Nkwa Asem

Romafo 1

1Me nnamfonom a mowɔ Roma, saa nhoma yi fi me Yesu Kristo somfo Paulo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn Asɛmpa no nkyɛn.

Saa Asɛmpa yi ka no, Onyankopɔn adiyifo hyɛɛ ho nkɔm wɔ apam dedaw no mu.

Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too ɔhene Dawid abusua mu no ho. Wɔnam Onyame a wɔnam no so nyanee no no so da ne nyameyɛ adi sɛ Onyankopɔn Ba.

Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn ma meyɛɛ ɔsomafo maa Kristo sɛnea ɛbɛma nnipa a wɔwɔ aman nyinaa so begye adi na wɔadi so.

Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifo no nso, moka ho bi. Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ n’akyidifo no: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.

Aseda mpae

Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ, mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa. Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam Asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae no daa.

10 Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren. 11 Efisɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. 12 Nea mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a mo de gyina me gyidi a mewɔ no so na me nso me de gyina mo gyidi a mowɔ no so no.

13 Me nuanom, monkae sɛ bere biara a mɛyɛ m’adwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛnea mayɛ wɔ Amanamanmufo mu no. 14 Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani atew ne wɔn a wɔn ani ntewee, wɔn a wɔasua ade ne wɔn a wonsuaa ade nyinaa ho asɛm yɛ m’asodi. 15 Ɛno nti, mede m’ahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn Asɛmpa no makyerɛ mo.

16 Ɛyɛ Onyankopɔn tumi sɛ ogye wɔn a wogye no di no nkwa; wɔn a wodi kan no ne Yudafo ɛne Amanamanmufo no nso. 17 Saa Asɛmpa yi kyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn asiesie yɛn ama ɔsorokɔ. Asiesie yɛn pɛ wɔ Onyankopɔn anim sɛ yɛde yɛn gyidi hyɛ Kristo mu sɛ ɔno ne yɛn nkwagyefo no. Esiane gyidi nti, efi mfitiase kosi awiei no, biribiara awie pɛyɛ. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Sɛ obi benya nkwa a, na egyina to a ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so” no.

18 Onyankopɔn da n’abufuw adi fi soro de tia nnebɔneyɛfo nyinaa ne nnipa a wɔde nokware no hintaw afoforo no. 19 Onyankopɔn ho nokwasɛm no da adi wɔ wɔn mu; Onyankopɔn de ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu. 20 Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔde so tumi hu saa nneɛma yi, enti wonni anoyi biara.

21 Wonim Onyankopɔn nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. 22 Wɔka se wɔyɛ anyansafo nanso wɔyɛ nkwaseafo. 23 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nuonyamfo a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne abo yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn.

24 Ɛno nti, Onyankopɔn ama wɔn ho kwan sɛ, wɔnyɛ afide a efi wɔn koma mu na afei, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛ aniwude nso. 25 Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorosɛm na wɔsom abɔde twaa Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no gyawee. Amen.

26 Esiane saa nti, Onyankopɔn ma wɔyɛɛ aniwude ma mpo na mmea fa wɔn yɔnkonom mmea. 27 Saa ara nso na na mmarima ne mmea nna na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn ma wɔne wɔn ho wɔn ho dae nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.

28 Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokware no nti, ɔma wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. 29 Amumɔyɛ ahorow nyinaa, bɔne, anibere ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wodii nseku, 30 kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforo ho; wokyii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomaso. Na daa wodwen sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofo asɛm. 31 Na wonni suban; na wonni wɔn bɔhyɛ so; na wonni ayamye ne ahummɔbɔ ma afoforo. 32 Na wonim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owu. Nanso ɛnyɛ sɛ wɔn ara yɛɛ saa afide no nko, na mmom, wɔpenee afoforo a wɔyɛɛ saa bɔne koro no ara bi no so.

Slovo na cestu

Římanům 1

Úvodní pozdravy. Kristova jedinečnost

1Milí přátelé, jako Kristův služebník posílám všem křesťanům v Římě srdečný pozdrav a přeji vám Boží milost a pokoj.

Jak víte, byl jsem pověřen šířením radostné zprávy o Božím Synu Ježíši Kristu, zprávy, kterou z Božího vnuknutí předpovídali už proroci. Tělesně je Kristus potomkem Davidovým, ve skutečnosti je však Synem samého Boha, jak nade vší pochybnost dokázalo jeho vzkříšení z hrobu. 5-7 Nám nehodným prokázal tu přízeň, že z nás učinil své vyslance a uložil nám vybízet lidi všech národů, aby ho uposlechli a uvěřili mu. K tomu jste byli mezi všemi povoláni i vy.

Pavel ohlašuje moc evangelia

Nemohu však zamlčet, jak jsem za vás vděčný Bohu, vždyť o vás a vaší víře se všude s uznáním hovoří. Bůh dobře ví, jak na vás nepřetržitě myslím 10 a neustále ho prosím, aby mi někdy dopřál přijít k vám, bude-li chtít. 11-12 Rád bych vás osobně viděl a rozdělil se s vámi o povzbuzení a potěšení ze společné víry.

13 Už několikrát jsem se k vám chystal, ale vždycky mi do toho něco přišlo. Tak jako v jiných zemích i u vás chci pomáhat v šíření Kristova radostného poselství. 14 Cítím totiž svůj dluh nejen vůči Řekům a vzdělancům, ale i vůči prostým lidem z jiných národů. 15 Všem chci sloužit. A tak toužím promluvit o Ježíši Kristu také u vás v Římě. 16 Za jeho poselství se rozhodně nestydím. Vždyť ono může zachránit každého, kdo mu uvěří; nejen člověka zbožného, ale i toho, kdo žil dosud bez Boha. 17 On sám v něm oznamuje, jak se postaral o to, abychom před ním obstáli. Nežádá od nás nic jiného než bezpodmínečnou důvěru. Vždyť již prorok Abakuk napsal: „Kdo Bohu důvěřuje, obstojí před ním a bude žít.“

Boha je možné poznat

18 Boží hněv se však obrací proti těm, kdo pošlapávají jeho zákony a svévolně přehlížejí pravdu. 19 Vždyť vše, co může člověk o Bohu poznat, ukázal on sám i jim. I takovým lidem Bůh poskytl možnost, aby jej poznali. 20 Jeho věčnou moc a božství, které jsou neviditelné, mohou spatřit ve stvořené přírodě. Protože nad tím zodpovědně nepřemýšleli, není pro ně omluvy. 21 Leccos o Bohu poznali, a přece ho jako Boha nectili. Spláceli mu nevděčností. To je zavedlo na scestí a jejich mysl pozbyla schopnosti rozpoznat pravdu. 22 Svou pošetilost hrdě nazývali moudrostí 23 a místo Boha uctívali člověka a přírodu. 24-25 Bůh jim pak už nebránil, ale nechal je, aby okusili ovoce svého počínání. 26-27 Proto klesli do nízkých vášní. Začali holdovat pohlavním výstřednostem a oddali se homosexualitě. 28 Jejich bezbožnost je dovedla ke všemu špatnému a zlému; 29 jsou naplněni podlostí, chamtivostí a nevraživostí. Snížili se k závisti, vraždám, svárům, podvodům a zlomyslnostem, udavačství, 30-31 pomluvám, urážkám, pýše a domýšlivosti, neúctě k rodičům, otupělosti, bezcitnosti, věrolomnosti a nenávisti k Bohu. Každá bezzákonnost je jim vlastní. 32 Ačkoliv vědí, že podle Božích ustanovení odplatou za takové věci je smrt, nejen to sami dělají, ale schvalují to i jiným.