詩篇 35 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

詩篇 35:1-28

35

1ああ主よ、私に立ち向かう者に立ち向かい、

私を攻撃する者と戦ってください。

2よろいをまとい、盾を取り、

私の前に立ちはだかって守ってください。

3槍を高く振りかざしてください。

追っ手がすぐそこまで迫っていますから。

決して敵の手に渡しはしないとおっしゃってください。

4私のいのちをつけねらう連中をなぎ倒し、

恥を見せてやってください。

5主の使いの起こす風で、

彼らをもみがらのように吹き飛ばしてください。

6主の使いに追い立てられた者たちの

逃げ道をすべりやすくし、暗闇で閉ざしてください。

7彼らは無実の私にぬれぎぬを着せようと、

罠をしかけ、落とし穴を掘ったのですから。

8どうか、自らしかけた網にかかり、

たちまち滅んでしまいますように。

9しかし、私は、主が助けてくださると信じて

喜んでいます。

10心の底から、神への賛美が込み上げてきます。

天にも地にも、主のようなお方はありません。

いったいだれが、身寄りのない弱い者を強い者から守り、

貧しい者を強盗から救い出してくれるでしょうか。

11これらの悪者どもは、宣誓したその舌で

うその証言をします。

身に覚えのないことで私を告訴します。

12良いことをしてやっても、悪でそれに報いるのです。

私はもう力尽きてくずおれそうです。

13彼らが病気の時、

私は彼らを治してやってくださいと

神に泣いてすがりました。

そのために食を断ち、ひたすら祈り続けました。

しかし、神はお聞き入れになりませんでした。

14私はまるで、

親兄弟や友人が危篤ででもあるかのように、

悲しみに暮れました。

15ところが、いざ私が困難にぶつかると、

彼らは手を打って喜び、

ひとつになって押しかけて来ては、

絶えず中傷するのです。

中には、私の知らない顔もありました。

16私をのろわせるのに、

町のならず者まで駆り集めていたからです。

17主よ、いつまで何もせずに、

立ちつくしていらっしゃるのですか。

どうか助け出してください。

若いライオンが牙をむいて、

私のただ一つのいのちをねらっています。

18お救いください。

そうすれば、私は強い人々の群れをもものともせず、

感謝の祈りをささげます。

19理由もなく私を憎む者どもに、

勝ち誇らせないでください。

私が倒れるのを見て、彼らが手をたたくなど、

あってよいものでしょうか。

彼らにこそ、死がふさわしいのです。

20平和や良い行いについては口をつぐむ彼らも、

善良な市民を陥れる悪だくみとなると、

とたんに能弁になります。

21彼らは、

この私が悪事を働く現場を目撃したと叫びます。

「確かにこの目で、あいつが悪いことをするのを見た」と

はやし立てます。

22主よ、あなたはすべてをご存じです。

貝のように口をつぐんで、

私を見捨てることがないようにしてください。

23ああ主よ、今こそこの身の疑いを晴らしてください。

24正義の神よ、どうか私の無実を宣告してください。

悩む私の姿を見て、

彼らが喜ぶことのないようにしてください。

25「全く思いどおりに事が運んだ。

ついに、あいつもおしまいだ」と言って、

喜ぶことがないようにしてください。

26彼らこそ恥を見ますように。

人の苦しみを喜ぶ者こそ、不幸に見舞われ、

すべてを失いますように。

あらゆるものを取り去って、恥をかかせてください。

27しかし、私の幸せを願ってくれる者には、

大きな喜びをお与えください。

そして、こう叫ばせてください。

「信じる者を喜んで助けてくださる主はすばらしい。」

28神がどれほど偉大で正しいお方か、

私は会う人ごとに語りましょう。

一日中、神をほめたたえて過ごしましょう。

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 35:1-28

Dwom 35

Dawid dwom.

1Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie;

ko tia wɔn a wɔko tia me.

2Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu;

na sɔre bra bɛboa me.

3Twe pea ne abonnua

wɔ wɔn a wɔtaa me so

ka kyerɛ me kra sɛ,

“Mene wʼagyenkwa.”

4Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no

ma wɔn anim ngu ase;

wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ no

ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

5Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo

wɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn.

6Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro,

na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so.

7Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa

na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti

8ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu

na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn,

na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.

9Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu

na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu.

10Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ,

“Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade?

Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam

ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.”

11Adansekurumfoɔ sɔre;

wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.

12Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka

na wɔma me kra yɛ basaa.

13Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma

na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase.

Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no,

14mekɔɔ so twaa adwo

sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.

Mede awerɛhoɔ sii me ti ase

te sɛ deɛ meregyam me maame.

15Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano;

ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim

na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.

16Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu;

wɔtwɛree wɔn se guu me so.

17Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?

Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,

gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.

18Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;

wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.

19Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no

nhwɛ me haa nsere.

Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no

mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.

20Wɔnnkasa asomdwoeɛ so,

na mmom, wɔde ntwatosoɔ

tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.

21Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane,

yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”

22Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano.

Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade.

23Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban!

Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.

24Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn;

mma wɔn nhwɛ me haa nsere.

25Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!”

anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.”

26Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no

nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no

nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.

27Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no

mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam

ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so,

ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.”

28Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee

ne wʼayɛyie da mu nyinaa.