아모스 6 – KLB & AKCB

Korean Living Bible

아모스 6:1-14

시온과 사마리아에 대한 경고

1시온에서 안일하게 살고 사마리아에서 마음 편하게 지내며 이스라엘 백성 가 운데서도 유명하여 인기를 얻는 자들아, 너희에게 화가 있을 것이다.

2너희는 갈레성으로 가서 무슨 일이 일어나고 있는지 보아라. 그리고 거기서 큰 하맛으로 가고 또 블레셋 사람의 성인 가드로 내려가 보아라. 그 나라들이 유다와 이스라엘보다 나은가? 그들의 토지가 너희 토지보다 넓은가?

3너희는 재앙의 날이 다가오고 있음을 인정하지 않으려고 하지만 너희 행위는 그 날을 더 가까이 오게 하고 있다.

4너희는 상아 침대에 눕고 호화스러운 안락 의자에서 기지개를 켜며 제일 좋은 양고기와 송아지 고기를 먹고

5다윗처럼 즉석에서 노래를 지어 수금에 맞춰 흥얼거리며

6대접으로 포도주를 마시고 귀한 향수를 몸에 바르면서도 이스라엘이 당할 파멸에 대해서는 슬퍼하지 않는다.

7그러므로 너희가 제일 먼저 사로잡혀갈 것이다. 6:7 또는 ‘기지개 켜는 자의 떠드는 소리가 그치리라’호의 호식하면서 빈둥거리던 너희 생활이 끝장날 것이다.

8전능하신 하나님 주 여호와께서 맹세하며 말씀하신다. “내가 이스라엘 백성의 교만을 싫어하고 그들의 호화로운 저택을 경멸한다. 그러므로 내가 이 성과 성 안에 있는 모든 것을 그 대적에게 넘겨 주겠다.”

9한 집에 열 사람이 남아 있어도 다 죽을 것이다.

10죽은 사람의 시체를 묻을 친척이 그 시체를 집 밖으로 가져가면서 그 집에 아직 숨어 있는 자에게 “너와 함께 있는 자가 있느냐?” 하고 물었을 때 그가 아무도 없다고 대답하면 저가 그에게 “조용히 하라! 우리가 여호와의 이름을 불러서는 안 된다” 하고 말할 것이다.

11여호와께서 명령을 내리시면 큰 집이 갈라지고 작은 집은 박살날 것이다.

12말이 바위산에서 달릴 수 있으며 사람이 소로 그 곳을 경작할 수 있겠느냐? 그러나 너희는 정의를 독약으로, 의의 열매를 쓸개로 바꾸고

136:13 히 ‘로-데발’헛된 것을 기뻐하며 보잘것없는 너희 힘을 자랑하고 있다.

14전능하신 하나님 여호와께서 말씀하신다. “이스라엘 백성아, 내가 한 나라를 일으켜 너희를 치겠다. 그 나라가 북으로 하맛 고개에서부터 남으로 아라바 시내에 이르기까지 너희를 괴롭힐 것이다.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 6:1-14

1Nnome nka mo a mugye mo ho di wɔ Sion,

ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔw so,

mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu,

a Israelfo ba mo nkyɛn!

2Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ.

Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu,

munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.

Woye sen mo ahemman abien no?

Wɔn asase no so sen mo de no ana?

3Mutu da bɔne hyɛ da

na motwe atemmuda bɛn.

4Modeda asonse mpa so

mugye mo ahome wɔ mo nnae mu,

na mowe nguantenmma ne

nantwimma a wɔadodɔ srade nam.

5Mode mo sankuten to ahuhunnwom,

na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ

mo nnwontode so te sɛ Dawid.

6Monom nsa wɔ nkora mu

na mode sradehuam papa yɛ mo ho,

na munni awerɛhow wɔ Yosef sɛe ho.

7Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho;

na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.

Awurade Kyi Israel Ahomaso

8Otumfo Awurade aka ne ho ntam

na nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni:

“Mikyi Yakob ahomaso

na mempɛ nʼaban;

mede kuropɔn no bɛma

ne nea ɛwɔ mu nyinaa.”

9Sɛ wogyaw nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu. 10Na sɛ obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afi fie hɔ na obisa obi a wakɔtɛw se, “Obi ka wo ho ana?” Na obua se, “Dabi” a, afei ɔbɛka se, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.

11Na Awurade ahyɛ mmara

na obebubu afi akɛse no mu asinasin

ne afi nketewa no nso mu nketenkete.

12Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so ana?

Na obi de nantwi funtum hɔ ana?

Nanso moadan atɛntrenee ayɛ no awuduru.

Na trenee nso ayɛ nwenweenwen.

13Mo a mo ani gye Lo-debar nkogu ho,

na mubisa se, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so ana?”

14Nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo,

nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu.”