列王記Ⅱ 18 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

列王記Ⅱ 18:1-37

18

ユダの王ヒゼキヤ

1-3ユダの新しい王、アハズの子ヒゼキヤは、イスラエルの王ホセアの第三年に、二十五歳で即位し、エルサレムで二十九年間治めました。母はゼカリヤの娘アビ。その治世は先祖ダビデと同じように良いものでした。

4ヒゼキヤ王は高台の礼拝所を取り除き、石の柱を壊し、忌まわしいアシェラ像を切り倒しました。また、人々が香をたいて祈るようになっていた、モーセの作った青銅の蛇を粉々にしました。それは王が指摘したとおり、元をただせば、ただの青銅にすぎなかったのです。 5王はイスラエルの神、主に心から信頼していました。あとにも先にも、ヒゼキヤのような王はいませんでした。 6すべての点で主に従い、主がモーセに授けられた命令を注意深く守りました。 7主は彼とともにいて、彼のすることをみな祝福しました。彼はアッシリヤの王に刃向かい、貢ぎ物を納めることをやめました。 8また、ガザとその周辺までペリシテ人の領土を占領し、大小の町々を攻撃しました。

9アッシリヤ王のシャルマヌエセルがイスラエルのサマリヤの町を包囲したのは、イスラエルの王ホセアの第七年、ヒゼキヤ王の第四年のことでした。 10三年後、サマリヤは陥落しました。 11その時、アッシリヤの王はイスラエル人を捕虜としてアッシリヤに移し、ハラフの町、ゴザンのハボル川のほとり、メディヤの町々に住まわせました。 12そうなったのは、彼らが彼らの神、主に聞き従わず、その命令を守らなかったからです。それどころか、彼らは主との契約を踏みにじり、主のしもべモーセが与えたすべてのおきてに背いたのです。

セナケリブの攻撃と脅迫

13そののち、ヒゼキヤ王の第十四年に、アッシリヤの王セナケリブがユダの要塞化された町々を残らず占領しました。 14ヒゼキヤは、ラキシュにいるアッシリヤ王のもとに使者を送って、和平を求めました。「私が間違っておりました。わが国から引き揚げてくださるなら、お望みどおりの賠償金を支払います。」アッシリヤの王の要求は銀三百タラントと金三十タラントでした。 15ヒゼキヤ王は、神殿と宮殿の宝物倉にある銀を全部、この賠償金にあてました。 16足りない分は神殿の扉と柱の金箔をはぎ取ってまで、アッシリヤの王に渡しました。

17ところがアッシリヤの王は、前線の将軍、主計長、参謀長に大軍をつけてエルサレムに送ったのです。彼らは、布さらしの野(城外にあった、布をさらす職人たちの作業場)に面した大路に沿って、上の池の水道のそばに宿営しました。 18三人は、ヒゼキヤ王とじきじきに話し合うことを望みましたが、ヒゼキヤは自分の代わりに、宮内長官エルヤキム、書記官シェブナ、補佐官ヨアフを休戦交渉の代表に立てました。

19アッシリヤの将軍ラブ・シャケは彼らに言いました。「ヒゼキヤ王に伝えよ。アッシリヤの大王の仰せだ。『私の手からおまえを助け出せる者はいない。 20-21外国の口先だけの援助を当てにして私に反逆するとは、もってのほかだ。同盟国の中で、どの国が実際にその約束を果たしてくれようか。エジプトか? エジプトなど頼りになるものか。エジプトは葦の杖にすぎず、おまえの重みで折れ曲がり、おまえの手を突き刺すことになるだろう。エジプトのファラオは少しも当てにならない。 22それともおまえたちは、「きっと主が助けてくださる」とでも言うのか。だとしたら忘れるな。それは、おまえが取り除いた高台の祭壇の神々である。主とやらをエルサレムの祭壇で拝めと命じているとは、あきれ果てたものだ。』 23どうしたらよいか教えてやろう。わが主君アッシリヤの王と賭けをするがいい。そちらが馬に乗れる者二千人を用意するなら、こちらで二千頭の馬を出そう。 24おまえたちの小さな軍隊では、わが主君の軍隊の最小部隊を指揮する最下位の将校さえ、脅かすことはできまい。たとえエジプトが馬や戦車を出してくれたとしても、それが何の助けになるのか。 25思い違いをするな! われわれの野心からここに来たのではない。主がわれわれを送り、『攻め上ってこの民を滅ぼせ』と言われたのだ。」

26エルヤキムとシェブナ、ヨアフは、たまりかねて口をはさみました。「私たちにはアラム語がわかりますから、どうかアラム語で話してください。城壁の上にいる民が聞いているので、ヘブル語は使わないでください。」

27しかし、ラブ・シャケは平然と答えました。「わが主君がわざわざ私をよこしたのは、おまえたちやおまえたちの主君とだけ話すためではない。城壁の上にいる民にも話しかけるためなのだ。彼らもおまえたちといっしょに、自分の糞を食べ、自分の尿を飲むようになるからだ。」

