디모데전서 5 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

디모데전서 5:1-25

노인과 젊은이와 과부에 대한 교훈

1노인들을 심하게 나무라지 말고 아버지를 대하듯 권면하며 젊은이들을 형제처 럼 대하시오.

2나이 많은 여자들에게는 어머니를 대하듯 하고 젊은 여자들에게는 깨끗한 마음으로 대하시오.

3의지할 곳 없는 과부들을 잘 보살펴 주시오.

4만일 어떤 과부에게 자녀나 손자 손녀가 있으면 그들이 먼저 자기 집에서 경건한 생활을 하여 부모의 은혜에 보답하는 법을 배우게 하시오. 이것이 하나님을 기쁘시게 하는 일입니다.

5홀로 사는 진짜 과부는 하나님께 희망을 두고 밤낮 끊임없이 간구와 기도를 드립니다.

6그러나 세상의 향락에 빠져 있는 과부는 살아 있으나 사실 죽은 거나 다름이 없습니다.

7그대는 이런 것을 가르쳐 그들이 잘못에 빠지지 않게 하시오.

8누구든지 자기 친척이나 가족을 돌보지 않는 사람은 믿음을 저버린 사람이며 불신자보다 더 나쁩니다.

9과부로 명부에 올릴 사람은 나이가 60세 이상으로 한 남편의 아내였으며

10선한 행실로 잘 알려진 사람이어야 합니다. 다시 말해서 자녀를 잘 기르고 나그네를 잘 대접하며 성도들에게 봉사하고 어려움을 겪는 사람들을 도우며 온갖 선한 일에 몸바쳐 일한 사람이어야 합니다.

11그러나 젊은 과부들은 명단에 올리지 마시오. 이것은 그들이 정욕에 못 이겨 그리스도를 저버리게 될 때 재혼하기를 바라기 때문입니다.

12그렇게 해서 그들은 첫 서약을 어기므로 심판을 받게 됩니다.

13게다가 그들은 언제나 게으름을 피우며 이집 저집 돌아다닙니다. 그들은 게으를 뿐만 아니라 험담이나 하고 남의 일에 끼어들어 해서는 안 될 말을 합니다.

14그러므로 젊은 과부들은 재혼해서 자녀를 낳고 집안 일을 돌보게 하여 우리 원수에게 비난의 기회를 주지 않게 하시오.

15이미 믿음을 버리고 사탄을 따라간 과부들도 있습니다.

16믿는 여자에게 과부 친척이 있거든 직접 도와주고 교회에 짐을 지우지 않게 하시오. 그래야 교회가 정말 의지할 데 없는 과부들을 도울 수 있습니다.

장로를 존경하라

17잘 다스리는 장로들을 존경하고 특히 말씀과 가르치는 일에 수고하는 분들을 더욱더 존경하기 바랍니다.

18성경에도 5:18 신25:4“곡식을 밟아 떠는 소의 입에 망을 씌우지 말라” 하였고 또 5:18 눅10:7“일꾼이 자기 품삯을 받는 것이 마땅하다” 하였습니다.

19장로에 대한 고소는 두세 사람의 증인이 없으면 받지 마시오.

20그리고 범죄한 사람들을 모든 사람 앞에서 책망하여 다른 사람에게 경고가 되게 하시오.

21나는 하나님과 그리스도 예수님과 선택된 천사들 앞에서 엄숙히 그대에게 명령합니다. 그대는 이것들을 올바로 지키고 어떤 일에나 치우치지 마시오.

22아무에게나 함부로 안수하지 말고 남의 죄에 끼어들지 말며 자신을 지켜 깨끗한 생활을 하시오.

23이제부터는 물만 마시지 말고 위장과 자주 앓는 병을 위해 포도주를 조금씩 사용하시오.

24어떤 사람들의 죄는 명백하게 드러나 먼저 심판을 받게 되지만 다른 사람들의 죄도 곧 드러나게 됩니다.

25이와 같이 선한 행실도 드러나기 마련이며 그렇지 않은 것도 숨길 수가 없습니다.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 5:1-25

1Nka akɔkoraa anim, na mmom, hyɛ no nkuran, sɛdeɛ wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛdeɛ wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabunu, 2yɛ mmaa mpanimfoɔ sɛ wo maamenom, na mmabaawa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammaa wɔ kronnyɛ mu.

3Ma wʼani nku mmaa akunafoɔ a wɔnni ahwɛfoɔ ho. 4Sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofoɔ ne nananom ka, ɛfiri sɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ ampa ara no a ɔnni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidasoɔ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpaeɛ srɛ ne mmoa. 6Nanso, sɛ okunafoɔ bi de ne ho ma ewiase a, na ɔyɛ teaseawuo. 7Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomsoɔ. 8Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no.

9Mfa okunafoɔ biara a ɔnni mmoroo mfeɛ aduosia din nka akunafoɔ din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokorɛ, 10na afei wagye din wɔ nneyɛeɛ pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbaa a watete ne mma yie na ɔgyee ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔhohoroo Awurade nkurɔfoɔ nan ase na ɔboaa ahokyerefoɔ na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahodoɔ nyinaa.

11Mfa akunafoɔ nkumaa no din nka wɔn ho. Ɛfiri sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsane ware a, wɔte wɔn ho firi Kristo ho 12na ɛma wɔdi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a ɛdi ɛkan so. 13Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn berɛ kɔ afieafie mu na deɛ ɛnyɛ koraa ne sɛ, wɔdi nsekuro yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. 14Enti me pɛ ne sɛ, akunafoɔ nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a atamfoɔ nnya wɔn ho ɛkwan nka nsɛm ntia wɔn. 15Akunafoɔ bi de wɔn ho ama ɔbonsam dada.

16Sɛ ɔbaa ogyidini bi wɔ akunafoɔ wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yie na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafoɔ a aka wɔn nko no.

Wɔnhwɛ Asɛmpaka Yie

17Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, ɛsɛ sɛ wɔdwene wɔn ho na wɔde anidie mmɔho ma wɔn; ne titire no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsane kyerɛkyerɛ nso. 18Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nkyekyere nantwie a ɔsi aburoo no ano!” Bio, “Odwumayɛfoɔ akatua fata no!” 19Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanin bi so no, gye sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. 20Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim badwam na abɔ afoforɔ hu. 21Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ kronkron anim ka sɛ, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanimu biara nni mu.

22Sɛ ɛhia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadie no mu a, mpepere ho. Twe wo ho firi bɔne a ɔfoforɔ yɛ ho na ma wo ho nte.

23Nnom nsuo nko ara, na mmom, wo yafunu ne wo yadeɛ a wotaa yare enti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi.

24Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmuo mu, nanso afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyire yi. 25Saa ara nso na nneyɛeɛ payɛ no da adi pefee. Na deɛ ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhinta.