Nkwa Asem

Mateo 27

Wɔde Yesu kɔ Pilato anim

1Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ. Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.

Yuda ahonu

Saa bere no ara mu, Yuda a oyii Yesu mae no hui sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se,

“Mayɛ bɔne, efisɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.” Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara w’asɛm.”

Ɔtow sika no guu asɔredan no mu fii hɔ kɔhyɛɛ hama. Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ, yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.”

Wodwinnwen ho sii no gyinae sɛ wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu hɔ dɔte de nwene nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no. Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya asase” de besi nnɛ no. Eyi maa nea odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee nnwetɛbona aduasa, bo a Israelfo sesee sɛ odi 10 ɛnna wofi mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu.

Yesu gyina Pilato anim

11 Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma Amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Agyenkwa no anaa?”

Yesu buae se, “Yiw.”

12 Nanso, bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. 13 Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no anaa?”

14 Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa.

Wobu Yesu kumfɔ

15 Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara, Twam Afahyɛ no mu, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no. 16 Saa afe no mu, na onipa debɔneyɛfo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase. 17 Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo? Baraba, anaa Yesu, mo Agyenkwa no?” 18 Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu, efisɛ, na w’agye din.

19 Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi, efisɛ, anadwo yi mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.”

20 Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu. 21 Enti, bere a amrado no san bisaa wɔn bio se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?” no, dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!”

22 Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛnne dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennuam!”

23 Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso, wɔkɔɔ so bɔ gyeee so ara se, “Bɔ no asennuam! Bɔ no asennuam!”

24 Afei Pilato hui sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”

25 Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma tiri so.”

26 Afei, Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wiei no, ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asennuam.

Yesu ho fɛwdi

27 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa hɔ. 28 Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, 29 ɛnna wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wobubuu nkotodwe wɔ n’anim fitii ase, bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.” 30 Wɔtetew ntasu guu ne so, na wogyee dua no fii ne nsam, de paa ne mpampam.

31 Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de n’ankasa n’atade no san hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asennuam. 32 Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennuam hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi.

Wɔbɔ Yesu asɛnnuam

33 Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota a n’asekyerɛ ne “Nitiri So.” 34 Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenenwene bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa n’ano no, wannom.

35 Afei wɔbɔɔ no asɛnnuam. Ɛno akyi, wɔbɔɔ n’atade no so ntonto kyekyɛ fae. 36 Afei, wɔn nyinaa tenatenaa ase, wɛn no. 37 Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam n’atifi se, “Yesu, Yudafo Hene no ni.”

38 Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asɛnnuam kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.

Wodi Yesu a ɔsɛn hɔ no ho fɛw

39 Nnipa a wotwaam faa faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, dii Yesu ho fɛw se, 40 “Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na wuse woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnne sian fi asɛnnua no so si fam na yɛnhwɛ ɛ!”

41 Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bɛdii ne ho fɛw se, 42 “Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asɛnnua no so si fam na yennye wo nni. 43 Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ “

44 Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennuam no nso fitii ase dii ne ho fɛw.

Yesu wu

45 Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔn abiɛsa.

46 Ɛbɛyɛ nnɔn abiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛm dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

47 Wɔn a wogyina hɔ no bi ante ase susuwii sɛ ɔrefrɛ Elia. 48 Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenenwene bi mu, de tuaa dua bi ano de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. 49 Nanso, nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no anaa.”

50 Afei, Yesu teɛɛm dennen bio, gyaa ne honhom mu wui. 51 Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu Kronkron mu Kronkron no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan mu paapaee. 52 Adamoa so buebuei, maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee. 53 Yesu wusɔre akyi no, wofifii wɔn adamoa mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.

54 Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asasewosow ne nsɛm a esisii hɔ no, wɔn koma tui yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”

55 Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti wodii n’akyi fi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. 56 Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo, Yohane ne Yosef wɔn na. Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso wɔn na ka wɔn ho.

Wosie Yesu

57 Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu kyidini no, 58 kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. 59 Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho, 60 na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ. 61 Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.

Wɔwɛn ɔboda no

62 Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosieisie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn, 63 kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kae bere bi se, ‘Nnansa akyi no, mɛsan aba nkwa mu bio.’ 64 Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔtare ɔda no ano nkosi nnansa sɛnea ɛbɛyɛ a n’asuafo no rentwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a, anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no.”

65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mowɔ awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.”

66 Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛnee sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara rentumi nkowura hɔ nkowia amu no.

Knijga O Kristu

Evanđelje po Mateju 27

Judino samoubojstvo

1Rano ujutro sastanu se na vijećanje svi svećenički poglavari i narodne starješine da se dogovore kako da ubiju Isusa.

Svežu ga i odvedu rimskome upravitelju Pilatu.

Kada je Juda, njegov izdajica, vidio da su Isusa osudili na smrt, pokaje se i odnese trideset srebrnjaka natrag svećeničkim poglavarima i starješinama

te im reče: 'Zgriješio sam! Izdao sam nedužna čovjeka!'[a]'Što se to nas tiče?' odgovore mu oni. 'To je tvoja stvar!'

Juda nato baci srebrnjake u Hram, a zatim ode i objesi se.

Svećenički poglavari pokupe srebrnjake. 'Ne smijemo ih staviti u hramsku blagajnu

Zato se dogovore te za njih kupe lončarovu njivu da posluži kao groblje za ukop tuđinaca.

Zato se ta njiva još zove 'Krvava njiva'.

Tako se ispunilo Jeremijino proročanstvo:
    'Uzeli su[b] trideset srebrnjaka -
    na toliko su ga procijenili Izraelci -
10     i kupili su lončarovu njivu,
    kako je Gospodin zapovjedio.'[c]

Isus pred Pilatom

11 Isusa dovedu pred rimskoga upravitelja Pilata. On ga upita: 'Jesi li ti kralj židova?'
    'Sam si rekao

12 Svećenički ga poglavari optuže za mnoge zločine, ali Isus nije odgovarao.

13 Pilat ga stoga upita: 'Zar ne čuješ kako te teško optužuju?'

14 Ali Isus ne odgovori ni na jedno pitanje, što je Pilata veoma začudilo.

15 Bio je, međutim, običaj da rimski upravitelj svake godine o blagdanu Pashe pusti na slobodu jednoga židovskog zatvorenika kojega narod zatraži.

16 U to je vrijeme jedan od zatvorenika bio zloglasni Baraba.

17 Kad se mnoštvo okupilo da zatraži da se pusti jedan zatvorenik, Pilat ih upita: 'Koga hoćete da vam pustim? Barabu[d] ili Isusa kojega nazivaju Mesijom?'

18 Znao je, naime, da su ga predali sudu iz zavisti.

19 Dok je Pilat sjedio na sudačkom stolcu, stigne mu poruka od njegove žene: 'Okani se tog pravednika jer sam se noćas u snu namučila zbog njega!'

20 Svećenički poglavari i starješine, međutim, nagovore svjetinu da zatraži slobodu za Barabu, a smrt za Isusa.

21 Kad ih je zatim upravitelj upitao: 'Koga od njih dvojice želite da vam pustim?' oni odgovore: 'Barabu!'

22 'A što ću onda s Isusom kojega zovete Mesijom?' upita.'Raspni ga!' poviču oni.

23 'Zbog čega? Kakvo je zlo učinio?' upita Pilat.Ali oni su samo još glasnije vikali: 'Raspni ga!'

24 Kad je Pilat vidio da ništa ne koristi i da metež postaje sve gori, uzme vodu i pred svjetinom opere ruke govoreći: 'Ja sam nevin od krvi ovoga čovjeka! Vi ćete za nju snositi odgovornost!'

25 Nato sva svjetina poviče: 'Neka njegova krv padne na nas i na našu djecu!'

26 Pilat im tada pusti Barabu, a Isusa dade izbičevati, pa raspeti.

Vojnici se izruguju Isusu

27 Upraviteljevi vojnici odvedu Isusa u njegovu palaču i sazovu oko njega cijelu četu.

28 Svuku ga i zaogrnu grimiznim plaštem.

29 Spletu zatim krunu od trnja i stave mu je na glavu, a u ruku mu stave trsku kao žezlo.'Zdravo, kralju židova!' rugali su mu se i prigibali pred njim koljena.

30 Pljuvali su po njemu i udarali ga trskom po glavi.

31 Kad su mu se izrugali, skinu s njega plašt, odjenu ga u njegovu odjeću i odvedu da ga raspnu.

Isusa raspinju na križ

32 Vodeći ga, sretnu nekoga Šimuna iz Cirene[e] te ga primoraju da Isusu ponese križ.

33 Dođu do mjesta zvanoga Golgota (što znači 'lubanja').

34 Vojnici mu pruže vino sa žuči,[f] ali kad ga okusi, nije htio piti.

35 Kad su ga raspeli, bace kocku te tako razdijele među sobom njegovu odjeću.[g]

36 Zatim su ondje sjedili i čuvali ga.

37 Iznad glave su mu postavili natpis o njegovoj krivnji: 'Ovo je Isus, kralj židova.'

38 S njime su raspeli i dvojicu prevratnika, jednoga njemu zdesna, a drugoga slijeva.

39 A prolaznici su ga ružili i odmahivali glavom

40 govoreći: 'Možeš srušiti Hram i sam ga opet izgraditi u tri dana, je li? Spasi onda sebe! Ako si Božji Sin, siđi s križa!'

41 Slično su mu se rugali i svećenički poglavari, pismoznanci i starješine:

42 'Spasio je druge, a sebe ne može spasiti! Kralj Izraelov! Neka sada siđe s križa pa ćemo povjerovati u njega!

43 Uzdao se u Boga! Neka ga Bog sada izbavi ako mu je on uistinu po volji! Tvrdio je: "Ja sam Božji Sin.''

44 Vrijeđali su ga tako i razbojnici raspeti skupa s njim.

Isusova smrt

45 O podnevu po svoj zemlji nastane tama i potraje do tri ure.[h]

46 U tri sata Isus glasno poviče: 'Eli, Eli, lema sabahtani!' što znači 'Bože moj, Bože moj, zašto si me ostavio?'[i]

47 'Zove Iliju!' rekoše neki od nazočnih kad su to čuli.

48 Jedan od njih odmah pritrči, uzme spužvu, umoči ju u ocat i natakne na trsku te mu pruži piti.

49 'Čekaj da vidimo hoće li doći Ilija da ga spasi

50 Isus još jedanput glasno vikne i izdahne.

51 Nato se zastor u Hramu razdere od vrha do dna i prepolovi se. Zemlja se potrese, špilje se raspuknu,

52 grobovi se otvore, a tijela mnogih umrlih pravednika uskrsnu.

53 Nakon Isusova uskrsnuća oni iziđu iz grobova te odu u Sveti grad[j] i pokažu se mnogima.

54 Kad su rimski stotnik i oni koji su s njime čuvali Isusa vidjeli potres i sve što se zbivalo, rekoše: 'Ovaj je čovjek zaista bio Božji Sin!'

55 Promatrale su to ondje mnoge žene što su iz Galileje došle za Isusom služeći mu,

56 među njima Marija Magdalena, Marija, majka Jakova mlađega i Josipa, te majka Zebedejevih sinova.

Isusov ukop

57 Uvečer dođe neki bogat čovjek iz Arimateje imenom Josip, koji je i sam bio Isusov učenik.

58 On ode k Pilatu i zatraži da mu daju Isusovo tijelo. Pilat zapovjedi da tako učine.

59 Josip uzme tijelo, umota ga u čisto platno

60 i položi ga u svoj novi grob isklesan u stijeni. Navali na ulaz velik kamen i ode.

61 Bile su ondje Marija Magdalena i druga Marija i sjedile gledajući prema grobu.

Straža na grobu

62 Sutradan nakon Priprave, na prvi dan svetkovine Pashe, okupe se svećenički poglavari i farizeji kod Pilata

63 te mu rekoše: 'Gospodine, sjetili smo se da je onaj varalica za života rekao: "Nakon tri dana ću uskrsnuti.'

64 Zapovjedi zato da grob bude pod stražom sve do trećega dana da ne dođu njegovi učenici, ukradu tijelo i kažu narodu: "Uskrsnuo je od mrtvih!' Ako se to dogodi, ta će prijevara biti još gora od prve.'

65 Pilat im udovolji. 'Postavite stražu

66 Zatim odu i osiguraju grob - zapečate kamen i postave stražu.

Notas al pie

  1. Evanđelje po Mateju 27:4 U grčkome: nedužnu krv.
  2. Evanđelje po Mateju 27:9 U grčkome to može značiti i: uzeo sam.
  3. Evanđelje po Mateju 27:10 Vidjeti: Zaharija 11:12-13; Jeremija 32:6-9.
  4. Evanđelje po Mateju 27:17 U nekim rukopisima: Isusa zvanog Baraba.
  5. Evanđelje po Mateju 27:32 Grad u sjevernoj Africi.
  6. Evanđelje po Mateju 27:34 Vjerojatno vino s opojnim gorkim travama koje su kažnjenicima davali da im ublaži bol.
  7. Evanđelje po Mateju 27:35 U nekim kasnijim rukopisima ovdje stoji još: Tako se ispunilo proročanstvo: 'Haljine moje dijele među sobom i kocku bacaju za odjeću moju' (Psalam 22:18).
  8. Evanđelje po Mateju 27:45 U grčkome: od šestoga do devetog sata, po rimskome računanju vremena prema kojemu je dan počinjao u šest sati ujutro.
  9. Evanđelje po Mateju 27:46 Psalam 22:1.
  10. Evanđelje po Mateju 27:53 u Jeruzalem.