Onyankopɔn nkurɔfo ho banbɔ
1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion a ɛnwosow na ɛnkeka ne ho no.
2 Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia daa daa. 3 Omumɔyɛfo renni atreneefo asase so daa; sɛ ɛba saa a, atreneefo no ankasa bɛdan ayɛ bɔne. 4 Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa; wɔn a wodi w’ahyɛde so no. 5 Na sɛ wotwe amumɔyɛfo aso a, twe wɔn a wɔpo w’akwan no nso aso. Asomdwoe nka Israel.