コリント人への手紙Ⅱ 6 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

コリント人への手紙Ⅱ 6:1-18

6

1神と共に働く者としてお願いします。神の恵みをむだに受けないように気をつけてください。 2神様はこう言われるからです。

「恵みの時に、

あなたの叫びはわたしに届いた。

救いが差し出されている日に、

わたしはあなたを助けた。」イザヤ49・8

まさしく今、神様はあなたを喜び迎えようとしておられます。今日、あなたを救おうとしておられます。

3私たちは、自分たちの行動がだれかをつまずかせたり、主との出会いを妨げたりすることがないように、また、主を非難する口実に用いられないように気をつけています。 4あらゆる点で、自分がほんとうに神に仕える者であることを示そうと努めているのです。次から次へと襲って来る悩み、苦しみ、困難にも、しんぼう強く耐えています。 5むちで打たれたことも、投獄されたことも、怒り狂う暴徒に取り囲まれたこともありました。ある時は力尽きるまで働き、ある時は一睡もせずに夜を明かし、また食べる物のない日もありました。 6健全な生活と福音に対する理解と忍耐とによって、自分の口に偽りがないことを証明してきました。いつも親切にし、愛に富み、聖霊に満たされてきました。 7何をするにも、神の力に助けられて、真実を貫いてきました。神を敬う人に備わる義の武器を、いつも手にしていました。 8人に尊敬されようと軽蔑されようと、あるいは非難されようと賞賛されようと、主への忠誠に変わりはありません。人からはうそつきと呼ばれようと、私たちは正直です。 9この世から無視されても、私たちは神に認められています。死に直面しながらも、このとおり生きています。傷つけられたこともありますが、死を免れてきました。 10心に痛みがありますが、同時に主の喜びも持っています。貧しいように見えても、霊的に多くの人を富ませています。何も持っていなくても、あらゆるものに満たされています。

11愛するコリント教会の皆さん。私は心にあることをみな、お話ししました。私は心の底から、あなたがたを愛しているのです。 12今なお私たちの間に冷たい空気があるとしても、私に愛が欠けているせいではありません。あなたがたの愛があまりにも少なくて、私まで届かないのです。 13今、実の子どもに対するように、あなたがたに話しています。どうか心を開いてください。私たちの愛にこたえてください。

いっさいの悪と縁を切る

14神を愛していない者の仲間入りをしてはいけません。神の民と罪の民との間に、いったいどんな共通点があるでしょう。光と暗闇とが、どうして共存できるでしょう。 15キリストと悪魔との間に、何の調和があるでしょう。クリスチャンが、信じていない人とどうして手をつなぐことができましょう。 16神の宮と偶像との間に、何の一致があるでしょう。あなたがたは神の宮であり、生ける神の住まいなのです。神様はあなたがたについてこう言われました。

「わたしは彼ら(神の民)のうちに住み、

その間を歩む。

わたしは彼らの神となり、

彼らはわたしの民となる。」レビ26・12

17それゆえ、主はこう言っておられます。

「彼ら(神の民)から立ち去り、縁を切れ。

その汚れたものに触れてはならない。イザヤ52・11

そうすれば、わたしはあなたがたを迎え入れ、

18あなたがたの父となり、

あなたがたはわたしの息子、娘となる。」ホセア1・10イザヤ43・6

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 6:1-18

1Anuanom a yɛne Onyankopɔn bom yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ, Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, monnnye no kwa. 2Onyankopɔn se,

“Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,

na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo.”

Montie! Dɔnhwere yi mu na ɛsɛ sɛ monya Onyankopɔn adom, na ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da no.

3Yɛmmpɛ sɛ obiara bɛnya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmmpɛ sɛ yɛde suntidua to obiara kwan mu. 4Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amaneɛ nyinaa ano. 5Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ, akyene kɔm. 6Nanso, yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahunu, boasetɔ ne ayamyɛ so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Afei, yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokorɛ dɔ, 7yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Tenenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfoɔ so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso. 8Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wɔgu yɛn anim ase o, sɛ wɔya yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ. 9Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohunu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.

11Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn akoma mu aka nokorɛ akyerɛ mo. 12Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn akoma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo akoma mu. 13Seesei, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nsie yɛn. Mommue mo akoma mu!

Kɔkɔbɔ

14Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? 16Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ,

“Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie

na matena wɔn mu;

mɛyɛ wɔn Onyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.”

17Ɛno enti,

“Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ

mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.

Awurade na ɔseɛ.

Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho,

na mɛgye mo.”

18Na,

“Mɛyɛ mo Agya,

na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa.”

Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.