고린도전서 13 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

고린도전서 13:1-13

사랑

1내가 사람의 방언과 천사의 말을 하더라도 사랑이 없으면 소리나는 놋쇠와 울리는 꽹과리에 지나지 않습니다.

2내가 예언하는 능력을 가졌고 온갖 신비한 것과 모든 지식을 이해하고 산을 옮길 만한 믿음을 가졌다 하더라도 사랑이 없으면 아무것도 아닙니다.

3내가 가지고 있는 모든 것을 가난한 사람들에게 나눠 주고 또 내 몸을 13:3 어떤 사본에는 ‘자랑하기 위해’불사르게 내어준다고 해도 사랑이 없으면 그것이 나에게 아무 유익이 되지 않습니다.

4사랑은 오래 참고 친절하며 질투하지 않고 자랑하지 않으며 잘난 체하지 않습니다.

5사랑은 버릇없이 행동하지 않고 이기적이거나 성내지 않으며 악한 것을 생각하지 않습니다.

6사랑은 불의를 기뻐하지 않고 진리와 함께 기뻐합니다.

7사랑은 모든 것을 참으며 모든 것을 믿으며 모든 것을 바라고 모든 것을 견딥니다.

8사랑은 결코 없어지지 않습니다. 그러나 예언도 없어지고 방언도 그치고 지식도 사라질 것입니다.

9우리가 부분적으로 알고 부분적으로 예언하지만

10완전한 것이 올 때에는 부분적인 것이 없어질 것입니다.

11내가 어렸을 때에는 어린 아이처럼 말하고 생각하고 판단하였으나 어른이 되어서는 어렸을 때의 일을 버렸습니다.

12우리가 지금은 거울을 보는 것같이 희미하게 보지만 그 때에는 얼굴과 얼굴을 맞대고 볼 것이며 지금은 내가 부분적으로 알지만 그 때에는 하나님이 나를 아신 것처럼 내가 완전하게 알게 될 것입니다.

13그러므로 믿음, 희망, 사랑, 이 세 가지는 항상 남아 있을 것이며 그 중에 제일 큰 것은 사랑입니다.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 13:1-13

1Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ. 2Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso sɛ menni ɔdɔ a, menka hwee. 3Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi hɔ sɛ wɔnhye, nanso sɛ menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.

4Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; 5ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; 6ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. 7Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.

8Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam. 9Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi; 10nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu. 11Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no. 12Deɛ yɛhunu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.

13Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.