데살로니가전서 2 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

데살로니가전서 2:1-20

데살로니가에서의 바울의 사역

1형제 여러분, 우리가 여러분을 찾아간 것이 헛되지 않았다는 것은 여러분이 더 잘 알고 있습니다.

2여러분도 알다시피 우리가 여러분에게 가기 전에 빌립보에서 많은 고난과 모욕을 당했으나 하나님의 도우심으로 우리는 2:2 또는 ‘많은 싸움 중에’강력한 반대에도 불구하고 여러분에게 기쁜 소식을 담대하게 전했습니다.

3우리의 권면은 어떤 잘못이나 불순한 동기나 속임수에서 나온 것이 아닙니다.

4오히려 우리는 하나님의 인정을 받아 기쁜 소식을 전하라고 부탁을 받은 사람으로서 말합니다. 우리는 사람을 기쁘게 하려 하지 않고 우리 마음을 살피시는 하나님을 기쁘시게 하려고 합니다.

5여러분도 알고 있겠지만 우리가 한 번도 아첨하는 말을 하지 않았고 욕심의 가면을 쓰지 않았다는 것은 하나님이 증거하고 계십니다.

6우리가 그리스도의 사도로서 우리의 권위를 내세울 수도 있었으나 우리는 여러분이든 여러분이 아니든 사람에게서 존경을 받으려고 하지 않았습니다.

7오히려 우리는 마치 어머니가 자기 자녀를 돌보듯 여러분을 부드럽게 대했습니다.

8우리는 여러분을 너무나 사랑했기 때문에 여러분에게 하나님의 기쁜 소식을 전할 뿐만 아니라 우리의 생명까지도 여러분을 위해 기꺼이 희생하려고 했습니다.

9형제 여러분, 우리가 여러분에게 기쁜 소식을 전할 때 누구에게도 폐를 끼치지 않으려고 밤낮으로 일하며 고생한 것을 여러분도 잘 알고 있을 것입니다.

10또 믿는 여러분 앞에서 우리가 얼마나 경건하고 올바르고 흠 없이 살았는가를 여러분이 보았으며 하나님도 이것에 대한 증인이십니다.

11여러분도 알고 있겠지만 우리는 아버지가 자기 자식에게 하듯 여러분 한 사람 한 사람을 격려하고 위로하고 권면하여

12여러분을 영광의 나라로 부르신 하나님을 기쁘게 하는 생활을 하라고 했습니다.

13그리고 또 한 가지 우리가 하나님께 늘 감사하는 것은 여러분이 우리가 전한 말을 받을 때 사람의 말로 받아들이지 않고 하나님의 말씀으로 받아들인 점입니다. 그 말씀은 믿는 여러분 속에서 지금 역사하고 있습니다.

14형제 여러분, 여러분은 그리스도 예수님 안에서 유대에 있는 하나님의 교회들이 자기 동족에게 고난을 받은 것처럼 여러분의 동족에게 핍박을 받았습니다.

15유대인들은 주 예수님과 예언자들을 죽이고 우리를 쫓아내었으며 하나님을 기쁘시게 하지 않고 모든 사람의 원수가 되어

16우리가 이방인들에게 전도하여 구원받게 하려는 일도 방해하였습니다. 이런 식으로 그들은 언제나 죄를 가득 쌓아 마침내 하나님의 무서운 형벌을 받고 말았습니다.

17형제 여러분, 우리가 얼마 동안 여러분을 떠나 있게 된 것은 몸이지 마음이 아닙니다. 우리는 여러분을 그리워하며 다시 만나 보려고 정말 애썼습니다.

18그래서 우리가 여러분에게 가기를 원했던 것입니다. 나 바울이 한두 차례 여러분에게 가려고 했지만 사탄의 방해로 가지 못했습니다.

19우리 주 예수님이 다시 오실 때 누가 우리의 희망과 기쁨과 자랑이 되겠습니까?

20여러분이 바로 우리의 자랑이며 기쁨입니다.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafoɔ 2:1-20

Paulo Adwumayɛ Wɔ Tesalonika

1Anuanom, mo ankasa monim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. 2Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no. 3Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfiri adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, deɛ yɛkaeɛ no yɛ nokorɛ turodoo. 4Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, ɛfiri sɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. 5Monim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibereɛ so. Onyankopɔn ne yɛn adanseɛ. 6Sɛ moyɛ Kristo asomafoɔ no enti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ animuonyam firi mo nkyɛn, nanso yɛmmisaa animuonyam mfirii mo anaasɛ onipa foforɔ bi nkyɛn. 7Na yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te ɔdwoɔ so, sɛdeɛ ɔbaatan korɔkorɔ ne mma. 8Yɛhwɛɛ mo yie, nyaa mo ho anigyeɛ sononko, mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo ɛberɛ a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. 9Anuanom, menim sɛ mokae adwuma a yɛyɛeɛ ne brɛ a yɛbrɛeɛ. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛdeɛ Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. 10Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn adansefoɔ. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mogyee Asɛmpa no diiɛ no yɛ kronn a ɛyɛ na mfomsoɔ biara nni ho. 11Mo ara monim sɛ yɛne mo tenaa sɛdeɛ agya ne nʼankasa mma tena. 12Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyeree mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɛkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼAhennie ne nʼanimuonyam mu no so.

13Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara sɛ, ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu. 14Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfoɔ no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfoɔ taa mo no, saa ara na Yudafoɔ no nso taa asafo no. 15Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara. 16Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsi yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufoɔ no nkwagyeɛ nkyerɛ wɔn. Yei ma wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuo wɔ wɔn so.

Paulo Pɛ Sɛ Ɔkɔsra Wɔn Bio

17Me nnamfonom, ɛberɛ tiawa bi mu no, yɛantumi amma mo nkyɛn, nanso ɛberɛ biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yɛhunu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛhyia mo ankasa. 18Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn. Me Paulo deɛ, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkorɔ nanso ɔbonsam sii yɛn ho ɛkwan. 19Nanso, ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidasoɔ ne yɛn ahosɛpɛ. Na sɛ yɛbɛtumi ahoahoa yɛn ho nkonimdie mu wɔ Awurade Yesu anim wɔ ne ba no mu a, ɛgyina mo so. 20Nokorɛm, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛ gyina mo so.