienu no ho bɛduruu dadeɛ ɛpono a ɛda kuro no ano no ho. Wɔduruu hɔ no ɛpono no ankasa bue maa wɔfaa mu kɔeɛ. Wɔfaa borɔno bi so kɔɔ animu kakra, na afei ɔbɔfoɔ no gyaa Petro hɔ.

11Petro ani baa ne ho so maa ɔkaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ deɛ ɛsiiɛ no nyinaa yɛ nokorɛ! Awurade somaa ne ɔbɔfoɔ na ɔbɛgyee me firii Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ hwehwɛɛ sɛ wɔyɛ me no mu.”

12Petro hunuu deɛ asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no maame a ne din de Maria no fie. Saa ɛberɛ no, na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ. 13Petro bɔɔ abɔntenpono no mu, na abaayewa bi a wɔfrɛ no Roda bɛtieeɛ. 14Ɛberɛ a ɔtee nne no, anigyeɛ enti, wammue ɛpono no. Ɔsane nʼakyi kɔbɔɔ amaneɛ sɛ, “Petro gyina ɛpono no akyi.”

15Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama worebɔ dam.” Nanso, ɔkɔɔ so kaa sɛ ɛyɛ nokorɛ. Wɔn nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama ne saman.”

16Petro kɔɔ so bɔɔ ɛpono no akyi. Wɔbueeɛ a wɔhunuu Petro no, wɔn ho dwirii wɔn. 17Ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɛkwan a Awurade nam so yii no firii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.

18Adeɛ kyeeɛ no, awɛmfoɔ no ho yeraa wɔn yie sɛ wɔnhunu faako a Petro afa. 19Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhunu no. Wɔdii awɛmfoɔ no asɛm, buu wɔn kumfɔ.

Yei akyi no, Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra. 20Ɛberɛ a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfoɔ bi a wɔasoma wɔn firi Tiro ne Sidon bɛhunuu no. Na Herode bo afu Tirofoɔ ne Sidonfoɔ. Nanso, abɔfoɔ yi dwane toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛba, ɛfiri sɛ, na saa nkuro yi nya wɔn nnuane nyinaa firi Herode asase so.

21Wɔtuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no duruiɛ no, ɔhyɛɛ nʼahentadeɛ tenaa nʼahennwa so, kasa kyerɛɛ wɔn. 22Herode kasa wieeɛ no, nnipa no kaa sɛ, “Ɔkasa sɛ onyame bi.” 23Ɛhɔ ara Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛbɔɔ no maa ɔyareeɛ. Ɔdɔree mmoa ma ɔwuiɛ, ɛfiri sɛ, wamfa obuo amma Onyankopɔn.

24Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛ maa nnipa bebree gye diiɛ.

Wɔsoma Asɛmpatrɛ Adwumayɛfoɔ

25Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadie no, wɔsane wɔn akyi firii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.