ヨブ 記 34 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

ヨブ 記 34:1-37

34

1エリフのことばの続き。

2「賢者の皆さん、私の言うことを聞いていただきたい。

3われわれは、聞きたい音楽を選び、

食べたい料理を選ぶように、

4正しいことには従うという選択をするべきだ。

しかし、まず始めに、

正しいとはどういうことか定義する必要がある。

5ヨブさんがこう言ったからだ。

『私は潔白なのに、神はそうでないと言い、

6私をうそつき呼ばわりする。

私は罪など犯したこともないのに、

恐ろしい罰を受けているのだ。』

7-9ヨブさんのように尊大な人間が、

ほかにいるだろうか。

何しろ、『神を喜ばせることなど時間の無駄だ』

と言うほどだから、

悪者たちとよほど親しくしていたに違いない。

10理解力のある皆さん、私の言うことを聞いてほしい。

神が罪を犯さないことぐらい

子どもだって知っている。

11大切なのはむしろ、神が罪人を罰するということだ。

12神は絶対に悪を行わず、

正義を曲げないということほど

確かなことがあるだろうか。

13ただ神だけが、地上を支配する権威を持ち、

正義をもって全世界を治める。

14神がご自分の御霊を取り去ったら、

15いのちあるものはみな姿を消し、人は元のちりに帰る。

16私のことばに耳を傾け、

これから言うことを理解してほしい。

17もし、神が正義を憎むお方だとしたら、

この世を治めることなどできるだろうか。

あなたは、全能の裁判官をとがめるつもりか。

18王や高貴な人に向かって、

『おまえたちは不正を働く悪人だ』と言うこの神を、

とがめるつもりか。

19神は、どんなに身分の高い者をも

特別に重んじることなく、

貧しい人より金持ちを

多少でもえこひいきしたりしない。

どんな人間も、神が造ったからだ。

20彼らはあっという間に死ぬ。

身分の高い者も低い者も、真夜中に突然、

人の手によらないで取り去られる。

21神はすべての人の行動に目を注ぎ、

何もかも見通している。

22悪人が神の視線から身を隠せるような暗闇はない。

23だから、人を神の法廷に引き立てるには、

何か大きな罪を犯すのを待つまでもない。

24神は最高権力者を

取り調べることもなく失脚させ、

他の人を代わりに立てる。

25彼らのすることを監視し、

一夜のうちにそれをくつがえし、彼らを滅ぼす。

26また、公衆の面前で、

彼らを悪者として打ちたたく。

27彼らが神から離れてわき道にそれ、

28貧しい者の叫びが神の耳に届いたからだ。

神は虐待される者の叫びを聞く。

29-30神が沈黙を守っているからといって、

だれが神を非難できよう。

神は、悪者が支配権をにぎらないようにして、

国を滅亡から救う。

その一方で、いとも簡単に一つの国を葬る。

31なぜ、人は神に、

『私たちは罪を犯しましたが、もういたしません』

と言わないのだろう。

32あるいは、

『自分がどんな悪いことをしたのかわかりません。

教えていただければ、すぐに改めます』

と言わないのだろう。

33神は、あなたの注文どおりに法を曲げるだろうか。

あなたの移り気に合わせて、

宇宙の秩序を変えるだろうか。

答えはわかりきっている。

34-35ヨブさん、知恵ある人なら、

あなたが思慮のない話し方をしているという

私の意見に同意するはずだ。

36あんなに神を悪く言ったのだから、

厳罰を受けて当然だ。

37あなたは、もろもろの罪に、

背き、傲慢、冒瀆の罪を加えたのだ。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 34:1-37

1Afei Elihu kae se,

2“Mo anyansafo, muntie me nsɛm;

mo nimdefo monyɛ aso mma me.

3Efisɛ aso sɔ nsɛm hwɛ

sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no.

4Momma yɛnsese, nhu nea eye ma yɛn.

Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua nea eye.

5“Hiob ka se, ‘Me ho nni asɛm,

nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyew.

6Ɛwɔ mu sɛ mʼasɛm da kwan mu,

nanso wobu me ɔtorofo;

ɛwɔ mu sɛ menyɛɛ bɔne biara,

nanso ne bɛmma no ama me apirakuru a enwu da.’

7Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a

ɔnom animtiaabu sɛ nsu?

8Ɔne amumɔyɛfo nantew;

na ɔne atirimɔdenfo nso bɔ.

9Efisɛ ɔka se, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a

onnya so mfaso biara.’

10“Enti mo mmarima a mowɔ ntease muntie me.

Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,

sɛ Otumfo no bɛyɛ mfomso.

11Nnipa nneyɛe so na ɔhwɛ tua wɔn ka;

nea ɛfata ne nneyɛe na ɔma ɛba ne so.

12Ɛmfata sɛ wɔde mfomso susuw Onyankopɔn,

na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyew susuw Otumfo.

13Hena na ɔde no sii asase so?

Hena na ɔde wiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?

14Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ

na oyii ne Honhom ne nʼahome a,

15anka adesamma nyinaa bɛbɔ mu ayera,

na onipa bɛsan akɔ mfutuma mu.

16“Sɛ mowɔ nhumu a, muntie eyi;

muntie nea meka.

17So obi a okyi atɛntrenee betumi adi nnipa so?

Mubetumi abu Ɔtreneeni kɛse no fɔ ana?

18Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo se, ‘Mo so nni mfaso,’

na ɔka kyerɛɛ atitiriw se, ‘Moyɛ atirimɔdenfo,’

19nea ɔnhwɛ mmapɔmma anim

na onyiyi adefo ne ahiafo mu,

efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.

20Wowuwu mmere tiaa bi mu, wɔ anadwo dasu mu;

nnipa no ho wosow na wɔsen kɔ;

ahoɔdenfo totɔ a emfi nipa.

21“Nʼani hwɛ nnipa akwan;

na ohu wɔn anammɔntu biara.

22Baabiara nni hɔ a aduru sum, sum kabii,

a amumɔyɛfo betumi ahintaw.

23Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio,

a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim begye atemmu.

24Ɔbobɔ abirɛmpɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara,

na ɔde afoforo sisi wɔn anan mu.

25Efisɛ ohu wɔn nneyɛe,

otu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛw wɔn.

26Otua wɔn amumɔyɛsɛm so ka

wɔ faako a obiara betumi ahu wɔn,

27efisɛ wɔman fii nʼakyi kɔe

na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.

28Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanim

na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.

29Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hena na obetumi abu no fɔ?

Sɛ ɔde nʼanim hintaw nso a, hena na obehu no?

Nanso odi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,

30ɔmma onipa a onnim Nyame nni hene,

sɛnea ɔrensum nnipa no mfiri.

31“Sɛ ɛba sɛ onipa ka kyerɛ Onyankopɔn se,

‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.

32Kyerɛ me na minhu;

na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’

33So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina nea woka so tua wo ka,

wɔ bere a woayɛ sɛ worennu wo ho ana?

Ɛsɛ sɛ wusi gyinae, ɛnyɛ me;

enti ka nea wunim kyerɛ me.

34“Nnipa a wɔwɔ ntease pae mu ka,

nimdefo a wotie me ka kyerɛ me se,

35‘Hiob nkasa nimdeɛ kwan so;

aba biara nni ne kasa mu.’

36Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛ kɔɔ akyiri a anka eye,

efisɛ oyiyii nsɛm ano sɛ omumɔyɛfo!

37Ɔde atuatew ka ne bɔne ho;

ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so

na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”