エズラ記 3 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エズラ記 3:1-13

3

祭壇の再建

1-2第七の月(ユダヤ歴による。太陽暦では九月)になると、帰還者たちはめいめいの故郷から、エルサレムに集まって来ました。エホツァダクの子ヨシュアは、仲間の祭司やシェアルティエルの子ゼルバベル、およびその氏族の者とともに、神の人モーセの律法に記されているとおり焼き尽くすいけにえをささげるために、イスラエルの神の祭壇を築きました。 3祭壇を元の位置にすえ、さっそく、朝ごと夕ごとに焼き尽くすいけにえをささげました。人々は周囲の国々からの攻撃を恐れていたからです。

4彼らはモーセの律法どおり仮庵の祭りを守り、祭りの間は毎日、定められた焼き尽くすいけにえをささげました。 5このほか、安息日、新月の祝い、種々の例祭のため、それぞれ定められた品々をささげました。また、人々の自発的なささげ物もささげられました。 6祭司が主にいけにえをささげ始めたのは、第七の月の一日でした。まだ神殿の土台が築かれる前のことです。

神殿再建の開始

7次いで彼らは、石工や大工を雇い、ツロやシドンからは杉材を買いつけ、食料品、ぶどう酒、オリーブ油などを代金にあてました。レバノン山から切り出された杉材は、クロス王の許可を得て、地中海沿岸を海路ヨッパまで運ばれました。

8実際に神殿再建が開始されたのは、エルサレムに帰還した翌年の第二の月のことでした。すべての帰還者たちはゼルバベル、ヨシュア、およびその仲間の祭司やレビ人の指揮のもとで働き続けました。二十歳以上のレビ人は現場監督にあたり、 9この大事業の総責任は、ヨシュア、カデミエル、ヘナダデはじめ、その子や親族が負うことになりました。みな、レビ人でした。

10神殿の土台が完成した時、ダビデ王の定めた様式にのっとって、祭司は祭服を着てラッパを吹き鳴らし、アサフの子孫はシンバルを打ち鳴らして、主を賛美しました。 11彼らは神をたたえ、感謝する歌を歌いました。「主はすばらしい。その愛と恵みは、とこしえまでもイスラエルに。」これを受けて、民はみなが大声で賛美し、土台の完成を喜びました。

12しかし、ソロモン時代の壮麗な神殿を知っている祭司、レビ人、指導者など多くの年長者は、声を上げて泣きました。 13歓喜とも悲嘆ともつかない叫び声が遠くまでとどろき渡りました。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 3:1-13

Wɔsane Si Afɔrebukyia No

1Bosome a ɛtɔ so nson ahyɛaseɛ a Israelfoɔ abɔ atenaseɛ wɔ wɔn nkuro mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa korɔ wɔ Yerusalem. 2Na Yosadak babarima Yesua ne nʼafɛfoɔ asɔfoɔ ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafoɔ hyɛɛ aseɛ siesiee Israel Onyankopɔn afɔrebukyia no, sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara mu no. 3Ɛwom sɛ na nkurɔfoɔ no suro amannifoɔ a wɔtete hɔ no deɛ, nanso wɔsane sii afɔrebukyia no wɔ ne dada mu hɔ. Ɛhɔ ara na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummerɛ biara. 4Wɔdii Asese Afahyɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ afahyɛ da biara deɛ teɛ no. 5Afei, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne afɔdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne mfeɛ ahodoɔ afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔdeɛ nso de maa Awurade. 6Aka dadu nnanum na Dwanekɔbea Afahyɛ no aduru so no, asɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔhyɛɛ yei nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem.

7Na wɔbɔɔ adansifoɔ ne nnua adwumfoɔ paa na wɔtɔɔ ntweneduro nnua firi Tirofoɔ ne Sidonfoɔ nkyɛn, na wɔde nnuane, nsã ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no firi Lebanon mmepɔ so guu Ɛpo Kɛseɛ ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho ɛkwan.

8Wɔhyɛɛ Onyankopɔn asɔredan no sie ase wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu mu wɔ afeɛ a ɛtɔ so mmienu firi ɛberɛ a wɔkɔduruu Yerusalem no. Wɔn a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfoɔ a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nyinaa nso ka ho. Lewifoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no nsiesie hyɛɛ wɔn nsa. 9Yesua ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ ne Kadmiel ne ne mmammarima ne Hodawia asefoɔ nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfoɔ hyɛɛ wɔn nsa sɛ, wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafoɔ Lewifoɔ na wɔboaa wɔn saa dwumadie yi mu.

10Ɛberɛ a adansifoɔ no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfoɔ no hyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ, kɔtenaa wɔn tenaberɛ, hyɛnee wɔn totorobɛnto. Na Asaf asefoɔ Lewifoɔ no bɔɔ wɔn kyankyan de kamfoo Awurade sɛdeɛ na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. 11Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa Awurade sɛ:

“Ɔyɛ,

Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!”

Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, Awurade asɔredan fapem no, wɔato. 12Asɔfoɔ mpanimfoɔ no bebree ne Lewifoɔ ne ntuanofoɔ no kaee asɔredan a ɛdi ɛkan no, wɔsuiɛ ɛberɛ a wɔhunuu asɔredan foforɔ no fapem a wɔato no. Na afoforɔ nso teateaam anigyeɛ so. 13Anigyeɛ nteateamu ne osu a ɛne no adi afra no, ano yɛɛ den, na nnipa tee no akyirikyiri.