列王記Ⅱ 22 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

列王記Ⅱ 22:1-20

22

ユダの王ヨシヤ

1-2ユダの新しい王ヨシヤは八歳で即位し、エルサレムで三十一年間治めました。母はボツカテ出身のアダヤの娘エディダで、彼は主の目にかなうことを行い、先祖ダビデにならって完全に主に従いました。

3-4ヨシヤ王の第十八年に、王はメシュラムの子アツァルヤの子、書記官シャファンを使いに出し、神殿にいる大祭司ヒルキヤに指示しました。「礼拝に来る人々が、神殿の入口にいる祭司に渡す献金を集めなさい。 5-6その金を工事監督者に渡し、それで神殿を修理する大工や石工を雇い、木材や石材を買わせなさい。 7ただし彼らは正直者ばかりなので、支出報告書の必要はない。」

8ある日、大祭司ヒルキヤが書記官シャファンのところに来て、「神殿で律法の書を発見した」と報告しました。ヒルキヤは、その巻物をシャファンに見せました。 9-10シャファンは神殿の修理状況を王に報告した時、ヒルキヤが発見した巻物のことにもふれ、王の前でそれを読み上げました。 11王はその内容を聞くと、恐れて自分の衣を裂きました。 12-13それから祭司ヒルキヤ、シャファン、王の補佐官アサヤ、シャファンの子アヒカム、ミカヤの子アクボルに命じて、主に尋ねさせたのです。「私たちはどうしたらよろしいでしょう。私たちはこの書の教えを守ってきませんでした。私たちも私たちの先祖も、あなたのご命令に従わなかったので、あなたは激しく怒っておられるに違いありません。」

14そこで祭司ヒルキヤ、アヒカム、アクボル、シャファン、アサヤは、エルサレムのミシュネ地区へ行って、女預言者フルダに会いました。彼女は、ハルハスの子ティクワの子で、宮殿の衣装係をしているシャルムの妻でした。 15-16彼女は彼らに、主が語られたことばを伝えました。「あなたがたを使いに出した人に告げなさい。『わたしは、あなたがたが読んだ書にあるとおり、この町と民を滅ぼすつもりだ。 17ユダの民はわたしを捨てて、ほかの神々を拝み、わたしを激しく怒らせた。もう、その怒りはとどめようがない。 18-19しかし、この地がのろわれて荒れ地となるという警告を読んだ時、あなたは深く心を痛め、謙遜になり、衣を裂いて、わたしの前で涙を流した。それで、あなたの願いを聞き入れよう。 20あなたが死ぬまで、この民に災いは臨まない。わたしがこの場所に下す災いを、あなたは見ないですむ。』」

彼らは、このことばを王に伝えました。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 22:1-20

Yosia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ɛberɛ a Yosia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ aduasa baako. Na ne maame din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat no babaa. 2Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, na ɔfaa ne tete agya Dawid nhwɛsoɔ. Wammane ankɔ nifa anaa benkum.

3Ɔhene Yosia dii mfirinhyia dunwɔtwe wɔ nʼahennie mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Mesulam nana, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, 4“Kɔ ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a apono anohwɛfoɔ no agyegye afiri nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no. 5Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho nsiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfoɔ a wɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no ho ka. 6Ɛho bɛhia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfoɔ, adansifoɔ ne abohyehyɛfoɔ. Afei, ma wɔntɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie asɔredan no. 7Nanso, ɛho nhia sɛ adansie no sohwɛfoɔ bɛbu sika a wɔn nsa bɛka no ho nkonta, ɛfiri sɛ, wɔyɛ nokwafoɔ.”

Helkia Kɔhunu Onyankopɔn Mmara No

8Ɔsɔfopanin Hilkia ka kyerɛɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan sɛ, “Mahunu Mmara Nwoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan, na ɔkenkaneeɛ. 9Safan sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no de sika a wɔgyegyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ama adwumayɛfoɔ no ne sohwɛfoɔ a wɔwɔ asɔredan no ho no.” 10Safan sane ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.

11Ɛberɛ a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nwoma no mu no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. 12Na ɔhyɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan ne ɔhene fotufoɔ Asaia sɛ, 13“Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ agu nwoma mmobɔeɛ no a wahunu no ho asɛm. Awurade abufuhyeɛ aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni nwoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ deɛ nwoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”

14Enti, ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforɔ Misne kɔhunuu odiyifoɔ Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntadeɛ adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nana. 15Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ, 16‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛdeɛ matwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a mokenkaneɛ no mu no. 17Ɛfiri sɛ, me nkurɔfoɔ agya me, na wɔsom anyame huhuo, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuo. Mʼabufuhyeɛ redɛre wɔ ha, na ɛrennum.’ 18Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔhwehwɛ Awurade, na monka nkyerɛ no sɛ, Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa asɛm a woate no seesei no ho. 19Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo ya, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometeɛ sunsuanee wo ntadeɛ mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti, nokorɛm, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ. 20Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wuo ne wosie akyi. Worenhunu amanehunu a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ”

Enti, wɔsane de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.