伝道者の書 5 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

伝道者の書 5:1-20

5

神への誓いを果たしなさい

1-3神殿に入るときは、耳をすまして、口は堅くつぐみなさい。神に軽はずみな約束をするのは罪です。それがわからないほど愚かになってはいけません。神は天におられ、私たちは地にいるのですから、ことば数はできるだけ少なくすべきです。

仕事が多いと悪夢にうなされ、

口数が多いと愚かになる。

4神に、何かをすると誓いを立てたときは、すぐに実行しなさい。神は、愚かな人間を喜ぶことがないからです。神との約束は、どんなことがあっても果たしなさい。 5何かをすると言いながらしないより、初めから口にしないほうがずっと良いのです。 6-7約束を果たさないなら、口で罪を犯すことになります。神の使者に、「誓いを立てたのは間違いでした」などと弁解してはいけません。それを聞いて神は腹を立て、あなたの繁栄を奪い去るかもしれないからです。

夢ばかり見ていて実行しないのは愚かで、

むなしいことばが多いと、

滅びを招きます。

そんなことをしないで、神を恐れなさい。

富はむなしい

8貧しい人が金持ちにいじめられ、国中で正義が踏みにじられているのを見ても、別に驚くにあたりません。どの役人にも上役がいて、その上にさらに高官がいるからです。それが国の政治の仕組みなのです。 9その全体の上に王が立てられています。その王が国のために献身する王なら、どんなにすばらしいことでしょう。そうした人物だけが国を混乱から救えるのです。

10金銭を愛する者は、決してこれで満足だということがありません。金さえあれば幸せだという考えは、なんと愚かなことでしょう。 11収入が多くなれば、それに応じて支出も多くなります。金銭にどんな利益があるというのでしょう。彼らは金銭が指の間からこぼれ落ちていくのを眺めていることしかできないのです。 12汗水流して働く人は、満腹していようが腹をすかしていようが、ぐっすり眠ることができます。しかし、金満家は不安につきまとわれ、不眠に悩まされます。 13-14私はまた、ここかしこに深刻な問題があるのに気づきました。せっかくの貯金が危険な投資に使われ、子どもに残す財産もなくなってしまうという現実です。 15投機に手を出す者は、すぐさま無一文の振り出しに戻ります。 16これは言ったように、とても深刻な問題です。どんなに働いても、ざるで水をくむようなものであり、風を追うようなものです。せっかく手に入れたものが、全部なくなってしまうのです。 17残る生涯を暗い気持ちで、失意と挫折感、怒りを持ちながら生きることになります。

18でも、良いことが少なくとも一つあります。生きている限りは、おいしい物を食べ、上等のワインを飲み、置かれた立場を受け入れ、与えられた仕事がどのようなものであれ、それを楽しむことです。 19-20主のおかげで財産家になり、健康にも恵まれているとしたら、それこそ申し分のないことです。仕事を楽しみ、与えられた人生に満足することこそ、神からの贈り物です。こういう人は、神から喜びを与えられているのですから、悲しい思いで過去を振り返る必要などありません。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 5:1-20

Suro Onyankopɔn

1Sɛ wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene sɛ wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no.

2Mpɛ ntɛm nkasa,

mma wʼakoma ho mpere no

sɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim.

Onyankopɔn te ɔsoro

na wo deɛ, wo wɔ asase so,

enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

3Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no,

saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ.

4Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so. 5Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so. 6Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? 7Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.

Ahonya Yɛ Ahuhudeɛ

8Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. 9Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ.

10Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da;

na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya.

Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

11Adetɔndeɛ bu so a,

saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso.

Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya

sene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?

12Ɔpaani da ma nʼani kum,

sɛ wadidi amee anaasɛ wammee,

nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti

ɔntumi nna.

13Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no wɔ owia yi ase nie:

sɛ wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura,

14anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti

sɛ ɔnya ɔbabarima bi a

hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no.

15Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ,

na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ.

Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a

ɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ.

16Yei nso yɛ ɔhaw kɛseɛ:

Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ,

na mfasoɔ bɛn na ɔnya

wɔ ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa?

17Ne nna nyinaa mu no, ɔdidi a, nʼanom nyɛ no dɛ

ɛfiri sɛ abamubuo, ateeteeɛ ne abufuo wɔ no so.

18Afei mehunuu sɛ ɛyɛ ma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri sɛ yei ne ne kyɛfa. 19Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ yɛ nʼadwuma, na ɔhunu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. 20Ɔnntaa ntena ase nnwene ne nkwa nna ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de akoma mu anigyeɛ ama no.