28こう言い捨てると、彼は城壁の上にいる者たちに大声で呼びかけました。「アッシリヤの大王の仰せを聞け!  29『ヒゼキヤにだまされるな。彼はおまえたちを、私の手から救い出せない。 30主がわれわれを救い出してくれるとか言っているそうだが、決してだまされてはならない。 31-32ヒゼキヤの言うことなど聞かずに、降伏せよ! そうすれば、自分の国で平和に暮らせるのだ。そのうち、この国と同じように穀物とぶどう酒がたくさんでき、オリーブの木とみつに恵まれた、新しい地に連れて行ってやろう。それが助かる唯一の道だ。いくらヒゼキヤが、主が救い出してくれると言っても、そんなたわごとに耳を貸すな。 33アッシリヤの王の手から国を救った神々がいたか。 34ハマテ、アルパデ、セファルワイム、ヘナ、イワの神々は、サマリヤを助けたか。 35どこの神が、私の手から国を救えたか。いったい何を根拠に、主はエルサレムを救えるなどと考えているのだ。』」

36城壁の上の者たちはヒゼキヤ王の命令どおり、黙って、何も答えませんでした。 37ヒルキヤの子で宮内長官のエルヤキム、書記官シェブナ、アサフの子で補佐官のヨアフは、自分たちの衣を裂いてヒゼキヤ王のもとに行き、アッシリヤの将軍ラブ・シャケが言ったことを報告しました。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 18:1-37

Hesekia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ahas babarima Hesekia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmiɛnsa. 2Ɔdii ɔhene no na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonu nkron. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a wɔfrɛ no Abi. 3Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. 4Ɔtutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera afɔrebukyia no guu fam. Ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose ayɛ no, ɛfiri sɛ, na nnipa no hye nnuhwam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ no Nehustan.

5Hesekia de ne ho too Awurade, Israel Onyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ no wɔ Yuda asase so. 6Biribiara mu, ɔdii Awurade nokorɛ, na ɔde ntoboaseɛ dii ahyɛdeɛ a Awurade de maa Mose no nyinaa so. 7Ne saa enti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua apeatoɔ amma no. 8Afei, ɔkɔdii Filistifoɔ so nkonim, de kɔsii Gasa ne nʼahyeɛ so, firi ne nkuraaseɛ, de kɔsii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasuo atwa ho no.

9Hesekia ahennie no mfeɛ ɛnan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahennie wɔ Israel mfeɛ nson mu no, Asiriahene Salmaneser kɔtuaa Israel, hyɛɛ aseɛ kaa Samaria kuropɔn hyɛeɛ. 10Mfeɛ mmiɛnsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi adeɛ mfeɛ nsia mu a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedie wɔ Israel mfeɛ nkron mu no, Samaria bɔeɛ. 11Saa ɛberɛ no, Asiriahene twaa Israelfoɔ no asuo, kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan nkonkɔnoa ne nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Media mu. 12Ɛfiri sɛ, wɔantie Awurade, wɔn Onyankopɔn no. Wɔbuu nʼapam no so, mmara a Awurade nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no.

Asiria Tuu Yuda So Sa

13Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. 14Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis sɛ, “Mayɛ mfomsoɔ. Sɛ wobɛfiri ha akɔ nko ara deɛ a, apeatoɔ biara a wobɛgye me no, mɛtua.” Na Asiriahene bisaa mpatadeɛ a ɛboro dwetɛ tɔno 11 ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔno baako. 15Enti, ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no Awurade Asɔredan no mu ne deɛ ɛwɔ ahemfie adekoraeɛ hɔ nyinaa maeɛ. 16Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura Awurade asɔredan no apono ho, de ne nyinaa maa Asiriahene.

17Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia18.17 Nsuka a ɛnam asase ase a Hesekia tuiɛ no ma wɔnyaa nsuo firii Asubɔnten Gihon mu. so wɔ Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde kɔ baabi a wɔpa ntoma ani no ho. 18Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanimfoɔ yi sɛ wɔnkɔhyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfie hɔ so, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ.

Senaherib Hunahuna Yerusalem

19Na Asiriahene no ara ananmusini no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ,

“ ‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? 20Wogye di sɛ wobɛtumi de anosɛm hunu asi akodie mu nyansa ne nʼahoɔden anan? Wʼakyitaafoɔ bɛn na wɔbɛtaa wʼakyi, ama woatumi ako atia Asiria? 21Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. 22Ebia, wobɛka sɛ, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Onyankopɔn so!” Nanso, ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia didii nʼatɛm no? Hesekia ammubu abosonnan ne afɔrebukyia nyinaa, anhyɛ Yudafoɔ sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara no so?

23“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 24Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so. 25Deɛ ɛka ho ne sɛ, wogye di sɛ yɛadi mo asase yi so a Awurade akwankyerɛ nni mu? Awurade ankasa na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Kɔ na kɔsɛe no!’ ”

26Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no sɛ, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte.”

27Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”

28Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn! 29Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase. 30Mommma ɔnnaadaa mo sɛ, momfa mo ho nto Awurade so, nnka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuropɔn yi mma Asiriahene da.’

31“Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu. 32Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte sɛ yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na monyi owuo akwa!

“Mommma Hesekia nnaadaa mo nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn!’ 33Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfoɔ afiri Asiriahene nsam da? 34Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wɔtumi gyee Samaria firii me tumi ase anaa? 35Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfoɔ afiri me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, ɛdeɛn na ɛma mo dwene sɛ Awurade bɛtumi agye Yerusalem?”

36Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.

37Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no.