歴代誌Ⅱ 20 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅱ 20:1-37

20

ヨシャパテの勝利

1そののち、モアブ人とアモン人、それにメウニム人の王の率いる連合軍が、ヨシャパテとユダの民に宣戦布告しました。 2ヨシャパテに届いた情報は、「大軍が、死海の向こうのシリヤから押し寄せて来ます。もうハツァツォン・タマル、つまりエン・ゲディまで来ています」というものでした。 3あわてふためいた王は、主の助けを仰ぐよりほかないと判断し、全国民が神の前に悔い改め、断食して祈りに打ち込むよう命じました。 4人々は各地からエルサレムに集まり、心を一つにして主に助けを求めました。

5ヨシャパテは、神殿の新しい庭に集まった人々の中に立って祈りました。 6「私たちの父祖の神、主よ。天におられ、地上のすべての王国を支配しておられる神よ。あなたの測り知れない力に、だれも立ち向かうことはできません。 7私たちの神よ、あなたの民がこの地に入った時、あなたはこの地に住んでいた異教徒を追い出し、この地を永久に、あなたの友アブラハムの子孫のものとされたではありませんか。 8あなたの民はここに根を下ろし、あなたのためにこの神殿を建てました。 9戦争、疫病、ききんなどの災いに会ったなら、あなたのおられるこの神殿、つまりあなたの御前に立って祈れば、祈りは聞かれ、あなたは私たちを救ってくださると信じています。

10今、アモンとモアブ、セイル山の人々がやっていることをごらんください。あなたは、先祖がエジプトを出て来た時、彼らの国に侵入するのをお許しになりませんでした。それで私たちは、彼らの国を避けて通り、彼らを滅ぼさないでおいたのです。 11ところが今、彼らは何をしようとしているでしょうか。あなたが私たちに下さった地から、私たちを追い出そうとして攻め寄せて来るのです。 12神よ、彼らの来襲をとどめてください。私たちには、このような大軍から身を守るすべなどありません。どうしたらよいのか見当もつきません。ただあなたに助けを求めるばかりです。」

13ユダの各地から集まった人々は、妻子や幼児たちといっしょに主の前に立っていました。

14その時、主の霊が、そこに立っていたレビ人ヤハジエルに臨んだのです。彼はアサフの子孫の一人で、マタヌヤの子エイエルの子ベナヤの子ゼカリヤの子でした。 15ヤハジエルは大声で語りだしました。「ユダとエルサレムのすべての人々、またヨシャパテ王よ、よく聞きなさい! 主はこう言われます。『恐れてはならない。この大軍を見ておじけてはならない。この戦いはあなたがたの戦いではなく、わたしの戦いだ。 16明日、エルエルの荒野に通じる谷の出口で、ツィツの坂を上って来る敵と会うから、こちらから攻撃をしかけよ。 17あなたがたは戦わなくてよい。持ち場を守り、黙って、わたしのすばらしい救いを見よ。ユダとエルサレムの人々よ、恐れたり、意気消沈したりしてはならない。わたしがついている。明日、出陣するのだ。』」

18ヨシャパテは地にひれ伏しました。ユダのすべての民とエルサレムの住民も、同じように主を礼拝しました。 19それから、ケハテ氏族とコラ氏族のレビ人が立ち上がり、力強く高らかに主を賛美しました。

20翌朝早く、ユダ軍はテコアの荒野へ兵を進めました。途中、ヨシャパテは立ち止まって指示を与えました。「私の言うことを聞き、主を信じなさい。そうすれば、勝利は間違いない! 預言者のことばを信じなさい。そうすれば、すべてはうまくいく。」

21それから民の指導者と相談して、聖歌隊を編成しました。聖歌隊は聖なる衣服をまとい、行軍の先頭を進みながら、「主のいつくしみは、とこしえまで」と歌って主をたたえ、主に感謝をささげました。 22彼らが賛美をし始めた時、主は、アモン人、モアブ人、セイル山の人々の間で同士討ちを引き起こさせました。それで彼らは、互いに殺し合うことになったのです。 23まずアモン人とモアブ人がセイル山から来た軍を襲い、一人残らず殺しました。それが終わると、今度はアモン人とモアブ人がぶつかり合ったのです。 24それで、ユダ軍が荒野を見下ろす物見の塔に着いた時には、見渡す限り、あたり一面に死体が転がっていました。逃げ延びた敵兵は一人もいませんでした。 25ヨシャパテ王とユダの民は、遺体から金、武具、宝石などをはぎ取りました。その数があまりにも多かったので、全部運ぶのに三日もかかるほどでした。 26四日目に彼らは、今でもベラカ(祝福)の谷と呼ばれている谷に集まり、心から主をたたえました。 27それから王を先頭に、彼らは意気揚々とエルサレムに凱旋しました。主が信じられないような方法で救い出してくれたので、彼らの心は喜びでいっぱいでした。 28彼らは琴、竪琴、ラッパの奏楽とともにエルサレムに入城し、神殿に入りました。 29そして以前にもあったように、近隣の国々は、主がイスラエルの敵と戦ったと聞いて、神への恐れに包まれました。 30こうして、神が王に安息を与えたので、ヨシャパテの王国は安泰を保ちました。

ヨシャパテの治世の終焉

31ヨシャパテ王の生涯を略述すると、三十五歳でユダの王となり、二十五年間エルサレムで統治。母はシルヒの娘のアズバ。 32父アサ王のように主の前に良い王で、いつも主に従おうとしました。 33しかし、高台にある偶像の宮を取り壊すことだけはしなかったので、人々に、父祖の神に従うことを決心させるまでには至りませんでした。

34ヨシャパテ王のその他の業績は、『イスラエル諸王の年代記』に挿入されている、ハナニの子エフーの書いた言行録に記されています。

35しかし王は、晩年になって、悪名高いイスラエルの王アハズヤと同盟を結びました。 36彼らは、タルシシュ行きの船団をエツヨン・ゲベルでつくりました。 37その時、マレシャ出身のドダワの子エリエゼルがヨシャパテに対して預言し、「あなたがアハズヤと同盟を結んだので、主はあなたの計画を壊します」と言いました。それで、船は難破し、タルシシュへ行くことはできませんでした。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 20:1-37

Yehosafat Nkonimdi

1Eyi akyi no, Moabfo, Amonfo ne Maonfo asraafo bi tuu Yehosafat so sa. 2Abɔfo bɛka kyerɛɛ Yehosafat se, “Asraafo bebree fi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔadu Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no). 3Yehosafat tee saa asɛm no, ne ho yeraw no nti, obisaa Awurade hɔ akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada. 4Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ Awurade.

5Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafo ne Yerusalemfo anim wɔ Awurade Asɔredan no adiwo foforo hɔ. 6Ɔbɔɔ mpae se,

Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote ɔsoro. Wo na wudi ahenni a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfo ne ɔkɛse a obiara ntumi ne wo nni asi. 7Yɛn Nyankopɔn, bere a wo nkurɔfo bedui no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no ana? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefo afebɔɔ ana? 8Wo nkurɔfo tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo. 9Wɔkaa se, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.’

10“Na afei, hwɛ nea Amonfo, Moabfo ne Seir asraafodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim bere a Israel fii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn. 11Afei, hwɛ sɛnea wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebetu yɛn afi wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapade no so. 12Yɛn Nyankopɔn, worensiw wɔn ano? Yenni ahoɔden sɛ asraafodɔm kɛse yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ yɛn so yi. Yenhu nea yɛnyɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ wobɛboa yɛn.”

13Bere a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkokoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no.

14Awurade Honhom baa mmarima a wogyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima.

15Ɔkae se, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa, muntie! Sɛnea Awurade se ni: Munnsuro. Mommma asraafodɔm kɛse ntu mo koma, efisɛ ɔko no nyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea. 16Ɔkyena, muntu nten nkɔ wɔn so. Mubehu sɛ wofi Sis atrapoe a ɛwɔ obon no fa a epue Yeruel sare no so hɔ reba. 17Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Munnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ Awurade nkonimdi. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfo. Munnsuro, na mommma mo koma ntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na Awurade ka mo ho.”

18Na ɔhene Yehosafat sii ne ti ase, na Yuda ne Yerusalem manfo no nyinaa nso yɛɛ saa, de som Awurade. 19Na Lewifo a wofi Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyina teɛɛ mu dennen sɔree Awurade, Israel Nyankopɔn.

20Ade kyee nʼanɔpahema no, Yuda asraafo no kɔɔ Tekoa sare so. Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kae se, “Muntie me, mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa. Munnye Awurade, mo Nyankopɔn, nni na mubetumi agyina pintinn. Munnye nʼadiyifo no nni, na mubedi nkonim.” 21Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi sɛ wonni asraafo no anim, nto dwom mma Awurade, nkamfo no wɔ nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni:

“Monna Awurade ase

na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”

22Bere a wɔpagyaw ayeyi dwom no, Awurade maa Amon, Moab ne bepɔw Seir asraafo no twaa wɔn ho koe. 23Moab ne Amon asraafo no dan wɔn ani kyerɛɛ mmarima a wofi bepɔw Seir so no, kunkum wɔn nyinaa. Wowiee Seir asraafo no, wotwaa wɔn ho koe.

24Na Yuda asraafo no duu baabi a wogyina a wuhu sare no so no, wohuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfo no mu baako mpo antumi anguan. 25Ɔhene Yehosafat ne nʼakofo no kɔtasee asade. Wonyaa adwumayɛ nneɛma, ntade ne nneɛma a ɛsom bo a wontumi nsoa. Na asade no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtase ne nyinaa. 26Nnaanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bon mu. Wɔtoo obon no din saa da no, efisɛ ɛhɔ na nnipa no kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bon nnɛ yi.

27Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn san kɔɔ Yerusalem anigye so sɛ, Awurade ama wɔadi wɔn atamfo so nkonim. 28Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntorobɛnto tuu nten kɔhyɛn Yerusalem na wɔkɔɔ Awurade Asɔredan no mu.

29Bere a ahenni a atwa hɔ ahyia no tee sɛ Awurade no ankasa ako atia Israel atamfo no, Awurade ho suro baa wɔn so. 30Na ɛmaa asomdwoe baa Yehosafat ahenni mu, efisɛ ne Nyankopɔn maa no ahomegye wɔ afanan nyinaa.

Yehosafat Ahenni Awiei

31Na Yehosafat dii hene wɔ Yuda asase so. Bere a odii hene no, na wadi mfe aduasa anum. Ɔtenaa Yerusalem dii hene mfe aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. 32Na Yehosafat yɛ ɔhene a oye. Ɔyɛɛ nea nʼagya Asa yɛe. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani. 33Nanso nʼahenni mu no, wammubu abosonsomfo nsɔree so no, na ɔmanfo no nso amfa wɔn koma nyinaa amma wɔn agyanom Nyankopɔn no.

34Yehosafat ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Hanani babarima Yehu nhoma a wɔde aka Israel Ahemfo nhoma no ho.

35Nanso ɛrekɔ nʼasetena awiei no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu. 36Wɔyɛɛ Po so aguadi ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea. 37Na Dodafahu babarima Elieser a ofi Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkae se, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako nti, Awurade bɛsɛe wʼadwuma.” Enti ahyɛn no bobɔe a wɔantumi amfa ankodi gua.