歴代誌Ⅰ 5 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅰ 5:1-26

5

ルベンの子孫

1イスラエルの長男はルベンでしたが、彼は父のそばめの一人と寝て、父の顔に泥を塗るようなことをしたので、長子の権利は腹違いの弟ヨセフのものになりました。それで公式の系図には、ルベンが長男として記されていないのです。

2さて、ヨセフには長子の権利があったものの、イスラエルのうちで最も有力な部族の先祖になったのはユダでした。このユダ部族から君主が出ることになります。

3イスラエルの子ルベンの子はエノク、パル、ヘツロン、カルミ。

4ヨエルの子孫は、その子シェマヤ、孫ゴグ、曾孫シムイ。

5シムイの子はミカ、孫はレアヤ、曾孫はバアル。

6バアルの子はベエラ。ベエラはルベン族の長で、アッシリヤの王ティグラテ・ピレセルの捕囚として引いて行かれました。

7-8彼の親族は氏族の長となり、公式の系図に記されています。

エイエル、ゼカリヤ、それにアザズの子、シェマの孫、ヨエルの曾孫のベラ。

これらのルベン人はアロエルに住み、ネボ山やバアル・メオンのような遠くに住む者もいました。

9ヨエルは家畜を飼っていましたが、ギルアデの地で家畜が増えたので、その放牧地は、東の荒野の入口からユーフラテス川に及びました。

10サウル王の時代に、ルベン人はハガル人と戦って勝ったのでギルアデ東部に移り、そこに住むようになりました。

ガドの子孫

11ガドの子孫は、ルベン人の真向かいのバシャンに住み、サルカにまで居住範囲を広げました。

12ヨエルが長で、その次にシャファム、そして、ヤナイとシャファテがいました。 13その一族の七つの氏族の長は、ミカエル、メシュラム、シェバ、ヨライ、ヤカン、ジア、エベルでした。

14ブズの子孫は、系図をたどると次のとおりになります。

ヤフド、エシシャイ、ミカエル、ギルアデ、ヤロアハ、フリ、アビハイル。

15アブディエルの子、グニの孫アヒは、その一族の指導者でした。 16一族は、バシャンの地のギルアデとその周辺、ならびにシャロンの牧草地全域に住んでいました。 17彼らはみな、ユダの王ヨタムとイスラエルの王ヤロブアムの時代に、公式の系図に載せられました。

18ルベン、ガド、マナセの半部族の軍隊のうちには四万四、七六〇人の、特に訓練された精鋭部隊がいました。 19彼らはハガル人、エトル人、ナフィシュ人、ノダブ人と戦いましたが、 20ひたすら神に信頼したので祈りが聞かれ、ハガル人とその連合軍をみごとに打ち破ることができました。 21戦利品は、らくだ五万頭、羊二十五万頭、ろば二千頭、捕虜十万人にのぼりました。 22敵軍の大半は神を向こうに回して戦ったため、戦場で倒れました。そこでルベン人は、のちに捕囚としてアッシリヤへ連れ去られるまで、ハガル人の領土に住みました。

マナセの子孫(半部族)

23マナセの半部族は、このバシャンの地から、バアル・ヘルモン、セニル、ヘルモン山に至る各地に広がり、増えていきました。

24その各氏族の長は次のとおり。

エフェル、イシュイ、エリエル、アズリエル、エレミヤ、ホダブヤ、ヤフディエル。彼らはみな勇士で、すぐれた指導者としても知られていました。 25ところが、彼らは父祖の神に忠誠を尽くさず、神が滅ぼされた国々の偶像を拝みました。 26そこで神は、ティグラテ・ピレセル三世として知られるアッシリヤの王プルにこの地を侵略させ、ルベン族とガド族、それにマナセの半部族を捕囚として引いて行かせました。彼らはハラフ、ハボル、ハラ、およびゴザン川に移され、今なお、そこにとどまっています。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 5:1-26

Ruben Asefoɔ

1Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho sɛ abakan. 2Yuda asefoɔ na wɔyɛɛ abusuakuo a wɔwɔ tumi pa ara, ne saa enti wɔyii ɔman no sodifoɔ firi wɔn mu, nanso, mpaninnie no deɛ, na ɛyɛ Yosef dea. 3Israel abakan Ruben no mmammarima ne:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4Yoɛl asefoɔ ne

Semaia, Gog, Simei,

5Mika, Reaia, Baal,

6ne Beera. Ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfoɔ kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na ɔdi Rubenfoɔ no anim.

7Wɔatwerɛ Beera nkurɔfoɔ din sɛdeɛ wɔn mmusua ne abusua no teɛ: Yeiel ne wɔn ntuanoni, ɛnna Sakaria 8ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoɛl babarima.

Saa Rubenfoɔ yi tenaa beaeɛ a ɛfiri Aroer de kɔsi Nebo ne Baal-Meon. 9Esiane sɛ na wɔwɔ anantwie bebree wɔ Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam wɔ anweatam a ɛtrɛ kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.

10Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ5.10 Hagarfoɔ. (1 Be 5.19-22) Saa abusua a wɔyɛ Hagar a na ɔyɛ Ismael ne na (1 Mose 16) asefoɔ no, na wɔyɛ Israelfoɔ atamfoɔ no mu baako (Nnw 83.6). so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no.

Gad Asefoɔ

11Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka.

12Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ.

13Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne:

Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.

14Yeinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.

15Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuanoni.

16Gadfoɔ no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraaseɛ ne Saron tata no nyinaa so.

17Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam ɛberɛ so na wɔtwerɛɛ yeinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.

Yordan Apueeɛ Fam Mmusuakuo

18Na akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si ɔpeduanan ɛnan ahanson ne aduosia. Wɔkurakura akokyɛm, akofena ne agyan, na wɔn nyinaa akwadare wɔ akodie mu. 19Wɔko tiaa Hagarfoɔ, Yeturfoɔ, Nafisfoɔ ne Nodabfoɔ. 20Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na ɔtiee wɔn mpaeɛbɔ, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too no so. Enti, wɔdii Hagarfoɔ no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. 21Asadeɛ a wɔfa firii Hagarfoɔ no nkyɛn no yɛ nyoma ɔpeduonum, nnwan ɔpehanu aduonum, mfunumu mpenu ne nneduafoɔ ɔpeha. 22Wɔkunkumm Hagarfoɔ no bebree ɔko no mu, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti, wɔtenaa wɔn asase so, kɔsii sɛ wɔtwaa wɔn asuo.

23Manase abusua fa no trɛɛ wɔ asase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon, Senir ne bepɔ Hermon ho. Na wɔdɔɔso yie. 24Yeinom ne wɔn mmusua no ntuanofoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye edin sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ ne ɔkandifoɔ. 25Nanso, na wɔnni nokorɛ, na wɔbuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsomm aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. 26Enti, Israel Onyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsane frɛ no Tiglat-Pileser) akoma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusua fa sɛ nneduafoɔ. Asiariafoɔ no twaa wɔn asuo kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ bɛsi ɛnnɛ.