신명기 27 – KLB & AKCB

Korean Living Bible

신명기 27:1-26

돌에 기록된 율법

1그러고서 모세는 이스라엘 지도자들과 함께 백성들에게 이렇게 명령 하였다. “여러분은 내가 오늘 여러분에게 명령하는 모든 것을 지켜야 합니다.

2-4여러분이 요단강을 건너 여러분의 하나 님 여호와께서 주시는 기름지고 비옥한 땅에 들어갈 때 에발산에 큰 돌들을 세우고 석회를 칠한 다음 이 모든 법과 규정을 거기에 기록하십시오.

5-6그리고 여러분은 거기서 여러분의 하나 님 여호와를 위해 철 연장을 사용하지 말고 다듬지 않은 자연석으로 제단을 쌓고 여러분의 하나님 여호와께 불로 태워 바치는 번제를 드려야 합니다.

7또 여러분은 거기서 화목제를 드리고 여러분의 하나님 여호와 앞에서 먹고 즐거워하십시오.

8여러분은 그 돌들 위에 이 율법의 모든 말씀을 분명하게 기록해 두어야 합니다.”

9그런 다음 모세는 레위 제사장들과 함께 이스라엘 백성에게 이렇게 말하였다. “이스라엘 백성 여러분, 귀를 기울이고 잘 들으십시오. 여러분은 오늘 여러분의 하나님 여호와의 백성이 되었습니다.

10그러므로 여러분의 하나님 여호와께 순종하고 오늘 내가 여러분에게 가르친 명령과 규정을 지켜야 합니다.”

에발산에서 선포하는 저주

11바로 그 날 모세는 백성들에게 이렇게 명령하였다.

12“여러분이 요단강을 건너가면 시므온 지파, 레위 지파, 유다 지파, 잇사갈 지파, 요셉 지파, 베냐민 지파는 축복을 선포하기 위해 그리심산에 서고

13르우벤 지파, 갓 지파, 아셀 지파, 스불론 지파, 단 지파, 납달리 지파는 저주를 선포하기 위해 에발산에 서십시오.

14그리고 레위 사람들이 큰 소리로 백성에게 다음과 같이 외치면 백성들은 ‘아멘’ 하고 대답하십시오.

15“레위 사람: ‘나무나 돌이나 쇠로 우상을 만들어 몰래 섬기는 자는 하나님의 저주를 받을 것이다. 여호와께서는 이런 우상을 미워하신다.’백 성: ‘아멘!’16“레위 사람: ‘자기 부모를 얕보고 멸시하는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’17“레위 사람: ‘자기 이웃의 땅 경계석을 옮기는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’18“레위 사람: ‘소경에게 길을 잘못 인도하는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’19“레위 사람: ‘외국인과 고아와 과부의 재판을 공정하게 하지 않는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’20“레위 사람: ‘자기 아버지의 첩과 잠자리를 같이하여 그의 아버지를 욕되게 하는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’21“레위 사람: ‘짐승과 음란한 짓을 하는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’22“레위 사람: ‘친자매든 이복 자매든 자기 자매와 성관계를 하는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’23“레위 사람: ‘자기 장모와 잠자리를 같이하는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’24“레위 사람: ‘남을 암살하는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’25“레위 사람: ‘죄 없는 사람을 죽이려고 뇌물을 받는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’26“레위 사람: ‘이 모든 율법을 지키지 않는 자는 저주를 받을 것이다.’백 성: ‘아멘!’ ”

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 27:1-26

Bepɔw Ebal Afɔremuka

1Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so. 2Sɛ mutwa Yordan kodu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho. 3Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no. 4Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho. 5Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka. 6Momfa abo amuamu nsi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma Awurade, mo Nyankopɔn no. 7Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. 8Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.”

Nnome A Efi Bepɔw Ebal So

9Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo. 10Monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.”

11Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se:

12Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no. 13Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome.

14Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se:

15“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

16“Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

17“Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

18“Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

19“Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

20“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

21“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

22“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

23“Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

24“Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

25“Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

26“Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.”

Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”