Nkwa Asem

Yohane 1

Hann a ɛwɔ sum mu

1Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Mfitiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so.

Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa nam ne so agye hann no adi. Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse. Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.

10 Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no , wiase anhu no. 11 Ɔbaa n’ankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu.

12 Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma, 13 wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.

14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenae ma yehuu n’anuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ayɛ no ma. 15 Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi m’akyi reba no yɛ kɛse sen me, efisɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ 16 Ofi ne mmɔborɔhunu a ɛto ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. 17 Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yenyaa adom ne nokware. 18 Obi bi nhuu Onyankopɔn da gye ne Ba koro no a ɔte sɛ Onyankopɔn no, efisɛ, ɔne Agya no na ɛwɔ hɔ na wada Agya no ho nsɛm nyinaa adi akyerɛ yɛn.”

Yohane adansedi

19 Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no anaa?”

20 Yohane antwentwɛn asɛm no mmuae so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ se, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.”

21 Wobisaa no se, “Ɛnne, na wone hena, Elia anaa?” Obuaa wɔn se, “Dabi”. Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?” Ɔsan bua wɔn se, “Dabi”.

22 Wɔsan bisaa no se, “Ɛnne, na wone hena? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”

23 Yohane buaa wɔn se, “Mene ɛnne a efi sare so a ɛreteɛm sɛnea Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm se, ‘Munsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’ “

24 Afei wɔn a Farisifo no somaa wɔn no bisaa Yohane bio se, 25 “Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifo no a, adɛn nti na wobɔ asu?”

26 Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfinimfini ha a munnim no, 27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi m’akyi aba.” 28 Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.

Yesu, Onyankopɔn Guammaa no

29 Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛm kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guammaa a ɔnam ne so de wiase bɔne nyinaa kyɛ no! 30 Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi m’akyi reba no yɛ kɛse sen me, efisɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrewo me.’ 31 Me de, na minnim no, nanso mede nsu bɛbɔɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ na mɛda oguammaa no adi akyerɛ Israel.”

32 Na Yohane dii adanse se, “Mihuu Honhom no sɛ asian aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresian fi soro. 33 Na anka minnim no, nanso na Onyankopɔn a ɔsomaa me sɛ memfa nsu mmɔ asu no aka akyerɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian abesi ne so no, ɔno ne obi a ɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ asu.’ 34 Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”

Yesu asuafo a wodi kan

35 Ade kyee a Yohane ne n’asuafo no mu baanu gyina baabi no, wohui sɛ Yesu retwam. 36 Yohane hwɛɛ no, kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guammaa no!”

37 Asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi.

38 Yesu twaa n’ani hui sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn se, “Dɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no se, “Rabi, a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo, ɛhe na wote?”

39 Obuaa wɔn se, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ fi awia nnɔnan kosii anwummere. 40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛma wokodii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro ne nua Andrea.

41 Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no.” 42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a n’asekyerɛ ne “Ɔbotan” no.

Yesu frɛ Filipo ne Natanael

43 Ade kyee no, Yesu yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, “Di m’akyi.” 44 Filipo nso na ofi Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso fi.

45 Filipo fi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba.”

46 Natanael bisaa Filipo se, “Ade pa bi betumi afi Nasaret da.?” Filipo nso ka kyerɛɛ no se, “Bra na bɛhwɛ.” 47 Bere a Yesu huu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkae se, “Israelni nokwafo ni ampa.”

48 Natanael bisaa Yesu se, “Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?” Yesu nso buaa no se, “Bere a wowɔ akutu dua no ase hɔ no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”

49 Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”

50 Yesu bisaa no se, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo se mihuu wo wɔ akutu dua no ase nti na wugye di anaa? Wubehu anwonwade a ɛsen eyi. 51 Mereka nokware akyerɛ wo se, wubehu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian ba Onipa Ba no nkyɛn.”

Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי יוחנן 1

1בראשית היה הדבר, והדבר היה עם האלוהים, ואלוהים היה הדבר. הוא היה בראשית עם האלוהים. דרכו נברא הכל, אין דבר שלא נברא על-ידו. בו היו חיים, וחיים אלה היו האור לבני-אדם. האור מאיר בחושך, והחושך לא התגבר עליו.

אלוהים שלח אדם בשם יוחנן להעיד על האור האמתי, כדי שכולם יאמינו בו. יוחנן עצמו לא היה האור; הוא רק נשלח לזהות את האור האמתי שבא לעולם כדי להאיר לכל בני-האדם.

10 האור בא אל העולם שנברא על ידיו, אך העולם לא הכיר אותו. 11 הוא בא אל שלו, אך אלה לא קיבלו אותו. 12 אבל לכל אלה שהאמינו בו הוא העניק את הזכות להיות בני-אלוהים. 13 כל המאמינים בו נולדו מחדש – לא בלידה ביולוגית מגבר ואישה, ולא מרצון האדם, אלא מרצון האלוהים. 14 הדבר נהיה בשר ושכן בתוכינו. אנחנו ראינו את כבודו, כבוד הבן היחיד מהאב, מלא חסד ואמת.

15 יוחנן העיד עליו וקרא: "הנה האדם שאליו התכוונתי, כשסיפרתי לכם שאחרי עומד לבוא אדם גדול ונעלה ממני, כי הוא היה לפני שהייתי אני." 16 כולנו התברכנו בברכות רבות מעושרו ומחסדו. 17 כי בעוד שמשה רבנו מסר לנו את התורה, ישוע המשיח העניק לנו חסד ואמת. 18 איש לא ראה מעולם את האלוהים, מלבד בנו היחיד הנמצא סמוך אל חיקו, והוא סיפר לנו על אביו.

19 זוהי, אם כן, עדותו של יוחנן: כאשר שלחו אליו היהודים כוהנים ולווים מירושלים כדי לברר מי הוא, 20 יוחנן הודה מיד: "אינני המשיח!"

21 "אם כן, מי אתה?" דרשו לדעת. "האם אתה אליהו?"

"לא," השיב יוחנן.

22 "מי אתה? מה יש לך לומר? ברצוננו לדעת מה להשיב לשולחינו."

23 "אני הקול הקורא במדבר כנבואת ישעיהו[a]: 'פנו דרך לה'!" השיב יוחנן.

אנשים אלה, שנשלחו על-ידי הפרושים, המשיכו לשאול אותו: "אם אינך המשיח, אינך אליהו ואינך הנביא, מדוע אתה מטביל את האנשים?" 26 "אני מטביל רק במים," השיב יוחנן, "אולם דעו ביניכם עומד אדם שלא פגשתם מעולם. 27 למרות שהוא בא אחרי הוא היה לפני, ואיני ראוי אפילו להתיר את שרוך נעליו."

28 כל זה התרחש בכפר בית-עניה שעל חוף הירדן – במקום שבו נהג יוחנן להטביל.

29 למחרת ראה יוחנן את ישוע בא לקראתו והכריז: "הביטו! הנה שה האלוהים הנושא את חטאי העולם. 30 אליו התכוונתי כשסיפרתי לכם שבקרוב יבוא אליכם אדם אשר היה עוד לפני שנולדתי. 31 אני עצמי לא הכרתי אותו; אני באתי רק להטביל אנשים במים ולהצביע עליו לעם ישראל." 32 יוחנן סיפר להם שהוא ראה את רוח הקודש יורדת בדמות יונה ונחה על ישוע.

33 "לא הכרתי את ישוע לפני כן," חזר ואמר יוחנן, "אולם כאשר אלוהים שלח אותי להטביל במים הוא אמר לי: 'בראותך את רוח הקודש יורדת ונחה על איש, דע כי אותו אתה מבקש – זהו האיש שיטביל ברוח הקודש.' 34 אני ראיתי את רוח הקודש יורדת ונחה על האיש הזה, ולכן אני מעיד שהוא בן האלוהים."

35 למחרת שוב עמד יוחנן באותו מקום עם שניים מתלמידיו. 36 בראותו את ישוע בא לקראתו הוא קרא: "הנה שה האלוהים!"

37 כששמעו שני התלמידים את קריאתו של יוחנן, פנו ללכת בעקבות ישוע.

38 ישוע הביט לאחור וראה שהשניים הולכים בעקבותיו. "מה רצונכם?" שאל אותם.

"רבי, היכן אתה גר?" השיבו בשאלה.

39 "בואו וראו," ענה ישוע. השניים הלכו אחריו למקום מגוריו, ונשארו איתו משעה ארבע אחר-הצהריים עד הערב.

40 אנדרי, אחיו של שמעון פטרוס, היה אחד משני התלמידים שהלכו אחריו. 41 אנדרי הלך מיד לחפש את אחיו, וכשמצא אותו קרא בהתרגשות: "מצאנו את המשיח!"

42 כשהביא אנדרי את פטרוס אל ישוע, הביט ישוע בפטרוס לרגע ואמר: "אתה אמנם שמעון בנו של יונה, אך מעתה ואילך תיקרא: פטרוס – כיפא[b]!"

43 למחרת החליט ישוע ללכת לגליל. הוא פגש בדרך את פיליפוס ואמר לו: "בוא אחרי." 44 פיליפוס היה מבית-צידה, עירם של אנדרי ופטרוס.

45 פיליפוס הלך לחפש את נתנאל, וכשמצא אותו קרא: "מצאנו את המשיח שעליו סיפרו משה רבנו והנביאים! שמו ישוע, בנו של יוסף מנצרת!"

46 "נצרת?" קרא נתנאל בחוסר אמון. "איזה דבר טוב יכול לצאת מנצרת?"

"בוא וראה במו עיניך," הפציר בו פיליפוס.

47 כשראה ישוע את נתנאל בא לקראתו, קרא: "הנה בא לקראתנו בן ישראל אמתי – אדם ישר אמתי שאין בו מרמה."

48 "כיצד אתה יודע מי אני ומה אני?" תמה נתנאל.

"ראיתי אותך יושב תחת עץ התאנה עוד לפני שפיליפוס מצא אותך," ענה ישוע.

49 "אדוני, אתה באמת בן-האלוהים, מלך ישראל!" קרא נתנאל.

50 "האם אתה מאמין בכך רק משום שאמרתי כי ראיתי אותך יושב תחת עץ התאנה?" שאל ישוע. "עוד תראה דברים גדולים מאלה! 51 אפילו תראה את השמים נפתחים ומלאכי אלוהים עולים ויורדים על בן-האדם."

Notas al pie

  1. הבשורה על-פי יוחנן 1:23 ישעיהו מ 3
  2. הבשורה על-פי יוחנן 1:42 פירושו בעברית:"סלע"