아모스 7 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

아모스 7:1-17

메뚜기와 불과 다림줄에 대한 환상

1이것은 주 여호와께서 나에게 환상으로 보여 주신 것이다: 7:1 또는 ‘왕이 풀을 벤 후 풀이 다시 움돋기 시작할 때에’왕에게 돌아갈 몫의 풀을 베고 난 후 다시 움이 돋기 시작할 무렵 주께서 메뚜기떼를 일으키시자

2그 메뚜기떼가 그 땅의 푸른 것을 모조리 먹어 버렸다. 그래서 내가 “주 여호와여, 주의 백성을 용서하소서. 그들이 어떻게 살아 남을 수 있겠습니까? 그들은 아주 미약합니다” 하고 부르짖었다.

3그러자 여호와께서는 마음을 돌리시고 “이런 일이 일어나지 않을 것이다” 하고 말씀하셨다.

4주 여호와께서 나에게 또 다른 환상을 보여 주셨는데 그가 불의 심판을 명령하시자 그 불이 큰 바다를 태워 말리고 육지까지 삼키기 시작하였다.

5그때 내가 “주 여호와여, 그치소서! 7:5 원문에는 ‘야곱이’주의 백성이 어떻게 살아 남을 수 있겠습니까? 그들은 아주 미약합니다” 하고 부르짖자

6여호와께서 마음을 돌이키시고 “이것도 일어나지 않을 것이다” 하고 말씀하셨다.

7여호와께서 다시 나에게 이런 환상을 보여 주셨다: 추를 이용하여 쌓은 담 곁에 여호와께서 손에 다림줄을 잡고 서서

8“아모스야, 네가 무엇을 보느냐?” 하고 물으셨다. 그래서 내가 “다림줄입니다” 하고 대답하자 주께서 이렇게 대답하셨다. “내가 다림줄로 내 백성을 시험하고 다시는 그들을 용서하지 않겠다.

9이삭의 산당들이 황폐할 것이며 이스라엘의 성소들이 폐허가 될 것이다. 내가 일어나 칼로 여로보암의 집을 치겠다.”

아모스와 아마샤

10그때 벧엘의 제사장 아마샤가 이스라엘의 여로보암왕에게 이런 전갈을 보냈다. “이스라엘 백성 가운데 아모스가 왕을 해칠 음모를 꾸미고 있습니다. 7:10 또는 ‘그 모든 말을 이 땅이 견딜 수 없나이다’그의 선동으로 이 땅에 감당할 수 없는 반란이 일어날지도 모릅니다.

11아모스는 왕이 칼날에 죽을 것이며 이스라엘 백성은 포로가 되어 이 땅을 떠날 것이라고 말하고 있습니다.”

12그런 다음 아마샤는 아모스에게 이렇게 말하였다. “예언자야, 너는 이 곳에서 떠나라. 너는 유다 땅으로 도망가서 거기서 예언하여 밥벌이를 하고

13다시는 벧엘에서 예언하지 말아라. 이 곳은 왕의 성소이며 왕의 궁전이다.”

14그때 아모스가 아마샤에게 대답하였다. “나는 예언자도 아니고 예언자의 아들도 아니며 다만 목자요 뽕나무를 재배하는 사람에 불과하다.

15그러나 여호와께서 양떼를 치는 나를 불러 ‘너는 가서 내 백성 이스라엘에게 예언하라’ 하고 말씀하셨다.

16그러므로 이제 너는 여호와의 말씀을 들어라. 너는 나에게 예언하지 말고 이스라엘 백성에게 외치지 말라고 하였다.

17그러므로 여호와께서 너에게 이렇게 말씀하신다. ‘네 아내는 성에서 창녀가 될 것이며 네 자녀들은 칼날에 쓰러지고 네 땅은 측량되어 나누일 것이며 너는 7:17 또는 ‘더러운 땅’이방 나라에서 죽을 것이다. 그리고 이스라엘은 포로가 되어 본토에서 떠날 것이다.’ ”

Asante Twi Contemporary Bible

Amos 7:1-17

Mmoadabi, Ogya Ne Kyirebennyɛ Homa

1Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio. 2Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

3Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ.

Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”

4Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no. 5Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

6Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.”

7Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. 8Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?”

Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.”

Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.

9“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea

na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no;

mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.”

Amos Ne Amasia

10Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. 11Deɛ Amos reka nie:

“ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano,

na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,

wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

12Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. 13Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”

14Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’ 16Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ,

“ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ,

na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’

17“Enti asɛm a Awurade ka nie:

“ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu,

wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano.

Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu,

na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu,

na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,

wɔ akyirikyiri asase so.’ ”