창세기 12 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

창세기 12:1-20

하나님이 아브람을 부르심

1여호와께서 아브람에게 말씀하셨다. “너는 네 고향과 친척과 12:1 또는 ‘아비 집’집을 떠 나 내가 지시할 땅으로 가거라.

2내가 너를 큰 민족의 조상이 되게 하고 너를 축복하여 네 이름을 크게 떨치게 하겠다. 12:2 히 ‘너는 복이 될 것이다’너는 다른 사람에게 복을 끼치는 자가 될 것이다.

3너를 축복하는 자를 내가 축복하고 너를 저주하는 자를 내가 저주할 것이니 땅의 모든 민족이 너를 통해 복을 받을 것이다.”

4그래서 아브람은 여호와께서 지시하신 대로 롯과 함께 하란을 떠났는데 그때 그의 나이는 75세였다.

5아브람이 그의 아내 사래와 조카 롯과 그리고 하란에서 얻은 모든 재산과 종들을 이끌고 가나안 땅으로 들어가

6세겜의 모레 상수리나무가 있는 곳에 이르니 그 곳에는 가나안 사람들이 살고 있었다.

7그러나 여호와께서 아브람에게 나타나 “내가 이 땅을 네 후손에게 주겠다” 하고 말씀하셨다. 그래서 아브람은 자기에게 나타나신 여호와를 위하여 그 곳에 단을 쌓았다.

8그러고서 아브람은 그 곳을 떠나 남쪽으로 내려가서 벧엘과 아이 사이에 천막을 쳤는데 벧엘은 서쪽에 위치해 있었고 아이는 동쪽에 위치해 있었다. 거기서도 그는 단을 쌓고 여호와께 경배하였다.

9그런 다음 그는 점점 가나안 남쪽 지방으로 옮겨갔다.

이집트로 내려간 아브람

10그러나 가나안 땅에 심한 흉년이 들어 아브람은 이집트에 가서 살려고 그 쪽으로 내려갔다.

11그런데 그는 이집트에 가까이 갔을 때 자기 아내 사래에게 이렇게 말하였다. “당신은 정말 아름다운 여자요.

12이집트 사람들이 당신을 보면 당신이 내 아내인 줄 알고 나를 죽이고 당신은 살려 줄 것이오.

13그러니 당신은 그들에게 내 누이라고 말하시오. 그러면 당신 덕택에 내가 죽음을 당하지 않고 좋은 대접을 받게 될 것이오.”

14아브람이 이집트 땅에 들어갔을 때 이집트 사람들은 아브람의 아내를 보고 아름답다고 야단들이었다.

15그리고 궁중 신하들도 그녀를 보고 그 아름다움을 바로 왕에게 말하였으므로 그녀는 궁실로 안내되었다.

16바로는 그 여인을 생각해서 아브람을 후하게 대접하고 그에게 양과 소와 나귀와 남녀 종들과 낙타를 주었다.

17그러나 여호와께서는 아브람의 아내 사래의 일로 바로와 그의 집안에 무서운 재앙을 내리셨다.

18그래서 바로가 아브람을 불러 말하였다. “네가 어째서 나에게 이런 짓을 하였느냐? 그 여인이 네 아내라고 왜 나에게 말하지 않았느냐?

19어째서 네가 그녀를 누이라고 하여 내가 그녀를 데려다가 내 아내로 삼게 하였느냐? 자, 네 아내가 여기 있으니 데리고 가거라.”

20그러고서 바로가 신하들에게 명령하자 그들이 아브람을 그의 아내와 함께 모든 소유를 이끌고 나라 밖으로 나가게 하였다.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 12:1-20

Onyankopɔn Frɛ Abraham

1Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

2“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ,

na mɛhyira wo.

Mɛma wo din atrɛ,

na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

3Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo,

na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.

Ɛnam wo so na wɔbɛhyira

nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

4Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum. 5Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so.

6Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so. 7Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.

8Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

9Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam.

Abram Ne Sarai Kɔ Misraim

10Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim12.10 Nsuseneeɛ a ɛdeda Misraim no enti, ɔpɛ denden no anka no. asase so kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yie. 11Ɔreyɛ aduru Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ, “Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ yie. 12Sɛ Misraimfoɔ no hunu wo a, wɔbɛka sɛ, ‘Ne yere nie. Momma yɛnkum no, na yɛmfa no.’ 13Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabaa a, Misraimfoɔ no bɛhwɛ me yie, ɛfiri sɛ, wɔn ani wɔ wo ho, ɛno enti, wɔrenkum me.”

14Ɛberɛ a wɔduruu Misraim asase so no, Misraimfoɔ no hunuu sɛ, ɔbaa no ho yɛ fɛ yie. 15Na ɔhene Farao mpanimfoɔ hunuu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amaneɛ. Enti, ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbaa no baa nʼahemfie hɔ. 16Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma.

17Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie hɔ no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so. 18Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere? 19Adɛn enti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ kɔ!” 20Na Farao hyɛɛ asraafoɔ sɛ, wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho.