伝道者の書 12 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

伝道者の書 12:1-14

12

1若い日を夢中で楽しむあまり、あなたの造り主を忘れてはいけません。生きていることを楽しむ余裕などない逆境の時が来る前に、神を信じなさい。 2年を取り、日の光や月、星がかすんでよく見えず、夢も希望もなくなってから、神を思い出そうとしても手遅れです。 3やがて、手足が老齢のため震えるようになり、しっかりしていた足も弱くなり、歯がなくなって食べ物もかめず、目も見えなくなる時がきます。 4歯がなくなったら、物を食べるときは口を開かないようにしなさい。鳥がさえずり始める朝早く目が覚めても、耳が遠くて聞こえず、声もしわがれてきます。 5あなたは白髪でしわだらけの老人となり、高い所を怖がり、転ぶことを心配しながら足を引きずって歩きます。性欲もなく、死の門のそばに立ち、死んだ人を嘆く者のように永遠の家へと近づいて行きます。

6もう一度言います。あなたの若い日に、あなたの造り主を覚えなさい。銀色のいのちのひもが切れ、金の器が壊れ、水がめが泉のそばで壊れ、滑車が井戸のそばで壊れてしまう前に。 7やがて、ちりは元の地に帰り、たましいは、これを授けた神のもとに帰ります。 8伝道者は言います。すべて何もかもむなしい、と。

伝道者が出した結論

9しかし、伝道者は知恵があったので、自分の知っていることを全部人に教えました。また、さまざまの人生訓を集め、それを分類しました。 10知恵があっただけでなく、優れた教師でもあったからです。伝道者は人々に、自分の知っていることを興味深く教えました。

11知恵ある人のことばは、家畜を追い立てる突き棒のようなものです。大切な真理を逃しません。教師の語ることを身につける学生は賢い学生です。

12若い人よ、注意しなさい。人の意見には際限がありません。それを全部学ぼうと思うなら、いつになっても終わりがなく、疲れ果ててしまいます。

13これが私の最終的な結論です。神を恐れ、その命令に従いなさい。これこそ人間の本分です。 14神は私たちのすることをすべて、隠れたこともすべて、善も悪も、みなさばくのです。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 12:1-14

1Kae wo Bɔfoɔ

wɔ wo mmeranteberɛ mu,

ansa na nnabɔne no aba

na mfeɛ a wobɛka sɛ,

“Menni mu anigyeɛ biara” no reba,

2ansa na owia ne hann,

ɔsrane ne nsoromma aduru sum,

na omununkum asane aba osutɔ akyi.

3Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo,

na mmarima ahoɔdenfoɔ akom,

ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti

na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;

4ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu

na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase;

ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane,

nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;

5ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ

ne mmɔntene so amanenyasɛm;

ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne

na abɛbɛ wea korɔ

na nkatedeɛ ho adwodwoɔ.

Afei onipa kɔ ne daa homeɛ mu

na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so.

6Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,

anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ;

ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho,

anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu,

7na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ,

na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.

8“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.

“Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”

Asɛm No Awieeɛ

9Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree. 10Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.

11Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn. 12Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima.

Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ.

13Afei ne nyinaa atɔ asom;

nsɛm no awieeɛ nie:

Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so,

na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.

14Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,

deɛ wɔayɛ asie nso ka ho,

sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.