詩篇 96 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

詩篇 96:1-13

96

1世界中どこででも、

主に新しい歌をささげましょう。

2賛美の声を上げましょう。

日ごと、だれかに、神の救いを人々に知らせましょう。

3栄光に輝く主を世界中に伝え、

神のお働きを話して聞かせましょう。

4主は、ことばで言い表せないほど偉大で、

大いにほめたたえられるべきお方です。

他の神々には目もくれず、

このお方だけを礼拝しなさい。

5他国の神々は、人が作った偶像にすぎません。

しかし私たちの主は、天を造られたお方です。

6栄誉と威光が神を包み、

力と美が宮に立ちこめています。

7世界の国々よ、

主だけに栄光と力があることを認めなさい。

8主にふさわしい栄誉をささげ、

供え物を携えて来て礼拝しなさい。

9きよい生活を守ることによって主を礼拝しなさい。

全地は神の前で震えおののきなさい。

10諸国民に、主の支配が行き渡ると告げなさい。

神の権威はいつまでも落ちることなく、

主はすべての国を公平にさばかれるのです。

11天は喜び、地は小躍りしなさい。

見渡す限りの海は、

鳴りとどろいて神の栄光を伝えなさい。

12青々とした野原を見て、ほめたたえなさい。

草の一本一本が、主の偉大さを物語っているのです。

森の木々も、こずえを鳴らして賛美しなさい。

13主は世界をさばくために来てくださり、

公平で真実なさばきを下されます。

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 96:1-13

Dwom 96

1Monto dwom foforɔ mma Awurade;

asase nyinaa monto dwom mma Awurade.

2Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din;

mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa.

3Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu,

monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.

4Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie;

ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.

5Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.

6Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim;

ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.

7Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,

momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

8Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;

momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ.

9Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;

asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.

10Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.”

Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim;

ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn.

11Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie;

momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo;

12momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose.

Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom;

13wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba,

ɔreba abɛbu asase no atɛn.

Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn

na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.