ヨハネの黙示録 9 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

ヨハネの黙示録 9:1-21

9

底なしの穴が開かれる

1第五の天使がラッパを吹き鳴らしました。すると私は、天から地上に落ちて来る一人の人を見ました。その人には、底なしの穴を開くかぎが与えられていました。 2彼が底なしの穴を開くと、大きな炉から立ちのぼるような煙が吹き上げました。そのため、太陽も空も黒ずんでしまいました。 3すると、煙の中からいなごが飛び出し、地上を駆け巡りました。そのいなごには、さそりのように人を刺す力が与えられていました。 4いなごは、草や木には害を加えず、ただ、額に神の刻印のない人々にだけ害を加えよと、命令されていたのです。 5しかし、人間を殺すことは禁じられ、ただ、さそりに刺されたのと同じ激しい痛みで苦しめることが、五か月間だけいなごに許されていました。 6その間、人々は苦しさのあまり自殺をはかりますが、どうしても死にきれません。どんなに死にたいと願っても、死は逃げて行くのです。 7このいなごは、まるで、戦闘態勢がととのった馬のような姿をしていました。頭には金の冠をかぶり、顔は人間の顔にそっくりでした。 8毛は女の髪のように長く、ライオンのような鋭い歯をむき出していました。 9また、鉄製の胸当てのようなものを着け、その羽音は、戦場を駆ける戦車隊の響きを思わせました。 10また、さそりのように鋭く刺す尾には、五か月のあいだ人々を激痛で苦しめる力がありました。 11彼らの王は、底なしの穴の支配者で、その名をヘブル語でアバドン(破壊)、ギリシヤ語でアポリュオン(破壊者)と呼ばれていました。

12第一の災いは過ぎ去りました。しかし、あと二つの災いが待っているのです。

人間を殺す四人の悪霊

13第六の天使がラッパを吹き鳴らしました。すると、神の王座の前にある金の祭壇の四すみから、声が響いてきました。 14その声が、第六の天使に命じました。「大ユーフラテス川のほとりにつながれている、四人の強い悪霊を解き放ちなさい。」 15この悪霊は、定められた年、月、日、時が来るまでつながれていたのでした。そして今や、人類の三分の一を殺すために解き放たれたのです。 16彼らは、総勢二億もの大軍団を率いていました。私はその数を聞きました。 17-18私は幻の中で、彼らが馬に乗って出て来る有様を見ました。兵士たちの胸当ては、火のような赤色や、空色や、黄色でした。馬の頭はライオンの頭そっくりで、その口から吐き出される煙と火と燃える硫黄とで、人類の三分の一は殺されてしまいました。 19人間を殺す武器は、その口だけでなく、尾にもありました。尾は蛇の頭に似ており、それで打たれると、人間は致命傷を負うのです。 20これらの災害に会っても生き残った人々は、それでも神を礼拝しようとはしないで、悪霊や、金、銀、銅、石、木で造られた、見ることも、聞くことも、歩くこともできない偶像を拝み続けました。 21また彼らは、殺人や魔術、不道徳、盗みを改めようとしませんでした。

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 9:1-21

Totorobɛnto A Ɛtɔ So Enum

1Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hyɛnee ne totorobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa. 2Nsoromma no buee ebunu no, na wisie kumɔnn firii mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wisie no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. 3Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ anyanyankyerɛ. 4Wɔama wɔn ansɛe ɛserɛ anaa nnua anaa afifideɛ biara, na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔano no bi nni wɔn moma so no deɛ, wɔmaa wɔn twee wɔn aso. 5Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ. 6Saa abosome enum no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn.

7Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. 8Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se. 9Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. 10Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no. 11Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion”, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.”

12Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba.

Ahohommɔne Ɛnan No

13Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a ɛsi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa. 14Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ, “Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn, Asubɔnten Eufrate ho no.” 15Wɔsanesanee abɔfoɔ baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwereɛ yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afeɛ yi sɛ wɔnkunkum adasamma mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako. 16Wɔdii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodoɔ no ho amaneɛ maa meteeɛ.

17Na mʼanisoadehunu no mu no, mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn kafoɔ. Na wɔn nkataboɔ no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm sɛ afasebire, ɛnna akokɔsradeɛ sɛ sɔfe. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a ogya wisie ne sɔfe firi wɔn anom. 18Saa ɔhaw ahodoɔ mmiɛnsa no a ɛyɛ ogya, wisie ne sɔfe no a ɛfiri apɔnkɔ no anom baeɛ no kumm adasamma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako. 19Ɛfiri sɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa firi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.

20Adasamma a wɔkaeɛ no a ɔhaw no ankum wɔn no annu wɔn ho amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowaa ne aboɔ ne nnua a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnante no som. 21Saa ara nso na wɔannu wɔn ho amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.