히브리서 4 – KLB & AKCB

Korean Living Bible

히브리서 4:1-16

새로운 안식처

1그러므로 하나님의 안식처에 들어갈 약속은 아직도 효력이 있습니다. 여러 분 가운데 아무도 그 곳에 들어갈 기회를 놓치지 않도록 조심하십시오.

2우리도 그들과 마찬가지로 기쁜 소식을 전해 들었습니다. 그러나 그들이 들은 말씀이 자기들에게 유익이 되지 못했던 것은 그 말씀을 믿음으로 받아들이지 않았기 때문입니다.

3이제 믿는 우리는 그 안식처에 들어갑니다. 이것은 하나님이 말씀하신 것과 같습니다. 4:3 시95:11“그래서 내가 분노하여 ‘그들은 안식처가 될 약속의 땅에 들어오지 못할 것이다’ 라고 선언하였다.” 그러나 이 일은 세상이 창조될 때부터 이미 이루어졌습니다.

4일곱째 날에 대하여는 성경에 4:4 창2:2“하나님은 모든 일을 마치시고 일곱째 날에 쉬셨다” 라고 쓰여 있습니다.

5그리고 다시 “그들은 안식처가 될 약속의 땅에 들어오지 못할 것이다” 라고 하였습니다.

6그렇다면 그 안식처에 들어갈 사람들이 아직 남아 있습니다. 먼저 기쁜 소식을 들은 이스라엘 사람들은 불순종했기 때문에 그 곳에 들어가지 못했습니다.

7그러므로 하나님은 오랜 후에 ‘오늘’ 이라는 어느 한 날을 정하시고 다윗을 통해 전에 말씀하신 대로 이렇게 말씀하셨습니다. 4:7 시95:7,8“오늘 너희가 그의 음성을 듣거든 못된 고집을 부리지 말아라.”

8만일 여호수아가 그들에게 진정한 안식을 주었더라면 하나님은 후에 다른 날을 말씀하시지 않았을 것입니다.

9그러므로 안식할 때가 하나님의 백성에게 아직 남아 있습니다.

10하나님의 안식에 들어간 사람은 하나님이 일을 마치고 쉬신 것처럼 자기 일을 쉽니다.

11그러므로 우리는 불순종하다가 멸망한 사람들처럼 되지 말고 저 안식처에 들어가도록 힘씁시다.

12하나님의 말씀은 살아 있고 활동력이 있어서 양쪽에 날이 선 그 어떤 칼보다도 더 날카롭습니다. 그래서 혼과 영과 관절과 골수를 쪼개고 사람의 마음속에 품은 생각과 뜻을 알아냅니다.

13하나님 앞에서는 아무것도 숨길 수가 없습니다. 우리가 모든 것을 고백해야 할 그분의 눈 앞에는 모든 것이 벌거숭이로 드러나기 마련입니다.

예수님은 우리의 대제사장

14우리에게는 하늘로 올라가신 위대한 대제사장이 계십니다. 그분이 바로 하나님의 아들 예수님이십니다. 그러므로 우리가 고백하는 신앙을 굳게 지킵시다.

15우리 대제사장은 우리의 연약함을 동정할 수 없는 분이 아니십니다. 오히려 그분은 모든 점에서 우리처럼 시험을 받으셨습니다. 그러나 죄는 없으셨습니다.

16그러므로 우리는 불쌍히 여기심을 받고 때를 따라 도우시는 은혜를 받기 위하여 담대하게 하나님의 보좌로 가까이 나아갑시다.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 4:1-16

Homebea Foforo

1Afei esiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home ho no da so gyina hɔ nti, momma yɛnhwɛ yiye na mo mu bi antɔ sin wɔ mu. 2Efisɛ wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛnea wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, efisɛ wɔn a wotiee no no annye anni. 3Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa ɔhome no mu4.3 Sɛnea wɔrewura Kanaan akogye ɔhome a gyidi wɔ mu no, saa ara na nkwagye no nso te.

sɛnea Onyankopɔn aka se, “Enti mifi mʼabufuw mu ka ntam se,

‘Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.’ ”

Ɔkaa saa asɛm yi de, nanso efi bere a ɔbɔɔ wiase no, na wawie ɔhome dwumadi no dedaw. 4Na Kyerɛwsɛm no mu baabi wɔ hɔ a wɔka biribi fa da a ɛto so ason no ho se, “Da a ɛto so ason no, Onyankopɔn home fii ne nnwuma nyinaa mu.” 5Wɔkaa saa asɛm koro yi ara bio se, “Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.”

6Wɔn a wodii kan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, efisɛ wɔannye anni. Afoforo bi nso wɔ hɔ a wama wɔn kwan sɛ wonnya ɔhome no. 7Enti Onyankopɔn aka se wayi da bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Nnɛ.” Mfe bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Kyerɛwsɛm no mu se,

“Nnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a

mummpirim mo koma.”

8Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyiri no Onyankopɔn anka da foforo ho asɛm. 9Sɛnea ɛte no, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo, sɛnea Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no. 10Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afi nʼankasa ne nnwuma mu, sɛnea Onyankopɔn home fii ne nnwuma mu no. 11Enti momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛnea wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.

12Onyankopɔn asɛm4.12 Yesu na obeyii Onyankopɔn ho nokwasɛm adi (Asɛm Kronkron no. Yoh 1.1,14) yɛ nkwa, na ahoɔden wɔ mu. Ɛyɛ nnam sen afoa anofanu. Ehwirew mu kosi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔw so ne hon mu. Ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo. 13Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yiye. Abɔde mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa kyerɛ.

Yesu Yɛn Sɔfopanyin

14Ɛno nti, momma yenso gyidi a yɛka ho asɛm no mu den. Efisɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanyin kɛse wɔ Onyankopɔn anim. 15Yenni Ɔsɔfopanyin bi a ontumi nhwɛ yɛn mmerɛwyɛ ho nhu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. 16Momma yensi yɛn bo na yɛmmra4.16 Esiane sɛ Kristo, yɛn Sɔfopanyin ahyia sɔhwɛ nti, wasiesie ne ho sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ biara a, ɔde ahummɔbɔ bɛboa yɛn. (2.10) Onyankopɔn ahengua a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu.