베드로후서 1 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

베드로후서 1:1-21

1예수 그리스도의 종이며 사도인 시몬 베드로는 우리 하나님과 구주 예수 그리스 도의 의를 통해 우리와 같이 소중한 믿음을 받은 여러분에게

2하나님과 예수 그리스도를 아는 지식으로 은혜와 평안이 더욱 넘치기를 기도합니다.

하나님을 더 잘 알자

3그리스도께서는 신적인 능력으로 생명과 경건에 관한 모든 것을 우리에게 주셨습니다. 이것은 자신의 영광과 선으로써 우리를 부르신 분을 우리가 알게 될 때 얻어지는 것입니다.

4이것으로 그리스도는 아주 소중하고 중대한 약속을 우리에게 주셨으며 이 약속을 통해 여러분이 세상의 파괴적인 정욕을 피하여 신의 성품에 참여하도록 하셨습니다.

5그러므로 여러분은 최선을 다하여 여러분의 믿음에 선을, 선에 지식을,

6지식에 절제를, 절제에 인내를, 인내에

7경건을, 경건에 형제 우애를, 형제 우애에 사랑을 더하십시오.

8이런 것들을 넉넉히 갖춘다면 여러분은 우리 주 예수 그리스도를 아는 지식이 더욱 풍부해질 것입니다.

9그러나 이런 것을 갖추지 못한 사람은 앞 못 보는 소경이며 자기의 옛 죄가 깨끗해진 것을 잊어버린 사람입니다.

10그러므로 형제 여러분, 더욱 힘써 하나님이 여러분을 불러 주시고 선택해 주셨다는 데 대한 확실한 경험을 갖도록 하십시오. 그러면 여러분이 넘어지지 않고

11우리 주 예수 그리스도의 영원한 나라에 넉넉히 들어가게 될 것입니다.

12여러분이 이런 일을 잘 알고 또 여러분이 받은 진리에 굳게 서 있겠지만 나는 언제나 여러분에게 이 일을 일깨워 주려고 합니다.

13나는 이 육체의 천막 속에 사는 동안 여러분에게 이런 것을 일깨워 주는 것이 옳다고 생각합니다.

14그것은 우리 주 예수 그리스도께서 나에게 분명히 보여 주신 대로 내가 이 육체의 천막을 벗어 버릴 날이 가까웠다는 것을 알고 있기 때문입니다.

15그래서 내가 이 세상을 떠난 뒤에라도 여러분이 언제든지 이 일을 잊지 않도록 열심히 일깨워 주려는 것입니다.

16우리 주 예수 그리스도의 능력과 다시 오심을 여러분에게 말할 때 우리는 꾸며낸 이야기를 전한 것이 아닙니다. 우리는 그분의 위엄 있는 모습을 똑똑히 보았습니다.

17장엄한 영광 가운데서 “이 사람은 내가 사랑하고 기뻐하는 내 아들이다” 라는 음성이 들릴 때 예수님은 하나님 아버지께 영광과 존귀를 받으셨습니다.

18우리도 거룩한 산에서 그분과 함께 있을 때 하늘에서 들려온 그 소리를 들었습니다.

19그리고 우리에게는 보다 확실한 예언의 말씀이 있습니다. 날이 새어 샛별이 여러분의 마음에 떠오를 때까지 여러분은 어두움을 밝혀 주는 등불과 같은 그 말씀에 귀를 기울이는 것이 좋습니다.

20그러나 먼저 알아야 할 것은 성경의 예언을 자기 멋대로 해석해서는 안 된다는 점입니다.

21예언은 결코 사람의 뜻에서 나온 것이 아니라 성령님의 감동을 받은 사람들이 하나님에게 받아 말한 것이기 때문입니다.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Petro 1:1-21

1Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn,

Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no:

2Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso a ɛfiri Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.

Onyankopɔn Frɛ

3Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. 4Ɔnam nʼanimuonyam ne ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yie. Ɛno enti, wama yɛn ne su kronkron no bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfiri ewiase yi porɔeɛ a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.

5Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho; 6na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; 7na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho. 8Yeinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ monya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. 9Na obiara a ɔnni bi no yɛ onifirani a ɔntumi nhunu adeɛ. Ne werɛ afiri sɛ wɔahohoro ne bɔne dada.

10Enti, me nuanom adɔfoɔ, monyere mo ho wɔ dwuma no die mu, na ɛnni mo ho adanseɛ ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morensunti na morempa aba nso. 11Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahennie a ɛtoɔ ntwa da no mu.

12Ne saa enti, daa mekaakae mo saa asɛm yi a monim na atim nokorɛ a moagye adi no mu no. 13Mesusu sɛ, ɛyɛ sɛ mmerɛ dodoɔ a mete ase yi, mɛbɔ mo nkaeɛ wɔ saa asɛm yi ho. 14Menim sɛ ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi.

16Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ. 17Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no. 18Yɛn ankasa tee nne no sɛ ɛfiri ɔsoro reba ɛberɛ a na yɛne no wɔ Bepɔ Kronkron no so no.

19Ɛno enti, ɛma yɛnya nkɔm a odiyifoɔ no hyɛeɛ no mu gyidie yie. Ɛsɛ sɛ motie no yie ɛfiri sɛ, ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kɔsi da a adeɛ bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo akoma mu no. 20Yeinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so bɛtumi akyerɛ Atwerɛsɛm mu nkɔmhyɛ ase. 21Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn.