歴代誌Ⅰ 10 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅰ 10:1-14

10

サウルの死

1ペリシテ人はイスラエル軍を攻め破ったので、イスラエル軍は敗走し、ギルボア山のふもとで虐殺されました。 2ペリシテ人は、サウルと三人の息子ヨナタン、アビナダブ、マルキ・シュアを捕らえ、彼ら全員を討ち取りました。 3サウルは、ペリシテ人の射手たちに囲まれてねらい撃ちされ、深手を負ったため、 4苦しい息の下から、そばにいたよろい持ちに命じました。「さあ、おまえの剣で私を殺してくれ。あの割礼も受けていない者どもに捕まって、なぶり者にされたくないのだ。」

しかし、よろい持ちは恐ろしくて手が出せません。そこでサウルは剣を取り、その上にうつぶせに倒れて自害したのです。 5よろい持ちは王の死を見届けると、自分も同じように自害しました。 6こうして、サウルと三人の息子はみな討ち死にし、彼の全家は一日のうちに滅び去ってしまったのです。

7谷にいたイスラエル軍は、味方が総くずれとなり、王と王子たちが戦死したと聞くと、町を捨てて逃げ出しました。以来、ペリシテ人がその町々に住むようになりました。 8翌日、ペリシテ人が兵士の死体からめぼしい物をはぎ取り、あたりに散らばっている戦利品を集めようと引き返して来た時、サウルと息子たちのなきがらを見つけました。 9それで彼らはサウルの武具をはぎ取り、彼の首をはねました。そして、その首を自分たちの国へ持ち帰って見せ物とし、偶像の前で勝利を祝いました。 10武具は彼らの神々の神殿に奉納し、首はダゴンの宮にさらしたのです。

11ヤベシュ・ギルアデの人々は、ペリシテ人がサウルの首をさらしたことを聞きました。 12彼らのうちの勇士は、行って王と三人の王子のなきがらを取り返し、ヤベシュにある樫の木の下に葬り、七日の間、断食して喪に服しました。

13サウルは、主に不従順であったために死んだのです。彼は霊媒に伺いを立て、 14主の導きを求めようとはしませんでした。それで、主は彼を殺し、王位をエッサイの子ダビデに渡されたのでした。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 10:1-14

Ɔhene Saulo Wu

1Afei, Filistifo no bɛtow hyɛɛ Israel so, maa Israelfo no guanee. Wokunkum wɔn mu pii wɔ bepɔw Gilboa so. 2Filistifo no kaa Saulo ne ne mmabarima hyɛe. Wokunkum wɔn mu baasa a wɔne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3Ɔko no ano yɛɛ den twaa Saulo ho hyiae, maa Filistifo agyantowfo no nyaa Saulo piraa no yiye.

4Saulo fi apinisi mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa, fa wɔ me kum me na Filistifo abosonsomfo yi ammɛto me, angu mʼanim ase.”

Nanso na nʼakodekurafo no suro nti, wanyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ara nʼafoa, de kum ne ho. 5Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ Saulo awu no, ɔno nso de nʼafoa kum ne ho. 6Ɛno nti, Saulo ne ne mma mmarima baasa no wuwuu hɔ ara, maa nʼahenni nnidiso no baa awiei.

7Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no mu no huu sɛ wɔadi wɔn asraafo no so, na Saulo ne ne mmabarima baasa no awuwu no, woguan gyaa wɔn nkurow hɔ. Ɛno nti, Filistifo no kɔfaa wɔn nkurow no.

8Ade kyee a Filistifo no kɔɔ sɛ wɔrekoyiyi atɔfo no ho nneɛma no, wohuu sɛ Saulo ne ne mmabarima no amu gugu bepɔw Gilboa so. 9Enti woyiyii Saulo akode fii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wu no ho dawuru maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa tee. 10Wɔde nʼakode no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no fasu ho.

11Nanso Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no, 12wɔn akofo kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu baa Yabes. Na wosiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wodii mmuada nnanson.

13Na Saulo wui, efisɛ wanni Awurade nokware. Wanni Awurade ahyɛde so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ 14wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ obisa Awurade nkyɛn akwankyerɛ. Ɛno nti, Awurade kum no, de nʼahenni hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.