歴代誌Ⅱ 28 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅱ 28:1-27

28

ユダの王アハズ

1アハズは二十歳で王となり、十六年間エルサレムで治めました。彼は父祖ダビデとは違って、主の目にかなわない悪王でした。 2イスラエルの王たちの悪い例にならって、バアルの偶像を拝んだのです。 3王はベン・ヒノムの谷で盛大に偶像礼拝を行いましたが、香をたくだけにとどまらず、その谷で、主がイスラエルのために追放した異教徒のように、自分の子どもたちをいけにえとして火に投げ込んだのです。 4それだけではありません。高台の偶像の宮や、すべての茂った木の下でいけにえをささげたり、香をたいたりもしました。

5そういうわけで、主は、シリヤの王がアハズ王を打ち、国民の多くを捕虜としてダマスコへ引いて行くままにしました。イスラエル軍もユダに攻め入り、大損害を与えました。 6たった一日で、レマルヤの子、イスラエルの王ペカは、ユダの勇士十二万人を殺したほどでした。彼らが父祖の神を捨てたからです。 7エフライムの大勇士ジクリは、ユダの王子マアセヤ、宮内長官アズリカム、王の補佐官エルカナを殺しました。 8イスラエル軍は、ユダの婦人と子ども合わせて二十万人を捕虜とし、たくさんの戦利品を手に入れて、サマリヤに帰りました。

9しかし、サマリヤにいた主の預言者オデデが、帰って来たイスラエル軍を出迎えて、こう言いました。「あなたがたの父祖の神は、ユダを怒ってあなたがたの手にお渡しになった。ところが、あなたがたは、天も驚くほどの残忍さで彼らを手にかけた。 10しかも、ユダとエルサレムから連れて来た人々を奴隷にしようとしている。そうやって、あなたがた自身も主に罪を犯しているのではないか。 11私の言うことを聞き、同胞であるユダの人々を家へ帰してやりなさい。そうでないと、主の燃えるような怒りがあなたがたにも下ることになる。」

12エフライム族の長である、ヨハナンの子アザルヤ、メシレモテの子ベレクヤ、シャルムの子ヒゼキヤ、ハデライの子アマサも同じ意見でした。 13「捕虜を連れて来たら、主はお怒りになる。私たちの多くの罪に、さらにこの罪が加わる。もうこれ以上、神を煩わせてはならない。」

14そこで兵士たちは、捕虜と戦利品のことは政治的指導者に任せることにしました。 15先に名を挙げた四人は、戦利品の中にあった多くの衣服を、捕虜の中で困っている婦人や子どもたちに配り、くつをはかせ、パンを食べさせ、ぶどう酒を飲ませました。また、病人や老人をろばに乗せて、なつめやしの町エリコにいる家族のもとへ送り届けました。それから、護送の任に当たった者たちはサマリヤに帰りました。

16-17そのころ、エドム人がユダを侵略し、大ぜいの住民を奴隷として連れ去ったので、ユダの王アハズはエドム軍と戦うため、アッシリヤの王に援助を求めました。 18一方、ペリシテ人は低地の町々や南のネゲブに侵入し、ベテ・シェメシュ、アヤロン、ゲデロテやソコ、ティムナ、ギムゾとそれぞれ周辺の村々を占領し、そこに住みつきました。 19このようになったのは、ユダの民の信仰心を破壊し、主に不信の罪を犯したアハズ王のためでした。主はそのことを反省させようとしたのです。 20しかし、アッシリヤの王ティグラテ・ピレセルは、アハズ王を助けるどころか、かえって悩ますことになりました。 21アハズ王は神殿の金や王宮の宝物を彼に贈りましたが、何の効果もありませんでした。

22こうした大きな試練の中で、アハズ王はますます堕落に陥りました。 23彼は、自分を打ったダマスコの神々にいけにえをささげました。そうすればその神々が、シリヤの王を助けたように、自分たちをも助けてくれると思ったのです。しかし、代わりに、その神々はアハズ王とその民を堕落させただけでした。 24彼は神殿から金の鉢を取り出して切り刻み、神殿の扉に釘を打ちつけて、だれもそこで礼拝できないようにしたのです。また、エルサレムのあらゆる町かどに、異教の神々のための祭壇を築きました。 25さらに、ユダの町という町でもすべて同じようにして、ついに父祖の神、主の激しい怒りを招きました。

26アハズ王の生涯と行いは、『ユダとイスラエル諸王の年代記』にくわしく記されています。 27彼は死んでエルサレムに葬られましたが、王室墓地には入れられませんでした。代わってその子ヒゼキヤが新しく王となりました。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 28:1-27

Ahas Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. 2Mmom, ɔyɛɛ deɛ Israel ahemfo yɛeɛ no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal. 3Ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ Hinom28.3 Ben-Hinom bɔnhwa.Hwɛ 33.6. Yosia braa abosomsom a na ɛrekɔ so wɔ hɔ no (2 Ah 23.10). Manase de ne babarima bɔɔ afɔdeɛ (3 Mose 20.1-5; Yer 7.31-32; 2 Ah 16.3). babarima bɔnhwa mu, na mpo ɔde ne mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuaa akyiwadeɛ a abosonsom aman no yɛeɛ a enti Awurade pamoo wɔn firii asase no so ansa na Israelfoɔ rekɔduru hɔ. 4Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase.

5Ɛno enti na Awurade, ne Onyankopɔn, maa Aramhene kwan dii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfoɔ bebree asuo kɔɔ Damasko no. Israel akodɔm bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkumm nʼakodɔm no bebree nso. 6Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkumm Yuda akodɔm no nnipa ɔpeha aduonu, ɛfiri sɛ, na wɔapo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn. 7Afei, Sikri, ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔfiri Efraim, kunkumm Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfie so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abadiakyire no. 8Israelfoɔ akodɔm kyekyeree mmaa ne Yuda mmɔfra ɔpehanu, faa asadeɛ bebree, de kɔɔ Samaria.

9Na Awurade odiyifoɔ a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ wɔ ɛberɛ a Israel akodɔm sane baa efie no. Ɔkɔhyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, bo fuu Yuda, na ɔmaa modii wɔn so nkonim. Nanso, moayɛ ma aboro so dodo sɛ mode atirimuɔden akunkum wɔn, ama aha ɔsoro nyinaa. 10Na seesei, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wɔfiri Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Onyankopɔn no, ho asɛm te sɛn? 11Montie me, na monnyaa saa nneduafoɔ a wɔwɔ mo nsam no, ɛfiri sɛ, wɔyɛ mo ankasa mo abusuafoɔ. Monhwɛ no yie, ɛfiri sɛ, seesei, wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba mo so!”

12Na Israel ntuanofoɔ bi a wɔn ne Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee yei so, na wɔne mmarima a wɔfiri akono reba no kaa sɛ, 13“Mommfa nneduafoɔ no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdie ho. Yɛn afɔdie so dada, na wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba Israel so dada.”

14Enti, akofoɔ no gyaee nneduafoɔ no de asadeɛ no maeɛ, wɔ ɔmanfoɔ no ne ntuanofoɔ no anim. 15Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntadeɛ a ɛwɔ asadeɛ no mu no maa nneduafoɔ a wɔda adagya no. Wɔmaa wɔn ntadeɛ ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuane pii ne nsuo, de ngo guguu wɔn apirakuro mu. Wɔde wɔn a wɔyɛ mmrɛ no tenatenaa mfunumu so, de nneduafoɔ no nyinaa sane baa wɔn asase Yeriko, mmɛkuro, no so. Afei, wɔsane kɔɔ Samaria.

16Saa ɛberɛ no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfoɔ. 17Bio, na Edom akodɔm adi Yuda so nkonim, akyekyere binom nnommum. 18Na Filistifoɔ ato ahyɛ nkuro a ɛwɔ Yuda mmepɔ ayaase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurotoɔ ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurotoɔ no. Na Filistifoɔ no tenatenaa saa nkuro yi so. 19Na Awurade rebrɛ Yuda ase, ɛsiane Yudahene Ahas enti, ɛfiri sɛ, na ɔboa ne nkurɔfoɔ ma wɔyɛ bɔne, na na ɔnni Awurade nokorɛ korakora nso. 20Enti, ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser bɛduruiɛ no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhyɛɛ no so mmom. 21Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo firii Awurade asɔredan no mu, ahemfie hɔ ne ne mpanimfoɔ afie mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne toɔ. Nanso, yei mpo, ammoa no.

22Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden ma Awurade. 23Ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔdii ne so nkonim no, na ɔkaa sɛ, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo enti, sɛ mebɔ afɔdeɛ ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso, wɔmaa no sɛeeɛ, ma Israel nyinaa sɛeeɛ.

24Ɔhene no tasee nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa, bubuu mu asinasini. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apono mu, sɛdeɛ obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Ɔsisii afɔrebukyia maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɛtwɛwa so baabiara. 25Ɔyɛɛ abosonsom asɔreeɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ ma anyame foforɔ no. Ɔnam saa ɛkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn, abufuo.

26Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu. 27Ɔhene Ahas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Ne babarima Hesekia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.