歴代誌Ⅰ 18 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅰ 18:1-17

18

ダビデの勝利

1その後、ダビデはペリシテ人を制圧し、ガテと周辺の町々を占領しました。 2次いでモアブを制圧し、モアブは毎年、ダビデに多額の貢ぎ物を納めるようになりました。 3さらに、ツォバの王ハダデエゼルがユーフラテス川流域まで領土を広げようとした時、ダビデは、ハマテまで出て彼の野心を打ち砕きました。 4戦車千台を奪い、騎兵七千、歩兵二万を捕虜にしたのです。戦車は百台だけをイスラエル軍のために残し、残りは全部、使えないように解体しました。

5ダビデはまた、ダマスコからハダデエゼル王の援軍として参戦したシリヤ軍二万二千人を打ち、 6シリヤ(アラム)の首都ダマスコに守備隊を置きました。シリヤも毎年、多額の貢ぎ物を納めるようになりました。こうして主は、ダビデの行く先々で彼に勝利を与えられたのです。 7ダビデは、ハダデエゼル王の家来たちが持っていた金の盾をエルサレムに持ち帰りました。 8同時に、ハダデエゼルの町ティブハテとクンから大量の青銅を奪いました。のちにソロモンはこの青銅を溶かして、神殿用の大洗盤や柱、祭壇でいけにえをささげるための種々の道具を作りました。

9ハマテの王トウは、ダビデがハダデエゼルの軍勢を打ち破ったことを知ると、 10王子ハドラムを使者としてダビデのもとに送り、戦勝を祝いました。同時に、同盟を結ぶしるしに、金、銀、青銅など多くの贈り物をしました。ハダデエゼルとトウとはこれまで仲が悪く、何度も戦っていたからです。 11ダビデはこれらの贈り物を、エドム、モアブ、アモン、ペリシテ、アマレクの国々から奪った金銀とともに主にささげました。

12また、ツェルヤの子アブシャイは、塩の谷でエドム人一万八千人を打ちました。 13そして、エドムに守備隊を置き、毎年、多額の貢ぎ物をダビデに納めさせるようにしました。このように主は、ダビデの行く先々で彼に勝利を与えました。 14ダビデはイスラエル全土を支配し、正しく民を治めました。

15ツェルヤの子ヨアブは軍の総司令官、アヒルデの子ヨシャパテは史官、 16アヒトブの子ツァドクと、エブヤタルの子アヒメレクは祭司の長、シャウシャは王の秘書官、 17エホヤダの子ベナヤはケレテ人とペレテ人からなる王の護衛隊の隊長、ダビデの子たちは王の側近を務めました。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 18:1-17

Dawid Akodie Mu Nkonimdie

1Yei akyiri no, Dawid ko dii Gat ne nkuro a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifoɔ no hyɛeɛ, brɛɛ wɔn ase. 2Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, ma Moabfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.

3Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba akodɔm ase, de kɔsii Hamat wɔ ɛberɛ a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. 4Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Afei, ɔtwitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.

5Ɛberɛ a Aramfoɔ firi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkumm wɔn mu ɔpeduonu mmienu. 6Afei, ɔde asraafodɔm guu Damasko, Aram ahenkuro mu, ma Aramfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no apeatoɔ. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. 7Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. 8Ɔde kɔbere mfrafraeɛ bebree a ɛfiri Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun kaa ho baeɛ. Akyire yi, Salomo nanee kɔbere mfrafraeɛ no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.

9Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no, 10ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree.

11Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa firii aman foforɔ a ɔkaa wɔn hyɛeɛ no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia ne Amalek.

12Seruia babarima Abisai kunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. 13Ɔde asraafoɔ duaduaa Edom nyinaa, ma Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ sɛdeɛ Awurade ma Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ no nhwɛsoɔ.

14Dawid dii ɔhene wɔ Israel nyinaa so, na ɔne obiara tenaa yie.

15Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni.

16Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ.

Sawsa na na ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.

17Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ no so panin.

Dawid mmammarima somm sɛ ɔhene aboafoɔ mpanimfoɔ.