歴代誌Ⅱ 17 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅱ 17:1-19

17

ユダの王ヨシャパテ

1アサの子ヨシャパテが代わってユダの王となり、イスラエルと戦う準備を始めました。 2彼は、ユダの要塞化されたすべての町々をはじめ、国中のさまざまな他の場所、父アサ王が占領したエフライムの町々に守備隊を置きました。 3ヨシャパテは、彼の父祖のかつての正しい生き方にならって偶像を拝まなかったので、主は彼とともにいました。 4イスラエルの人々とは反対に、その父の神の教えどおりに生活したので、 5主は、ユダの王としてのヨシャパテの地位を確固たるものにしました。すべてのユダの人々が納税に協力したので、彼は人気が高まったばかりか、財産も増えました。 6王は高台の異教の祭壇を壊し、アシェラ像を取り除くなど、大胆に主の道を歩みました。

7-9その治世の第三年に、彼は国中に宗教教育を広める計画を実行に移しました。ベン・ハイル、オバデヤ、ゼカリヤ、ネタヌエル、ミカヤをはじめ政府の高官たちを、教師としてユダのすべての町々に派遣し、これにレビ人のシェマヤ、ネタヌヤ、ゼバデヤ、アサエル、シェミラモテ、ヨナタン、アドニヤ、トビヤ、トブ・アドニヤも同行しました。また祭司からは、エリシャマとヨラムも同行しました。彼らは、『主の律法の書』の写しを持ってユダのすべての町々を巡り、人々に聖書を教えました。

10その結果、回りのすべての国々が主を恐れるようになったので、ヨシャパテ王に戦いをしかける国は一つもありませんでした。 11ペリシテ人さえも贈り物と貢ぎ物を納め、アラビヤ人は雄羊七千七百頭、雄やぎ七千七百頭を献上しました。 12こうして、ヨシャパテ王はますます勢力を増し、国中に要塞の町や補給基地の町を建てました。

13公共事業を拡大し、首都エルサレムには、強力な軍隊を駐屯させました。 14-15三十万のユダ軍がアデナ将軍に率いられ、次の指揮官ヨハナンの下には二十八万の兵がいました。 16第三の指揮官であるジクリの子アマスヤは、とても信仰のあつい人で、二十万の兵を率いていました。 17ベニヤミンの部族からは、偉大な将軍エルヤダの率いる、弓と盾で武装した二十万の兵が加わりました。 18エルヤダに続く指揮官はエホザバデで、その下に十八万の兵がいました。 19以上は、ユダ全土の要塞化された町々に配置した軍隊とは別に、王がエルサレムに駐屯させていた軍隊です。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 17:1-19

Yehosafat Di Yuda So Ɔhene

1Na Asa babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛdeɛ ɔbɛtumi agyina Israel ntohyɛsoɔ biara ano. 2Ɔduaduaa akodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraadɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkuro a nʼagya Asa adi so nkonim no so.

3Na Awurade ka Yehosafat ho, ɛfiri sɛ, ɔyɛɛ sɛdeɛ nʼagya Asa yɛeɛ wɔ ne mfeɛ a ɛdi ɛkan no mu, na wansom Baal ahoni no. 4Ɔhwehwɛɛ nʼagya Onyankopɔn, na ɔdii nʼahyɛdeɛ so a wanni Israel ahennie mu nneyɛeɛ no akyi. 5Enti, Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahennie no timiiɛ. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛdeɛ, maa ɔyɛɛ ɔdefoɔ, na wɔde anidie maa no. 6Ɔfiri nʼakoma nyinaa mu nantee Awurade akwan so. Ɔbubuu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔsɛee Asera afɔrebukyia no.

7Yehosafat ahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔsomaa ne mpanimfoɔ maa wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so. Ne mpanimfoɔ no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia. 8Ɔsomaa Lewifoɔ a wɔn din didi soɔ yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso. 9Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim wɔ nwoma no mu de kyinii Yuda nkuro nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.

10Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahennie a atwa ahyia no nyinaa so, enti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so. 11Filistifoɔ no bi brɛɛ no akyɛdeɛ ne dwetɛ sɛ apeatoɔ, na Arabfoɔ brɛɛ no nnwennini mpem nson ne ahanson ne mpapo mpem nson ne ahanson.

12Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara maa ɔsisii aban ne nnuane akoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so. 13Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkuro mu, na ɔmaa akodɔm a wɔyɛ den tenaa Yerusalem. 14Wɔgyinaa agyanom mmusuakuo so gyee asraafoɔ.

Yuda abusua mu, na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa (300,000)

a wɔakyekyɛ wɔn mu akuakuo apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn sahene.

15Onipa a na ɔdi ne so ne Yehohanan a na ɔdi akodɔm ɔpehanu aduɔwɔtwe (280,000) so.

16Deɛ ɔdi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade adwuma a na ɔdi akodɔm ɔpehanu (200,000) so sahene.

17Benyamin abusua akodɔm no,

na wɔn dodoɔ yɛ ɔpehanu (200,000) a wɔwɔ agyan ne akokyɛm. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛre.

18Deɛ ɔdi hɔ ne Yehosabad a ɔtua asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe (180,000) a wɔamia ama ɔko.

19Yeinom ne akodɔm a wɔtenaa Yerusalem somm ɔhene no, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkuro a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu.