신명기 26 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

신명기 26:1-19

첫열매와 십일조

1“여러분은 여호와 하나님이 주시는 땅을 점령하여 그 곳에 살게 될 때

2그 해 추수한 모든 농작물의 첫열매를 광주리에 담아 여러분의 하나님 여호와께서 예배처로 지정하신 곳으로 가지고 가

3담당 제사장에게 주면서 ‘이것은 나의 하나님 여호와께서 우리 조상들에게 약속하신 땅에 내가 들어온 것을 인정하는 예물입니다’ 하고 말하십시오.

4그러면 제사장은 그 광주리를 받아 여러분의 하나님 여호와의 제단 앞에 놓아야 하며

5여러분은 여러분의 하나님 여호와 앞에서 이렇게 말해야 합니다. ‘내 조상은 떠돌아다니며 사는 아람 사람이었는데 그가 가족을 데리고 이집트로 내려갔습니다. 그들은 처음에 몇 사람밖에 되지 않았지만 후에 크고 강한 민족이 되었습니다.

6그러나 이집트 사람들이 우리를 학대하고 강제 노동으로 우리를 혹사시키므로

7우리가 조상들의 하나님 여호와께 부르짖었습니다. 그때 여호와께서는 우리의 부르짖음을 들으시고 우리가 당하는 고통과 시련을 보셨습니다.

8그러므로 여호와께서 큰 능력과 놀라운 기적으로 우리를 이집트에서 구출하여

9이 곳으로 인도해 내시고 26:9 원문에는 ‘젖과 꿀이 흐르는 땅’기름지고 비옥한 이 땅을 우리에게 주셨습니다.

10그래서 내가 여호와께서 주신 농작물의 첫열매를 가져왔습니다.’ 그러고서 여러분은 그것을 여러분의 하나님 여호와 앞에 놓고 그분에게 경배하십시오.

11그런 후에 여호와 하나님이 여러분과 여러분의 집에 주신 모든 좋은 것들에 대하여 여러분은 레위인과 여러분 가운데 사는 외국인과 함께 즐거워하십시오.

12“3년마다 한 번씩 여러분은 특별히 농작물의 십일조를 거두어 레위인과 외국인과 고아와 과부에게 주어 여러분의 성 안에서 먹고 살게 하십시오.

13여러분은 그렇게 한 다음에 여러분의 하나님 여호와 앞에서 이렇게 말하십시오. ‘내가 주께서 명령하신 대로 모든 십일조를 레위인과 외국인과 고아와 과부에게 주어 십일조에 관한 주의 명령을 어기지 않았고 그것을 잊지도 않았습니다.

14내가 슬픔을 당했을 때 십일조를 먹지 않았고 부정한 몸으로 그것을 만지지 않았으며 죽은 자에게 그것을 제물로 바치지도 않았습니다. 나는 나의 하나님 여호와께 순종하여 주께서 나에게 명령하신 모든 것을 그대로 다 실행하였습니다.

15주의 거룩한 처소인 하늘에서 내려다보시고 주의 백성 이스라엘에게 복을 주시며 또 주께서 우리 조상들에게 약속하신 대로 우리에게 주신 그 기름지고 비옥한 땅에 복을 내려 주소서.’ ”

여호와의 보배로운 백성

16“여러분은 오늘 여호와 하나님이 여러분에게 주시는 이 모든 법과 규정을 마음과 정성을 다하여 충실히 지키십시오.

17오늘 여러분은 여호와를 여러분의 하나님으로 인정하고 또 그분에게 순종하며 그분이 명령하신 모든 법과 규정을 지키겠다고 약속하였습니다.

18그리고 여호와께서도 약속하신 대로 여러분을 보배로운 자기 백성으로 인정하시고 여러분이 그분의 모든 명령을 지켜야 한다고 선언하셨습니다.

19여호와께서는 여러분을 다른 민족보다 뛰어난 민족이 되게 하시고 칭찬과 명예와 영광을 얻게 하시며 약속하신 대로 여러분을 그분의 거룩한 백성이 되게 하실 것입니다.”

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 26:1-19

Otwa Afɔrebɔdeɛ Ne Ntotosoɔ Du Du

1Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rebɛma mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so, na moko gye tena so a, 2momfa otwakane wɔ otwa berɛ biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. 3Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no sɛ, “Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom bɔ no so.” 4Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye kɛntɛn no afiri wo nsam de asi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no anim. 5Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ otutenani Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. 6Ɛberɛ a Misraimfoɔ dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, 7yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu. 8Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim. 9Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn. 10Afei, Ao Awurade, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ mʼaduanekan a wode firi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduane no si Awurade, mo Onyankopɔn, anim na sɔre no. 11Afei, kɔ na kɔgye wʼani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama wo ne wo fiefoɔ no ho. Wʼanigyeɛ no mu, kae Lewifoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nso.

12Mfeɛ mmiɛnsa biara, ɛsɛ sɛ moma mo mfudeɛ ho ntotosoɔ dudu sononko. Ɛsɛ sɛ mode saa ntotosoɔ dudu sononko no ma Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya bi adi amee wɔ mo nkuro so. 13Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Mede akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri me fie ama Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ wohyɛɛ me no. Memmuu wo mmara no bi so anaa me werɛ mfirii wo mmara no bi. 14Manni bi ɛberɛ a meretwa adwo anaasɛ ɛberɛ a na me ho nte no. Afei nso, mamfa me nsa anka bi, na mamfa mu bi nso amma awufoɔ. Matie Awurade, me Onyankopɔn, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no. 15Firi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfoɔ Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufosuo ne ɛwoɔ retene wɔ so sɛdeɛ wohyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.”

Awurade Mmara So Die Ho Nkaeɛbɔ

16Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ sɛ, monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so. 17Moapae mu aka no ɛnnɛ sɛ, Awurade yɛ, mo Onyankopɔn, na mobɛnante nʼakwan so na mobɛdi ne mmara so ayɛ ɔsetie ama no. 18Na Awurade aka no ɛnnɛ sɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ, nʼagyapadeɛ a nʼakoma da ho sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno enti, ɛsɛ sɛ modi ne mmara nyinaa so. 19Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛseɛ asene ɔman biara. Afei, mobɛnya nkamfoɔ, animuonyam, na mo din bɛhyeta. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no.