골로새서 4 – KLB & AKCB

Korean Living Bible

골로새서 4:1-18

1주인 된 사람들은 하늘에도 자기 주인이 계신다는 것을 알고 종들을 공정하 고 정당하게 대우하십시오.

2항상 기도에 힘쓰십시오. 기도할 때 정신을 바짝 차리고 하나님께 감사하십시오.

3그리고 하나님이 우리에게 전도의 문을 열어 주셔서 그리스도의 비밀을 말할 수 있도록 우리를 위해 기도해 주십시오. 나는 이 일 때문에 지금 갇혀 있습니다.

4내가 이 비밀을 명확하게 전하도록 기도해 주십시오.

5믿지 않는 사람들을 대할 때는 지혜롭게 행동하고 기회를 최대한 이용하십시오.

6그리고 말은 언제나 4:6 또는 ‘은혜 가운데서 소금으로 고루게 함같이 하라’친절하고 재치 있게 하십시오. 그러면 각 사람에게 바른 대답을 할 수 있을 것입니다.

마지막 인사

7두기고가 나에 관한 모든 소식을 여러분에게 말해 줄 것입니다. 그는 우리의 사랑하는 형제이며 신실한 일꾼이요 나와 함께 주님의 종이 된 사람입니다.

8내가 특별히 그를 여러분에게 보내는 것은 여러분에게 우리 사정을 알게 하여 여러분을 격려하기 위해서입니다.

9그리고 우리의 사랑을 받는 신실한 형제 오네시모도 함께 보냅니다. 그는 여러분과 함께 있던 사람입니다. 그들이 이 곳 사정을 모두 여러분에게 말해 줄 것입니다.

10나와 함께 갇혀 있는 아리스다고가 여러분에게 문안하고 바나바의 조카 마가도 문안합니다. 여러분이 마가에 대한 지시를 이미 받았겠지만 그가 가거든 따뜻하게 맞아 주십시오.

11그리고 유스도라는 예수도 여러분에게 문안합니다. 유대인 가운데 하나님의 나라를 위해 나와 함께 일하는 사람은 이 사람들밖에 없는데 이들이 나에게 큰 위로가 되었습니다.

12또 여러분에게서 온 그리스도 예수님의 종, 에바브라가 문안합니다. 그는 여러분이 하나님의 뜻을 확신하고 굳게 서서 성숙한 신앙 생활을 하게 해 달라고 언제나 열심히 기도하고 있습니다.

13그는 여러분뿐만 아니라 라오디게아와 히에라볼리에 있는 사람들을 위해 많은 수고를 하고 있습니다.

14사랑하는 의사 누가가 여러분에게 문안하며 데마도 문안합니다.

15라오디게아에 있는 형제들과 눔바와 4:15 어떤 사본에는 ‘그의’그녀의 집에서 모이는 교회에 안부를 전해 주십시오.

16여러분이 이 편지를 읽은 후에 라오디게아 교회도 읽게 하고 또 라오디게아에서 오는 편지도 읽으십시오.

17그리고 아킵보에게는 주님에게 받은 직무를 성실히 수행하라고 전해 주십시오.

18나 바울은 손수 이 인사말을 써서 문안합니다. 여러분은 내가 지금 갇혀 있다는 사실을 잊지 마십시오. 하나님의 은혜가 여러분과 함께하기를 기도합니다.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Kolosefo 4:1-18

1Awuranom, momma mo asomfo nea ɛteɛ. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.

2Mommɔ mpae daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaebɔ mu na monna Onyankopɔn ase. 3Mommɔ mpae mma yɛn nso wɔ bere koro no ara mu na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Efisɛ ɛno nti na meda afiase no. 4Mommɔ mpae na matumi akasa ama ntease aba mu, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa. 5Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyidifo ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. 6Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa.

Nkradi

7Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛni pa na ɔsan yɛ Awurade adwumayɛ mu somfo no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo. 8Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso. 9Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfo nokwafo na ɔsan fra mo kuw mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.

10Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyia mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyia mo. Wɔaka akyerɛ mo se sɛ ɔba mo nkyɛn a munnye no fɛw so.

11Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyia mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafo agyidifo a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma a wɔaboa me yiye.

12Kristo Yesu somfo a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuw mu no nso kyia mo. Daa ɔbɔ mpae dennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛde. 13Metumi adi ne nsiyɛ ho adanse akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.

14Luka a ɔyɛ yɛn yaresafo pa no ne Dema kyia mo.

15Yekyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wohyia wɔ ne fi no.

16Sɛ mokenkan saa nhoma yi wie a monhwɛ sɛ mobɛkenkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkenkan nhoma a efi Laodikea no.

17Monka nkyerɛ Arkipo se, “Bɔ mmɔden sɛ wubewie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”

18Me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a mede kyia mo ni: Monkae me mpokyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.