ヨハネの黙示録 17 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

ヨハネの黙示録 17:1-18

17

悪名高い女と赤い獣

1災害をぶちまけた七人の天使の一人が、私に近づき、こう話しかけました。「ついて来なさい。地の大水の上に座っている悪名高い淫乱な女がどんな目に会うか、お見せしましょう。 2世の王たちはこの女とみだらな関係を結び、世界中の人々も、この女の不品行のぶどう酒に酔いしれました。」 3そして天使は、私を幻の中で荒野へ連れて行きました。そこには、赤い獣にまたがる一人の女の姿がありました。その獣には七つの頭と十本の角があり、体中に、神を冒瀆することばが書き込まれていました。 4女は紫と赤の服をまとい、金や宝石や真珠の、きらびやかな飾りを身につけていました。また、不品行の汚れであふれた金の杯を抱えていました。 5そして額には、「世界中のみだらな女と偶像礼拝者の母、大いなるバビロン」という、なぞめいたことばが刻まれていたのです。 6彼女は血に酔っているようでした。しかもその血は、彼女が殺したクリスチャンの血だったので、私は背筋が凍りつく思いでした。 7すると、天使が私に語りかけました。

「なぜ、そんなに驚いているのですか。この女と獣の正体を教えましょう。 8この獣は昔は生きていましたが、今はいません。しかし、やがて底なしの穴から現れて、永遠の滅びに向かうでしょう。地上に住む人々のうち、世の初めからいのちの書に名前が書かれていない人は、絶滅したと思われていたその獣がもう一度現れるのを見て、血の気を失うほど驚くでしょう。

9さあ、よく考えなさい。この獣の七つの頭とは、女の住む七つの丘に建てられた都のことです。 10それはまた七人の王を意味します。そのうち五人の王は、すでに倒れました。第六の王は現在、王位についており、第七の王は、まもなく姿を現すでしょう。しかし、その王座も長くはありません。 11赤い獣そのものは第八の王であり、しかも彼が一度死んだということは、以前七人の中の一人として、王座に君臨していたことを意味します。彼は二度目に王となってから、最後の滅びに向かうのです。 12十本の角は、これから王位につこうとしている十人の王を表します。彼らは赤い獣と共に支配するため、一時的に王座につくのです。 13彼らは同盟を結んで、自分たちの力と権威とを、その獣に与えます。 14そして、彼らは団結して小羊と戦いますが、小羊の勝利に終わります。なぜなら、小羊は主の主、王の王であり、彼に従う者たちは、えり抜きの忠実な者だからです。 15あの女の座っている海や湖や川は、あらゆる人種や国民からなる、おびただしい人々を表しています。 16やがて、赤い獣と十本の角はその女を憎み、襲いかかって裸にし、あげくの果ては、火で焼き殺すことになります。 17というのも、それらは神の計画にあることで、神は彼らの思いを支配し、目的を達成なさるのです。彼らは赤い獣に権威を与えることで一致します。これも神のお考えどおりです。 18あなたが幻で見たあの女は、地上の王を支配している大いなる都のことです。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 17:1-18

Oguamanfo Bi

1Abɔfo baason no mu ɔbaako a okura nkuruwa ason no baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra na menkyerɛ wo ɔkwan a wɔbɛfa so atwe oguamanfo kɛse a ɔte nsu pii so no aso. 2Wiase ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so nnipa bobow wɔ nʼaguaman nsa no mu.”

3Honhom no faa me ma ɔbɔfo no de me kɔɔ sare so. Ɛhɔ na mihuu sɛ ɔbea bi te aboa kɔkɔɔ bi a wɔakyerɛw din a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ ti ason, ne mmɛn du. 4Na ɔbea no hyɛ atadetam kɔkɔɔ a ɔde sika mpɔw a ɛhyerɛn ne nhene a ne bo yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na okura sika kuruwa a afide ne aguamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ. 5Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛase no wɔ ahintasɛm mu se,

“Babilonia Kokuroko,

Asase So Nguamanfo

Ne Akyiwade Na.”

6Na mihuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne Yesu akyidifo a wokum wɔn no mogya abow no.

Mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa. 7Ɔbɔfo no bisaa me se, “Adɛn nti na ɛyɛ wo nwonwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛase a ɛwɔ ɔbea no ne aboa no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a ɔte ne so no. 8Aboa a wuhuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebefi bun no mu aba ama wɔasɛe no. Sɛ nnipa a wɔte asase so a wɔankyerɛw wɔn din angu ateasefo nhoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase no hu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Na ɔte ase bere bi, nanso mprempren de, ɔnte ase na ɔbɛsan aba.

9“Nyansa ne ntease ho hia wɔ ha. Eti ason no gyina hɔ ma mmepɔw ason, mmepɔw a ɔbea no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso 10a wɔn mu baanum awuwu, na ɔbaako da so di hene na ɔbaako a ɔka ho no mmae. Na sɛ ɔba a obedi hene kakra. 11Aboa no a anka na ɔte ase na afei de, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔto so awotwe a ɔka baason a wodi kan no ho a ɔrekɔ ne sɛe mu.

12“Mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du a womfii wɔn ahenni ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwerew no. 13Wɔn nyinaa wɔ botae baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no. 14Wɔbɛko atia Oguamma no, na ɔno ne nʼakyidifo, agyidifo ne nokwafo a wɔafrɛ wɔn no bedi wɔn so, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene.”

15Ɔbɔfo no nso ka kyerɛɛ me se, “Nsu a wuhuu sɛ oguamanfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa ahorow. 16Mmɛn du ne aboa a wuhuu no no bekyi oguamanfo no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagyaw. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahyew no. 17Efisɛ Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu se wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kosi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botae no ma. 18Ɔbea a wuhuu no no yɛ kurow kɛse a edi asase so ahene no so.”