雅歌 3 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

雅歌 3:1-11

3

おとめ

1ある夜のこと、恋人は私のベッドから

姿を消してしまいました。

私は起きて捜しましたが、見当たりません。

2通りへ出て夢中で捜しましたが、

どこにもいないのです。

3途中、警備の人に呼び止められたので、

『どこかで、私が心から愛している方を

見かけませんでしたか』と尋ねてみました。

4それからほんの少しして、あの方は見つかりました。

私はうれしくて、あの方をしっかりつかまえ、

実家へお連れして、母の古い寝室へ案内しました。

5エルサレムの娘さん、

あなたがたに、かもしかや野の鹿を指して

誓ってもらいたいのです。

私の恋人を起こさないでください。

十分に寝かせてあげてください。」

エルサレムの若い娘たち

6没薬や香料、そのほか手に入る限りの

香りのあるものを漂わせながら、

煙のように荒野から上って来る人はだれでしょう。

7ごらんなさい。

あれは六十人のえりぬきの勇士に守られた、

ソロモン王のみこしです。

8みな腕の立つ兵士で、

経験を積んだ護衛の者たちです。

めいめい、夜襲に備えて王を守るため、

腰に剣を下げています。

9みこしは、王がレバノンの木で

特別にあつらえたものです。

10その支柱は銀、天蓋は金、

座席は紫のカバーがかかっています。

背当てには、『エルサレムの娘たちから愛を込めて』

という文字がちりばめてあります。」

おとめ

11シオン(エルサレム)の娘さん、

さあ、ソロモン王を見に出かけなさい。

王の喜びの結婚式の日に、

母上がじきじきにかぶせたという冠を

見てごらんなさい。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 3:1-11

1Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so

mehwehwɛɛ nea me koma da no so;

mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

2Mɛsɔre afei na makokyinkyin kuropɔn no mu,

ne mmɔnten so ne gua so;

na mahwehwɛ nea me koma da no so.

Enti mehwehwɛɛ no nanso manhu no.

3Awɛmfo no huu me

bere a wɔrebɔ aprɔw wɔ kuropɔn no mu.

“Moahu nea me koma da no so no ana?”

4Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ

na mihuu nea me koma da no so no.

Misoo ne nsa sɛ meremma no nkɔ

kosii sɛ mede no baa me na fi,

de no kɔɔ nea onyinsɛnee me no dan mu.

5Yerusalem mmabea, mede atwewa

ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ

Monnkanyan na munnyan ɔdɔ

kosi bere a ɛsɛ mu.

6Hena na ofi sare so reba

te sɛ wusiw kumɔnn a

efi kurobow, aduhuam

ne aguadifo pɛprɛ ahorow mu, atutu ne ho yi?

7Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a

akofo aduosia bɔ no kyidɔm;

ade a ɛwɔ anuonyam pa ara wɔ Israel,

8Wɔn nyinaa bobɔ afoa,

wɔn nyinaa wɔ akodi ho nyansa.

Wɔn afoa bobɔ wɔn nkyɛn mu,

na obiara asiesie ne ho ama nea ebesi anadwo a ɛyɛ hu biara.

9Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;

ɔde Lebanon nnua na ɛyɛe.

10Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,

ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso.

Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho;

mu asiesie yɛ ahomeka

na Yerusalem mmabea na wɔyɛe. 11Mumfi adi, mo Sion mmabea,

mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛw

nea ne na de hyɛɛ no nʼayeforohyia da no,

da a odii ahurusi wɔ ne koma mu no.