ルカの福音書 6 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

ルカの福音書 6:1-49

6

安息日の主であるイエス

1ある安息日(神の定めた休息日)のことです。イエスと弟子たちは麦畑の中を歩いていました。弟子たちは歩きながら、麦の穂を摘んでは、手でもみ、殻を取って食べました。 2パリサイ人たちが目ざとくそれを見つけ、非難しました。「どう見ても律法違反だ! 弟子たちのやっていることは、明らかに刈り入れではないか。安息日の労働はユダヤのおきてで禁じられているというのに。」 3イエスは、お答えになりました。「聖書を読んだことがないのですか。ダビデ王とその家来たちが空腹になった時、どうしたでしょうか。 4ダビデ王は神殿に入り、主に供えられた特別なパンを取って食べたではありませんか。これはおきてに反することでしたが、自分ばかりか、家来たちにも分けてやりました。」 5また、こうも言われました。「わたしは安息日の主です。」

6今度は別の安息日のことです。イエスは会堂で教えておられました。ちょうどそこに、右手の不自由な男が居合わせました。 7安息日だというので、律法の専門家やパリサイ人たちは、イエスがこの男を治すかどうか、様子をうかがっていました。何とかしてイエスを訴える口実を見つけようと必死だったのです。 8彼らの魂胆を見抜いたイエスは、その男に、「さあ、みんなの真ん中に立ちなさい」とお命じになりました。男が言われたとおりにすると、 9イエスはパリサイ人たちに、「ひとつ聞きたいのですが、安息日に良いことをするのと悪いことをするのと、どちらが正しいでしょうか。人のいのちを救うのと、いのちを奪うのと、どちらが正しいでしょうか」とお尋ねになりました。 10それから、会衆をぐるりと見回し、男に、「さあ、手を伸ばしなさい」と言われました。男がそのとおりにすると、なんと彼の右手はすっかり治っていました。 11これを見たパリサイ人たちはすっかり逆上し、イエスを殺そうとたくらみ始めました。

十二使徒を選ぶ

12それからまもなく、イエスは山へ行き、夜通し祈られました。 13夜明けごろ、弟子たちを呼び寄せると、その中から十二人を選び、「使徒」という名をおつけになりました。 14-16十二人の名前は次のとおりです。シモン〔イエスはペテロともお呼びになった〕、アンデレ〔シモンの兄弟〕、ヤコブ、ヨハネ、ピリポ、バルトロマイ、マタイ、トマス、ヤコブ〔アルパヨの息子〕、シモン〔「熱心党」というユダヤ教の急進派グループのメンバー〕、ユダ〔タダイとも呼ばれた〕、イスカリオテのユダ〔後にイエスを裏切った男〕。

17-18イエスは弟子たちといっしょに山を降り、広々とした所にお立ちになりました。すると、ほかの大ぜいの弟子と群衆が集まって来て、たちまちイエスの回りは人の波で埋めつくされました。ユダヤ全地、エルサレム、はるか北のツロやシドンの海岸地方などから、イエスの話を聞き、また病気を治してもらおうと、はるばるやって来た人ばかりです。ここでは、悪霊に苦しめられている人もいやされました。 19だれもがみな、イエスにさわろうと押し合いへし合いの大騒ぎです。さわれば、病気を治す力がイエスから出て、どんな病気もいやされたからです。

20それからイエスは、弟子たちのほうをふり向き、話し始められました。「あなたがた貧しい人は幸福です。神の国はあなたがたのものだからです。 21いま空腹な人は幸福です。やがて十分満足するようになるからです。泣いている人は幸福です。もうすぐ笑うようになるからです。 22わたしの弟子だというので、憎まれたり、追い出されたり、悪口を言われたりするなら、なんと幸いなことでしょう。 23そんなことになったら、心から喜びなさい。躍り上がって喜びなさい。やがて天国で、目をみはるばかりの報いがいただけるからです。そして、同じような扱いを受けた、昔の預言者たちの仲間入りができるのです。

24これとは反対に、金持ちたちを待ち受けているのは悲しみだけです。彼らの幸福はこの地上限りのものだからです。 25肥え太り、今は栄えていても、やがて飢え渇く日が来れば、彼らの笑いは一瞬にして悲しみに変わるでしょう。 26ほめそやされる者はあわれです。偽預言者はいつの時代でも、そのような扱いを受けたからです。

27いいですか、よく聞きなさい。あなたの敵を愛しなさい。あなたを憎む者によくしてあげなさい。 28あなたをのろう者を祝福しなさい。あなたを侮辱する者に神の祝福を祈り求めなさい。 29もしだれかが頬をなぐったら、もう一方の頬もなぐらせなさい。また、もしだれかが上着を取ろうとしたら、下着もつけてやりなさい。 30持ち物は何でも、ほしがる人にあげなさい。盗難にあっても、取り返そうと気をもんではいけません。

31また、人からしてほしいと思うことを、そのとおり人にもしてあげなさい。 32自分を愛してくれる人だけを愛したところで、ほめられたことでも何でもありません。神を知らない人でさえ、それぐらいのことはします。 33よくしてくれる人にだけよくしたところで、何の意味があるのでしょう。罪人でさえ、それぐらいのことはします。 34返してもらえる人にだけお金を貸したところで、善行と言えるでしょうか。全額戻るとわかっていれば、どんな悪党でも仲間にお金を貸してやります。

35自分の敵を愛しなさい。彼らによくしてやり、返してもらうことなど当てにせずに貸してあげなさい。そうすれば、天からすばらしい報いがあり、あなたがたは神の子どもになれるのです。神は、恩知らずの者や極悪人にも、あわれみ深い方だからです。 36あなたがたも、天の父のように、あわれみ深い者になりなさい。 37人のあら捜しをしたり、悪口を言ったりしてはいけません。自分もそうされないためです。人には広い心で接しなさい。そうすれば、彼らも同じようにしてくれるでしょう。 38与えなさい。そうすれば与えられます。彼らは、量りのますに、押し込んだり、揺すり入れたりしてたっぷり量り、あふれるばかりにして返してくれます。自分が量るそのはかりで、自分も量り返されるのです。」

39イエスはさらに、もう一つのたとえを話されました。「盲人が盲人の道案内をしたら、どうなるでしょう。一人が穴に落ち込めば、もう一人も巻き添えになるでしょう。 40弟子が師より偉くなれますか。しかし、一生懸命努力すれば、自分の師と同じぐらいにはなれます。

41また、自分の目に大きなごみが入っているのに、どうしてほかの人の目の中にある、小さなちりを気にするのでしょう。 42自分の目の大きなごみで、よく見えもしないのに、どうして、『あなたの目にごみが入ってるから、取ってあげよう』などと言うのでしょう。偽善者よ。まず自分の目のごみを取り除きなさい。そうすれば、はっきり見えるようになって、ほかの人の小さなごみを取ってあげることもできるのです。

43おいしい実をつける木が、まずい実をつけるはずはないし、まずい実をつける木が、おいしい実をつけるはずもありません。 44つまり、木は実によって見分けることができるのです。いばらにいちじくの実はならないし、野ばらにぶどうの実はなりません。 45良い人は、良い心から良い行いを生み出します。悪い人は、隠された悪い心から悪い行いを生み出します。心に秘めたことが、ことばになってあふれ出るからです。

46なぜ、『主よ、主よ』と呼びながら、わたしに従おうとはしないのですか。 47そばに来て、わたしの教えを聞き、そのとおり実行する人はみな、 48地面を深く掘って、岩の上に土台をすえ、その上に家を建てる人のようです。洪水になり、激流に洗われても、家はびくともしません。土台がしっかりしているからです。 49しかし、わたしのことばを聞いても実行しない人は、ちょうど、土台なしで家を建てる人のようです。水が押し寄せると、家はあとかたもなく流されてしまいます。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 6:1-49

Yesu Wɔ Homeda So Tumi

1Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee. 2Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”

3Yesu buaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛɛ bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu ana? 4Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfo nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.” 5Yesu kae se, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”

6Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. 7Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no. 8Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ.

9Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Merebisa mo. Dɛn na mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”

10Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛɛ ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no. 11Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw.

Yesu Paw Asuafo Dumien

12Da bi a Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae no ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa 13Ade kyee no ɔfrɛɛ nʼakyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔpaw wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo.

14Wɔn din na edidi so yi: Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua;

Yakobo,

Yohane,

Filipo,

Bartolomeo,

15Mateo,

Toma,

Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba;

Simon, a wɔfrɛ no Selote;

16Yuda a ɔyɛ Yakobo ba;

ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no.

Nhyira Ne Mmusu

17Yesu fii bepɔw no so sian baa fam maa nʼakyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae. 18Wɔbae sɛ wɔrebetie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Otuu ahonhommɔne bebree. 19Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefo a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

20Afei ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,

“Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo,

na mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea!

21Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo,

na mo na wɔbɛma mo amee.

Nhyira ne mo a mo werɛ ahow,

na mo na wɔbɛma mo ani agye.

22Nhyira ne mo a me din nti, nnipa tan mo,

na wɔpa mo na wɔyaw mo,

na wogu mo din ho fi.

23“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no.

24“Na mo adefo de, munnue efisɛ nea ɛma mo ani gye no,

mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio.

25Munnue, mo a moamee mprempren,

na mo na ɔkɔm bɛde mo!

Munnue, mo a moreserew mprempren,

na mo na mubesi apini asu.

26Munnue, mo a nnipa kamfo mo,

efisɛ saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.”

Monnɔ Mo Atamfo

27“Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. 28Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo. 29Sɛ obi bɔ wʼasom a, dan baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntama a, worɔw wʼatade ka ho. 30Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼade a, mmisa no bio. 31Na nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.

32“Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya? ‘Nnebɔneyɛfo’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. 33Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yiye a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yiye. 34Na sɛ mobɔ wɔn a mususuw sɛ wobetumi atua no nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfo nso bobɔbobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35Monnɔ mo atamfo. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn nea ehia wɔn a, mo ani nni akyi bio. Na sɛ moyɛ eyinom a mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; efisɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfo adɔe, na ɔdom bonniayɛfo nso. 36Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufo no.

37“Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. 38Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo anan mu. Nea mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ebesusuw ama mo. Susudua a mode besusuw ama no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”

39Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn bio se, “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yiye ana? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu. 40Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a ɔbɛsɛ ne wura no.

41“Adɛn nti na wohwɛ dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho? 42Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw dua ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ bere a mpuran a ɛda wʼani so no mfa wo ho. Nyaatwom, di kan yi mpuran a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahuw ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no ama no.

43“Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa. 44Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew borɔdɔma mfi nware so. 45Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi nʼano.

46“Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso munni mʼasɛm so? 47Merekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie mʼasɛm di so no te. 48Ɔte sɛ obi a na ɔresi dan na ɔtoo ne dan no fapem ma esii ɔbotan so. Na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ɔdan no ase nanso ammu, efisɛ osi sii ɔbotan so. 49Na nea ɔte mʼasɛm na onni so no te sɛ obi a ɔresi dan, na osii dan no sii nwea so, na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ase ma edwiriw sɛee pasaa.”